Ɔyare Bɔne No—Ɔyare Bi a Ɛbaa Europa Wɔ Mfinimfini Mmere no Mu
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ France hɔ
Afe no yɛ 1347. Na ɔyare no adi kan akunkum nnipa pii wɔ Mediterranea Supɔw no Apuei Fam Nohoa dedaw. Afei de adu Europa apuei fam hɔ.
NA Mongoliafo rebɛkɔ akɔto ahyɛ Genoefo kurow a ɛwɔ Kaffa a wodi gua wɔ hɔ a seesei wɔfrɛ hɔ Feodosiya a ɛwɔ Crimea no so. Esiane sɛ na yare a ɛyɛ hu yi adi kan aka Mongoliafo no nti, wɔsan wɔn akyi. Nanso, ansa na wɔresan wɔn akyi no, wogyaw yare bɔne no bi wɔ hɔ. Wɔsesaw wɔn a yare bɔne no akunkum wɔn no bi guu adwinnade bi mu totow guu kurow no mu. Akyiri yi, bere a Genoefo akofo kakraa bi reguan afi wɔn kurow a yare no ayɛ hɔ pasaa mu no, wɔde yare no san obiara a na ɔte hyɛmma a wɔforoe no mu ne obiara a na ɔwɔ beae a hyɛn no gyinae no.
Wɔ asram kakraa bi mu no, yare no kunkum nnipa pii wɔ Europa nyinaa. Ankyɛ koraa na ɛtrɛw faa Afrika Atifi fam, Italy, Spain, England, France, Austria, Hungary, Switzerland, Germany, Scandinavia, ne Baltic nsase nyinaa. Wɔ mfe abien pɛ akyi no, nea wɔfrɛ no “asiane kɛse a ɛtɔree adesamma mu fa kɛse no ase”—Yare Bɔne no, kunkum nnipa a wɔwɔ Europa nea ɛboro nkyem anan mu biako, a wɔyɛ akra bɛyɛ ɔpepem 25.a
Nea Ɛmaa Ɔhaw no Yɛɛ Kɛse
Yare Bɔne no de ɔhaw afoforo pii na ɛbae. Nneɛma pii na ɛmaa ɔhaw no bɛyɛɛ kɛse, na emu biako ne nyamesom mu ntease a na wokura saa bere no. Nhwɛso biako ne ahodwiragya nkyerɛkyerɛ no. Franseni abakɔsɛm kyerɛwfo Jacques le Goff ka sɛ: “Ansa na afeha 13 reba n’awiei no, na ahodwiragya nkyerɛkyerɛ no ahyeta mmaa nyinaa.” Wɔ afeha 14 mfiase pɛɛ no, Dante kyerɛw n’anwensɛm a agye din, The Divine Comedy, a ɔkaa hellgya ne ahodwiragya ho nsɛm pii wom no. Nyamesom mu gyidi a ɛsɔree saa bere no maa nkurɔfo de awerɛhow ne amemenemfe gyee ɔhaw no toom sɛ ɛyɛ asotwe a efi Nyankopɔn ankasa hɔ. Sɛnea yebehu no, anibiannaso a ɛte saa no maa yare no trɛwee. The Black Death nhoma a Philip Ziegler kyerɛwee no ka sɛ: “Biribiara nni hɔ a na ebetumi ama ɔhaw no atrɛw kɛse asen eyi.”
Nea ɛka ho bio nso ne nnɔbae pii a na ɛsɛe wɔ Europa no. Esiane eyi nti, ɛkɔm dee asasepɔn no so nnipa a na wɔadɔɔso pii no—ma sɛ yare bɔ wɔn a, na etumi wɔn kɛse.
Sɛnea Yare no Trɛw
Sɛnea Oduruyɛfo Guy de Chauliac a ɔhwɛ Pope Clement VI kyerɛ no, na yare a esii Europa no gu ahorow abien: mpafe ne mpɔmpɔ bɔne. Ɔkyerɛkyerɛɛ yare ahorow yi mu pefee wɔ saa kwan yi so sɛ: “Yare yi mu nea edi kan no dii asram abien, na sɛ ɛka obi a, wakyɛ koraa ne nnansa, na etumi ma onii no nya atiridii ntoatoaso, na ɛma ɔfe mogya. Nea ɛto so abien no de, edii nna a yare bɔne no traa hɔ no nyinaa, na sɛ ɛbɔ obi a, etumi no na onya atiridii na mpɔmpɔ bobɔ ne mmɔtoam ne n’ahanmu. Na eyi nso tumi kum obi wɔ nnanum ntam.” Nnuruyɛfo antumi ansiw yare no ano.
Ehu kaa nnipa pii ma woguan fii mmeae a wɔtete—na wogyaa afoforo ɔpepem pii a na yare no abɔ wɔn no hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ adehye ne nhomanimfo ka nnipa a wodii kan guanee no ho. Ɛwom sɛ asɔfo binom guanee de, nanso asɔrefo no mu pii guan kɔhyɛɛ wɔn asɔredan mu a na wosusuw sɛ yare no ntumi nka wɔn.
Bere a na nnipa no abɔ hu kɛse no mu na pope no kaa afe 1350 ho asɛm sɛ Afe Kronkron. Ɔkae sɛ wɔn a wɔbɛkɔ Roma akɔsom no bɛkwati ahodwiragya akɔ paradise tee! Nnipa pii de wɔn ho hyɛɛ akwantu yi mu—na wɔde yare no san nnipa pii wɔ baabiara a wɔkɔe no.
Mmɔdenbɔ a Ankosi Hwee
Mmɔden a wɔbɔe sɛ wobesiw Yare Bɔne no ano no ankosi hwee efisɛ na obiara nnim ɔkwan a yare no fa so san afoforo. Na nnipa pii susuw sɛ wɔn ho a wɔde bɛka obi a yare no bi ayɛ no—anaasɛ wɔn ntade a obi beso mu—betumi ama yare no asan no. Na ebinom mpo mpɛ sɛ obi a yare no bi ayɛ no bɛhwɛ no! Nnipa a na wɔte Florence, Italy no mpo de yare no ho asodi too nnyinammoa ne akraman a na wɔwɔ no so. Wokunkum mmoa yi, a na wonnim sɛ wɔnam so rema aboa a ɔde yare no ba ankasa—akura—afa ne ho adi.
Bere a yare no kɔɔ so kunkum nnipa pii no, ebinom dan kɔɔ Onyankopɔn hɔ kɔhwehwɛɛ mmoa. Mmarima ne mmea nyinaa poroo wɔn ahode nyinaa maa asɔre no, a na wɔhwɛ kwan sɛ ɛno bɛma Onyankopɔn abɔ wɔn ho ban afi yare no ho—anaasɛ, sɛ ɛba sɛ wowu a, obegye wɔn akɔ soro. Eyi maa asɔre no nyaa agyapade kɛse. Nea wɔde wɔn ho too so kɛse sɛ ebetumi aboa wɔn nso ne sedeɛ, Kristo ahoni ahorow, ne asuman. Ebinom nso de wɔn ho too gyidihunu, ne ntafoayi so. Na ebinom nso gye di sɛ aduhuam, nsa nyinyanyinya, ne mmɔtɔ betumi ama yare no afi hɔ. Na nnipa pii nso gye di ankasa sɛ sɛ wɔtete obi a yare no bi abɔ no a, ne ho bɛtɔ no. Na animdefo a wɔwɔ Paris Asuapɔn, beae a wosua ayaresa ho ade no mpo gye di sɛ ɔhaw no fi sɛnea wɔahyehyɛ okyinnsoromma ahorow no! Nkyerɛkyerɛmu ne ɔkwan a wɔfaa so hwehwɛɛ “ayaresa,” a na ɛho nhia no antumi ansiw yare bɔne yi ano.
Ɔhaw a Yare no De Aba
Edii mfe anum no na ɛte sɛ nea Yare Bɔne no aba n’awiei. Nanso anyɛ yiye koraa no, ansa na afeha no reba n’awiei no, yare no san baa mpɛn anan. Enti, wɔde ɔhaw a efii Yare Bɔne no mu bae no totoo nea efii Wiase Ko I mu bae no ho. The Black Death in England nhoma a wɔkyerɛw wɔ 1996 mu no ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ɛnnɛyi abakɔsɛm kyerɛwfo nyinaa gye di sɛ yare bɔne no nyaa sikasɛm ne nnipa a wɔtraa ase wɔ 1348 akyi no nyinaa so nkɛntɛnso kɛse.” Yare no kunkum nnipa pii, na egyee mfehaha pii ansa na mmeae binom a yare no sii hɔ no resan asi wɔn dedaw mu. Esiane sɛ nnipa pii wuwui nti, akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wobetumi ayɛ adwuma no ho bɛyɛɛ na. Nsasewuranom a na anka wɔwɔ sika paa no bedii hia, na nniso a na ɛma kwan ma ebinom gye asase kɛntɛn so—nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ wɔ Mfinimfini Mmere no mu—no, gui.
Ɔyare no maa nsakrae kɛse baa amammui, nyamesom, ne nnipa asetra mu. Ansa na yare bɔne no reba no, Franse kasa na na England nhomanimfo ka. Nanso, Franse akyerɛkyerɛfo pii a wowuwui no maa Borɔfo kasa bɛyɛɛ nea na wɔka no kɛse sen Franse wɔ Britain. Nsakrae baa nyamesom mu nso. Sɛnea Franseni abakɔsɛm kyerɛwfo Jacqueline Brossollet kyerɛ no, esiane sɛ na wonnya nnipa pii mma wonkosua asɔfodi nti, “ɛmaa Asɔre no fii ase faa mmɔborɔfo a na wonni nimdeɛ biara no.” Brossollet ka no pen sɛ, “nhomasua ho nhyehyɛe a ɛsɛee ne gyidi a ɛbrɛɛ ase wɔ [asɔre] no mu no na ɛmaa Ɔsesɛw no bae.”
Na wɔyɛ mfonini ahorow pii de gyina hɔ ma Yare Bɔne no, na na wɔtaa yɛ wɔn a wɔawuwu ho mfonini pii. Na wɔtaa to owu ho dwom bi a agye din a na wɔka nnompe ne efunu ho asɛm wom no daa de kyerɛ tumi a owu wɔ. Esiane sɛ na nnipa pii nnim nea ɛbɛto wɔn daakye nti, wɔn mu pii fii ase buu ahohwi bra. Enti, nnipa pii bra bɛsɛee koraa. Esiane sɛ asɔre no antumi ansiw Yare Bɔne no ano nti, “nnipa a na wɔwɔ hɔ wɔ mfinimfini mmere mu no tee nka sɛ Asɔre no adi wɔn huammɔ.” (The Black Death) Abakɔsɛm kyerɛwfo binom nso ka sɛ Yare Bɔne no maa su a nnipa wɔ wɔ asetra ho sakrae, na ɛde ahopɛ honhom bae maa ankorankoro fii ase tutuu akwan na ebinom nso buebuee wɔn ankasa nnwuma—adeyɛ a ɛde nniso a ɛma ankorankoro buebue wɔn nnwuma bae.
Afei nso, Yare Bɔne no kaa nniso ahorow no ma wɔyɛɛ ahotew ho nhyehyɛe. Bere a yare no gyaee no, wofii ase yɛɛ nhyehyɛe a wɔde besiesie Venice nkurow no mu. Ɔhene John II, a ofi France, a na wɔka ne ho asɛm sɛ Nnipa Pa no, nso ka maa wosiesiee mmɔnten so sɛnea ɛbɛyɛ a yare no mma bio. Ɛyɛ bere a ɔhene no huu sɛnea tete Hela oduruyɛfo bi sii yare bi ano wɔ Athens denam ka a ɔka ma wosiesiee mmɔnten so no so na ɔno nso hyɛɛ sɛ wɔnyɛ saa ara. Awiei koraa no, wosiesiee mfinimfini mmere no mu nkurow mmɔnten a na nsu taataa hɔ no nyinaa so.
So Ɛyɛ Yare a Ɛmma Bio?
Nanso, ɛyɛ 1894 mu ansa na yare mmoawa ho nimdefo Alexandre Yersin a ofi France no huu nea ɛde Yare Bɔne no ba. Wɔde too no frɛɛ no Yersinia pestis. Mfe anan akyi no, Franseni Paul-Louis Simond behuu sɛnea dwiw (a ɛwɔ akura ho) tumi de yare yi ba no. Ankyɛ koraa na wonyaa aduru bi a etumi dwudwoo yare no ano.
So yare no remma bio? Ɛnte saa koraa. Wɔ 1910 awɔw bere mu no, yare no kunkum nnipa bɛyɛ 50,000 wɔ Manchuria. Na afe biara no, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no yɛ nnipa mpempem foforo a yare no ayɛ wɔn ho kyerɛwtohɔ—na nnipa a wɔrenya yare no bi dɔ ara na ɛredɔɔso. Wɔahu yare koro no ara a ɛwɔ su foforo nso—nea ɛyɛ den sɛ wɔbɛko. Yiw, sɛ nnipa anhwehwɛ ɔkwan pɔtee bi a wɔbɛfa so adi wɔn ho ni a, yare no bɛkɔ so ayɛ asiane ama wɔn. Nhoma a wɔato din Pourquoi la peste? Le rat, la puce et le bubon (Yare no fi he? Akura, Dwiw, ne Mpɔmpɔ), a Jacqueline Brossollet ne Henri Mollaret kyerɛwee no ka sɛ, “awerɛhosɛm ne sɛ, yare no nyɛ nea ɛbaa tete Europa ne Mfinimfini Mmere no mu nkutoo, . . . na mmom ebia ɛbɛtra hɔ daa.”
[Ase hɔ asɛm]
a Nnipa a na wɔte ase saa bere no frɛɛ no yare a na ɛyɛ hu sen biara.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
M marima ne mmea nyinaa poroo wɔn ahode nyinaa maa asɔre no, a na wɔhwɛ kwan sɛ ɛno bɛma Onyankopɔn abɔ wɔn ho ban afi yare no ho
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 20]
Fekuw a Emufo Hyɛɛ Wɔn Nipadua Ahometew
Esiane sɛ na ebinom susuw sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔretwe wɔn aso nti, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn nipadua nya anaa wɔbɛhyɛ wɔn nipadua ahometew na wɔde akwati Onyankopɔn abufuw. Fekuw a na emufo hyɛ wɔn nipadua Ahometew, a na wɔn dodow yɛ 800,000 no gyee din kɛse wɔ Yare Bɔne no bere no mu. Na fekuw yi mma kwan sɛ emuni beguare, ɔne ɔbea bɛkasa, anaasɛ ɔbɛsesa n’ataade. Na wotwitwa wɔn ho anaa wɔhyɛ wɔn ho ahometew mprenu da biara.
Medieval Heresy nhoma no ka sɛ: “Nea na ebetumi ama nnipa a wɔabɔ hu no ho atɔ wɔn no mu biako ne sɛ wobetwitwa wɔn ho na wɔahyɛ wɔn nipadua ahometew.” Fekuw a emufo hyɛ wɔn ho ahometew yi tumi kasa tiaa asɔre mpanyimfo no ne bɔne fafiri a na wɔnam so nya sika pii no. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ 1349 mu no, pope kasa tiaa fekuw yi. Nanso, awiei koraa no, bere a Yare Bɔne no fii hɔ no, fekuw no nso gui.
[Mfonini]
Fekuw a emufo hyɛɛ wɔn nipadua Ahometew no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Onyankopɔn abufuw ano abrɛ ase
[Asɛm Fibea]
© Bibliothèque Royale de Belgique, Bruxelles
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Sɛnea yare no sii wɔ Marseilles, France
[Asɛm Fibea]
© Cliché Bibliothèque Nationale de France, Paris
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Alexandre Yersin huu yare mmoawa a ɛde yare no ba no
[Asɛm Fibea]
Culver Pictures