Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 1/8 kr. 18-19
  • Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—Nneɛma Pɔtee a Ɛde Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—Nneɛma Pɔtee a Ɛde Ba
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmara a Wonni So
  • Ohia ne Asetra Mu Nsisi
  • Adifudepɛ ne Ɔdɔ a Wonni
  • Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—So Ano Aduru Wɔ Hɔ?
    Nyan!—2000
  • Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—Afoforo a Wosisi Wɔn De Pɛ Mfaso
    Nyan!—2000
  • Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—Abɛyɛ Wiase Nyinaa Aguadi
    Nyan!—2000
  • So Wote Nea Wuhu No Ase?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 1/8 kr. 18-19

Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie—Nneɛma Pɔtee a Ɛde Ba

NKURƆFO a wɔkyere wɔn sie abɛyɛ ɔhaw a yɛrehyia nnɛ. Nanso saa na awudi, mmonnaato, korɔnbɔ, mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa, ne mmusua afoforo a wɔtɔre wɔn ase nso te. Dɛn nti na asetram ayɛ hu kɛse ma enti nkurɔfo taa suro sɛ wobefi adi anadwo?

Nneɛma pɔtee a ɛde nsɛmmɔnedi, a nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ka ho aba no fi sintɔ a agye ntini wɔ adesamma abusua mu no. So na wunim sɛ Bible no aka mmere a ɛyɛ hu yi ho asɛm ato hɔ wɔ bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no? Yɛsrɛ wo kenkan nea wɔkae no ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:2-5.

“Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.”

Ebia wugye tom sɛ saa nsɛm a wɔkyerɛw too hɔ teteete no ne nea ɛresisi nnɛ no yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔ yɛn bere yi mu no, nneɛma bɔne a nnipa yɛ no akɔ soro dodo. Anwonwasɛm ne sɛ Bible no de asɛm yi na efi nnipa su a enye koraa a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ase: ‘Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.’ (2 Timoteo 3:1) Momma yensusuw adesamma abusua no sintɔ titiriw abiɛsa pɛ a ɛde nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie aba no ho.

Mmara a Wonni So

“Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.”—Ɔsɛnkafo 8:11.

Polisifo pii nni nneɛma a ɛbɛma wɔatumi asiw nsɛmmɔnedi ano. Enti wɔ aman pii so no, wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie no nya nsɛmmɔnedi a ɛte saa no so mfaso. Wɔ 1996 mu no wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie a wɔwɔ Colombia no mu ɔha mu 2 pɛ na wɔkyeree wɔn. Wɔ Mexico no, anyɛ yiye koraa no sika a wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie gye fii afoforo hɔ wɔ 1997 mu no yɛ dɔla ɔpepem 200. Wɔn a wɔkyere nkurɔfo sie wɔ Philippines no binom mpo pene so ma wɔde kyɛɛke tua sika a wɔhwehwɛ no.

Bio nso, ɛtɔ da a nokware a wɔn a wɔhwɛ ma wodi mmara so no nni no ntumi mma wonhu ɔkwampa a wɔbɛfa so asiw nsɛmmɔnedi kwan. Wɔaka sɛ mpanyimfo a wɔda akuw a wɔsɔre tia nkurɔfo a wɔkyere afoforo sie a wɔwɔ Mexico, Colombia, ne kan Soviet man ahorow ano no ankasa de wɔn ho hyɛ nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no mu. Philippines Mmarahyɛ bagua titirani, Blas Ople ka wɔ Asiaweek nsɛmma nhoma mu sɛ kyerɛwtohɔ a wɔwɔ no kyerɛ sɛ ɛyɛ polisifo anaa asraafo a wɔakɔ pɛnhyɛn no na wodii kuw a na wɔkyere nkurɔfo sie no mu bɛyɛ ɔha mu 52 anim wɔ Philippines. Wɔka Mexiconi bi a wonim no yiye a ɔkyere nkurɔfo sie ho asɛm sɛ: “Mpanyimfo atitiriw na na wɔtaa n’akyi na na ɔhyɛ aban mpanyimfo, polisifo ne atemmufo afono mu.”

Ohia ne Asetra Mu Nsisi

“Mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!”—Ɔsɛnkafo 4:1.

Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu pii rehyia sikasɛm mu ahokyere ne asetra mu nsɛnnennen, na eyinom ne wɔn a wɔtaa kyere nkurɔfo sie. Enti wɔ wiase a nsonsonoe a ɛda asikafo ne ahiafo ntam no kɔ so yɛ kɛse na mpɛn pii no ɛyɛ den sɛ obi bɛfa ɔkwan pa so anya sika mu no, nkurɔfo bɛkɔ so anya adwene sɛ wɔbɛkyere afoforo asie. Bere dodow a nhyɛso wɔ hɔ no, nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no bɛkɔ so ayɛ ɔkwan a wɔfa so tew atua na wɔde sɔre tia tebea horow a wɔn ani nnye ho no.

Adifudepɛ ne Ɔdɔ a Wonni

“Bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ.” (1 Timoteo 6:10) “Na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.”—Mateo 24:12.

Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, sikanibere ama nkurɔfo de wɔn ho ahyɛ nneyɛe bɔne nyinaa mu. Na ɛkame ayɛ sɛ nsɛmmɔnedi biara nni hɔ a ɛma nnipa di yaw kɛse, na ɛma n’abam bu kɛse te sɛ nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie no. Nnipa pii fam no ɛyɛ adifudepɛ—sikanibere—na ɛma wɔyɛ onipa bi a wonnim no ayayade na ɛma n’abusuafo ho hiahia wɔn na wɔde adapɛn, asram, ne mfe mpo di yaw.

Ɛda adi pefee sɛ, biribi nkɔ yiye koraa wɔ adesamma abusua a wɔn ani gye sika ho kɛse na wɔboapa bu wɔn ani gu abrabɔ gyinapɛn ahorow so no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ tebea yi na ama nsɛmmɔnedi ahorow nyinaa a nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ka ho no aba.

So eyi kyerɛ sɛ yɛwɔ nea Bible frɛ no “nna a edi akyiri” no mu? Sɛ ɛte saa a, dɛn na eyi bɛkyerɛ ama yɛne asase yi? So ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu a nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ka ho a adesamma rehyia no ano aduru wɔ hɔ?

[Adaka wɔ kratafa 18]

Nkurɔfo a Wɔkyere Wɔn Sie no Nyɛ Ade Foforo

Wɔ afeha 15 no mu tɔnn na wɔhyɛe wɔ Mose Mmara no mu sɛ ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔkyere afoforo sie no. (Deuteronomium 24:7) Wɔkyeree Julius Caesar siei wɔ afeha a edi kan A.Y.B ma wotuaa sika ansa na wɔregyae no, na wɔkyeree England hene Kokodurufo Richard I, nso wɔ afeha a ɛto so 12 Y.B. mu. Sika a ɛso sen biara a wɔatua pɛn ne sika kɔkɔɔ ne dwetɛ tɔn 24 a Incafo no tua maa Spaniani nkonimdifo Francisco Pizarro de gyee wɔn hene Atahuallpa a wɔfaa no dommum wɔ 1533 mu no. Nanso Spaniafo akofo yi kyinkyim ne kɔn kum no.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Ɛmfa ho mmɔden a polisifo bɔ sɛ wobesiw nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ano no, kɔ ara na ɛrekɔ so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena