Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt kr. 1894-1895
  • B1 Asɛntitiriw a Ɛwɔ Bible Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • B1 Asɛntitiriw a Ɛwɔ Bible Mu
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afe 4026 A.Y.B. akyi
  • Afe 1943 A.Y.B.
  • Afe 1070 A.Y.B. akyi
  • Afe 29 Y.B.
  • Afe 33 Y.B.
  • Bɛyɛ afe 1914 Y.B.
  • Daakye
  • Tete Nkɔmhyɛ Bi a Ɛfa Wo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Yehowa Da N’atirimpɔw Adi
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ɔwɔ No Asefo—Ɔkwan Bɛn na Wɔfaa So Daa Wɔn Adi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
B1 Asɛntitiriw a Ɛwɔ Bible Mu

B1

Asɛntitiriw a Ɛwɔ Bible Mu

Nea Yɛaprente

Yehowa Nyankopɔn na ɔfata sɛ odi yɛn so. Ne tumidi ye kyɛn tumidi foforo biara. Nea enti a ɔbɔɔ asaase ne nnipa no bɛba mu.

Adam ne Hawa wɔ Eden turo no mu, na ɔwɔ bi bɛn wɔn

Afe 4026 A.Y.B. akyi

“Ɔwɔ” no kekaa nsɛm bi de kyerɛe sɛ ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no nyɛ papa, na ɔmfata sɛ odi yɛn so. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘aseni’ anaa ‘aba’ bi abɛbɔ ɔwɔ no, kyerɛ sɛ, Satan ti. (Genesis 3:1-5, 15, ase hɔ asɛm) Nanso Yehowa gyaee nnipa sɛ wonni wɔn ho so kosi sɛ saa bere no bɛso. Enti nnipa bɛhyɛɛ ɔwɔ no ase.

Abraham retie Onyankopɔn bɔhyɛ

Afe 1943 A.Y.B.

Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ n’abusua mu na ‘aseni’ a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba no befi aba. —Genesis 22:⁠18.

Ɔhene Dawid

Afe 1070 A.Y.B. akyi

Yehowa maa Ɔhene Dawid awerɛhyem sɛ, n’abusua mu na ‘aseni’ a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba no befi aba. Akyiri yi, ɔkaa asɛm koro no ara kyerɛɛ Dawid ba Solomon.—2 Samuel 7:12, 16; 1 Ahene 9:3-⁠5; Yesaia 9:6, 7.

Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no

Afe 29 Y.B.

Yehowa maa nnipa hui sɛ Yesu ne ‘aseni’ a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba no, na ɔno na obedi Dawid ade.—Galatifo 3:16; Luka 1:31-33; 3:21⁠, 22.

Bere a Yesu sɛn dua so rewu no

Afe 33 Y.B.

Ɔwɔ a ɔne Satan no kaa ‘aseni’ no hyɛe kakra, kyerɛ sɛ, okum Yesu. Yehowa nyan Yesu ma ɔkɔɔ soro, na afɔre a ɛsom bo a Yesu de ne nipadua a bɔne biara nni ho bɔe no, n’Agya gye toom. Ɛno abue bɔnefakyɛ ne daa nkwa ho kwan ama Adam asefo.—Genesis 3:15; Asomafo Nnwuma 2:32-36; 1 Korintofo 15:21, 22.

Sɛnea Adiyisɛm nhoma no ka too hɔ no, wɔatow Satan a ogyina hɔ ma ɔwɔ no ato asaase so

Bɛyɛ afe 1914 Y.B.

Yesu tow ɔwɔ a ɔne Satan no too asaase so sɛ onni ne nna kakra a aka no wɔ so.—Adiyisɛm 12:7-9, 12.

Sɛnea Adiyisɛm nhoma no ka too hɔ no, Yesu te n’ahengua so wɔ soro, na ɔredi asaase ho hene

Daakye

Yesu de Satan bɛto afiase mfe 1,000 na afei wasɛe no, kyerɛ sɛ, ɔbɛpɛtɛw ne ti. Nea enti a Yehowa bɔɔ asaase ne nnipa no bɛba mu. Ne din a wɔasɛe no no ho bɛtew, na obiara behu sɛ ne tumidi na ɛyɛ papa.—Adiyisɛm 20:1-3, 10; 21:3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena