Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 2/8 kr. 16-17
  • Atorodi—So Ɛtɔ Da a Ɛfata?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atorodi—So Ɛtɔ Da a Ɛfata?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Gyinapɛn a Ɛkorɔn No
  • ‘Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Anifere sɛ Awɔ’
  • Dɛn Nti Na Atorodi Yɛ Mmerɛw Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • So Atorodi Yɛ Bɔne Saa?
    Nyan!—1988
  • Atorodi Ho Nokwasɛm
    Nyan!—1997
  • Atoro a Edi Kan​—Hena Na Odii?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 2/8 kr. 16-17

Bible No Adwene

Atorodi—So Ɛtɔ Da a Ɛfata?

“ƐTƆ DA A, ATORO KAKRA A OBI BEDI NO MA NSƐM PII TO TWA.”

ASƐM a ɛte saa no ma yehu sɛnea ebinom te nka wɔ atorodi ho. Nea wosusuw ne sɛ, sɛ atoro a wobedi no mpira obiara a, ɛnde ɛnsɛe hwee. Nhomanimfo ama adwene a ɛte saa no mpo din bi—yɛ nea wopɛ, a ɛkyerɛ sɛ mmara a ɛfa ɔdɔ ho no nkutoo na ɛsɛ sɛ obi di so. Enti nhoma kyerɛwfo Diane Komp kyerɛkyerɛ mu saa kwan yi so, “sɛ wunkura adwemmɔne biara na wo koma mmu wo fɔ a, (ɛnde) atoro a . . . wubedi no nsɛe hwee.”

Adwene a ɛte saa no abu so nnɛ. Atoro a amammuifo ne aban mpanyimfo bi adi no ama nnipa pii ho adwiriw wɔn kɛse. Nkɛntɛnso a eyi anya wɔ nkurɔfo so no ama nnipa pii mpɛ sɛ wɔka nokware bio. Wɔ mmeae bi no, atorodi abɛyɛ ade a wogye tom. Ɔdetɔnfo bi ka sɛ: “Minya mfaso fi atorodi mu. Sɛ midi atoro a, ɛma wɔtɔ me nneɛma kɛse na minya abasobɔde afe biara. . . . Eyi ne ntetee a wɔde ma adetɔnfo nyinaa.” Ebinom gye di sɛ, ɛnyɛ mfomso sɛ wubetwa atoro kakra bere a empira obiara no. So eyi yɛ nokware? So bere bi wɔ hɔ a, Kristofo betumi adi atoro ma afata?

Bible Gyinapɛn a Ɛkorɔn No

Bible no kasa tia atorodi biara denneennen. Odwontofo no ka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛsɛe wɔn a wɔka atosɛm.’ (Dwom 5:6; hwɛ Adiyisɛm 22:15.) Bible no ka nneɛma ason a Yehowa kyi ho asɛm wɔ Mmebusɛm 6:16-19. Wosi “atoro tɛkrɛma” ne “ɔdansekurumfo” so dua kɛse wɔ eyinom mu. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa kyi ɔhaw a atorodi de ba no. Eyi ne ntease biako nti a Yesu frɛɛ Satan ɔtorofo ne owudifo no. Atoro a odii no na ɛde amanehunu ne owu abrɛ adesamma no.—Genesis 3:4, 5; Yohane 8:44; Romafo 5:12.

Nea ɛtoo Anania ne Safira no ma yehu sɛnea Yehowa bu atorodi aniberesɛm no. Nnipa baanu yi boapa dii atoro kyerɛɛ asomafo no na ama wɔahu sɛ wɔn yam ye paa bere a na ɛnte saa. Nea wɔyɛe no yɛ boapayɛ. Enti ɔsomafo Petro ka sɛ: “Ɛnyɛ nnipa na moadi atoro akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn.” Ne saa nti, Onyankopɔn ankasa kunkum wɔn baanu nyinaa.—Asomafo no Nnwuma 5:1-10.

Mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho.” (Kolosefo 3:9) Afotu yi ho hia kɛse wɔ Kristofo asafo no mu. Yesu kae sɛ ɔdɔ a ɛwɔ nnyinaso bɛyɛ ne nokware akyidifo agyiraehyɛde. (Yohane 13:34, 35) Nnipa a wodi wɔn ho nokware na wonya wɔn ho mu ahotoso nkutoo mu na wobetumi ada saa ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim yi adi. Ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛdɔ obi a yentumi nnya ne mu ahotoso sɛ obedi yɛn nokware bere nyinaa.

Ɛwom sɛ atorodi biara nye de, nanso, emu binom wɔ hɔ a, enye koraa. Sɛ nhwɛso no, ebia fɛre anaa ehu betumi ama obi adi atoro. Obi nso betumi ahyɛ da adi atoro a adwene no ne sɛ ɔbɛma afoforo ahaw anaa wɔapira. Esiane sɛ adwemmɔne na ɛhyɛ atorodi a ɛte saa akyi nti, obi a odi atoro a ɛte saa no betumi apira afoforo ma enti sɛ onipa a ɔte saa no ansakra a, wobetumi atu no afi asafo no mu. Esiane sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na adwemmɔne ma afoforo di atoro nti, ɛsɛ sɛ obi yɛ ahwɛyiye na ohu asɛm bi ho nokwasɛm nyinaa ansa na watumi akyerɛ sɛ ebia asɛm a afoforo aka no yɛ atoro. Ɛsɛ sɛ onii no susuw adwene a ɛwɔ akyiri ne aniberesɛm a ɛwɔ asɛm no mu ho.—Yakobo 2:13.

‘Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Anifere sɛ Awɔ’

Nokwarem no, nokware a ɛsɛ sɛ yɛka no nkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhyɛ sɛ yɛbɛka nea ɛwɔ asɛm biara mu akyerɛ obi bere a wabisa yɛn no. Yesu de kɔkɔbɔ mae wɔ Mateo 7:6 sɛ: “Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, . . . na wɔannan ammɛtetew mo.” Sɛ nhwɛso no, ɛho nhia sɛ yɛbɛka nsɛm bi akyerɛ nkurɔfo a wonkura adwempa. Kristofo nim sɛ wɔte wiase a nitan wom mu. Enti, Yesu tuu n’asuafo no fo sɛ wɔnyɛ “anifere sɛ awɔ” na wɔnyɛ kronn sɛ “mmorɔnoma.” (Mateo 10:16; Yohane 15:19) Ɛnyɛ bere nyinaa na Yesu kaa nokwasɛm nyinaa a ɛwɔ asɛm biara mu, ɛnkanka bere a saa yɛ betumi ama ne ho akyere no anaasɛ ebetumi de n’asuafo no ato asiane mu no. Nanso, wɔ bere a ɛtete saa mu mpo no, wanni atoro. Mmom no, na ɔtaa yɛ komm anaasɛ ɔte asɛm no ani yera.—Mateo 15:1-6; 21:23-27; Yohane 7:3-10.

Saa nso na mmarima ne mmea anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm te sɛ Abraham, Isak, Rahab, ne Dawid daa anifere ne nhumu adi bere a na wɔne atamfo redi no. (Genesis 20:11-13; 26:9; Yosua 2:1-6; 1 Samuel 21:10-14) Bible no ka saa mmarima ne mmea yi ho asɛm sɛ asomfo anokwafo a na wɔyɛ osetie wɔ wɔn asetra nyinaa mu. Ɛno nti ɛfata sɛ yesuasua wɔn.—Romafo 15:4; Hebrifo 11:8-10, 20, 31, 32-39.

Ɛtɔ mmere bi a, ɛte sɛ nea atoro a obi bedi no bɛma wanya ne ho atete. Nanso, sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hyia nsɛnnennen bi a, wɔbɔ mmɔden suasua Yesu na wotie wɔn ahonim a wɔde Bible atete no no.—Hebrifo 5:14.

Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yenni nokware. Atorodi nye, ma enti ɛsɛ sɛ yedi Bible afotu yi akyi: “Obiara nni ne yɔnko nokware.” (Efesofo 4:25) Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ahonim pa, yɛbɛma asomdwoe ne ɔdɔ atra asafo no mu, na yɛakɔ so adi “nokware Nyankopɔn” no ni.—Dwom 31:5; Hebrifo 13:18.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Anania ne Safira hweree wɔn nkwa esiane atorodi nti

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena