Anidaso A Mewɔ no Hyɛɛ Me Den Wɔ Ɔhaw Pii Mu
SƐNEA MICHIKO OGAWA KA KYERƐE
Wɔ April 29, 1969 mu no, minyaa amanneɛbɔ bi fii polisifo adwumayɛbea. Na me kunu Seikichi anya kar akwanhyia ma wɔde no akɔto ayaresabea. Migyaa me mmabarima nkumaa baanu no maa yɛn adamfo bi na mituu mmirika kɔɔ ayaresabea hɔ. Efi saa bere no, Seikichi abubu a ontumi nyaa ahoɔden bio. Ma menka yɛn abusua no ne sɛnea yɛakɔ so ayɛ yɛn ade ho asɛm nkyerɛ wo.
WƆWOO me February 1940 mu wɔ Japan kurow Sanda a ɛbɛn Kobe no mu. Me ne Seikichi nyinaa nim yɛn ho fi bere a yɛhyɛɛ mmotafowa sukuu ase no. Yɛwaree February 16, 1964 mu. Na me kunu yɛ obi a ɔmpɛ kasa nanso, na ɔpɛ mmofra asɛm. Akyiri yi, yɛwoo mmabarima baanu, Ryusuke ne Kohei.
Na Seikichi yɛ adwuma wɔ ɔdansi adwuma bi mu wɔ Tokyo, ma enti bere a yɛwaree no, yɛkɔtraa ne mmorɔn no biako so. Wɔ October 1967 mu no, ababaa bi baa me nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛkyerɛ me Bible. Meka kyerɛ no sɛ: “Nhaw wo ho, mewɔ Bible no bi.”
Ɔkae sɛ: “Wubetumi de Bible no akyerɛ me?”
Miyii Bible no fii yɛn nhomakorabea—na ɛyɛ Seikichi de—na mede kyerɛɛ no. Ɔkyerɛɛ me faako a Yehowa din wɔ. Na minnim sɛ ɛno ne Onyankopɔn din. Ɔbea no hwɛɛ me mma nkumaa no, na ɔkenkanee eyi kyerɛɛ me wɔ Bible no mu: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Nokwarem no, na merehwehwɛ ɔkwan pa a mɛfa so atete me mma no. Enti, mepɛe sɛ misua Bible no amonom hɔ ara.
Memaa ɔbea no baa dan mu, na yefii ase suaa “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” nhomawa no. Mekaa wɔ me tirim sɛ, ‘Sɛ yɛn abusua no nya asetra a ɛyɛ anigye sɛɛ a, hwɛ ahomeka ara a anka ɛbɛyɛ!’ Bere a Seikichi baa fie no, meka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ sɛ misua Bible no.”
Ɔkae sɛ: “Me dɔfo, ɛnyɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wusua ade ni. Mɛkyerɛ wo nea wopɛ sɛ wusua biara.” Nanso, mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no dapɛn biara, na ankyɛ na mekɔɔ wɔn nhyiam horow no.
Yɛn Haw no Mfiase
Sɛnea mekae no, bere a miduu ayaresabea hɔ wɔ April 1969 mu no, me ho dwiriw me sɛ mihuu sɛ Seikichi adamfo a ɔyɛ ɔbea a migyaa me mmabarima no maa no no kunu nso wɔ kar a enyaa akwanhyia no mu. Me kunu adamfo no wui wɔ dapɛn biako akyi.
Anadwo no, ayaresabea adwumayɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ menkɔfrɛ obiara a misusuw sɛ ɛsɛ sɛ ohu Seikichi mmra efisɛ obewu. Na ne tikora ne n’amemene adi dɛm. Ade kyee no, abusuafo nyinaa de ahopere fii faako a wɔte wɔ Kobe kurow no mu kɔɔ ayaresabea hɔ.
Wɔnam akasam a ɛwɔ ayaresabea hɔ no so kae anibere so sɛ: “Yɛsrɛ sɛ Seikichi Ogawa busuani biara mmehu no ntɛm.” Yɛyɛɛ ntɛm kɔɔ faako a na ɔda wɔ ayaresabea hɔ ne no kodii nkra. Nanso, tebea a emu yɛ den yi dii ɔsram biako. Nhwehwemu a etwa to a wɔyɛe no kyerɛe sɛ obetumi atra ase nna pii.
Enti, wɔde ambulanse faa Seikichi fii Tokyo twaa kwan kilomita 650 kɔɔ Kobe. Metwɛn ma wɔde no kɔe, na metraa keteke mu kɔɔ fie a na merebɔ mpae sɛ obenya nkwa. Bere a mihuu no anwummere no sɛ ɔda so te nkwa mu wɔ Kobe ayaresabea bi no, m’ani gyei kɛse. Mekae bɔkɔɔ sɛ, ‘Me dɔfo, woda so te ase!’
Me ne M’awofo Kɔtrae
Me ne me mmabarima no kɔtraa m’awofo nkyɛn wɔ Sanda, na ɛhɔ na wɔhyɛɛ mmotafowa sukuu ase. Metɔɔ tekiti a na mede foro keteke twa kilomita 40 kwan kɔ Kobe, na afe a edii hɔ no na me anaa m’asebea kɔ ayaresabea hɔ daa. Na metaa bisa me ho sɛ, ‘Enti Seikichi ani so bɛda hɔ nnɛ? Asɛm bɛn na obedi kan aka akyerɛ me? Mmuae bɛn na mede bɛma no?’ Na misusuw nso sɛ, ‘Sɛ Seikichi te apɔw a, anka yɛn mma no ani begye,’ ɛnkanka bere a mahu abusua bi a emufo wɔ anigye no. Na m’ani taataa nusu pii.
Saa mfe a atwam mu no, sɛ na mekenkan wɔ atesɛm krataa mu sɛ obi a wayare a ontumi nkasa asram pii atumi akeka ne ho a, na ɛma menya adwene sɛ Seikichi nso ho bɛtɔ no. Enti, bere bi meka kyerɛɛ me kunu nua barima sɛ: “Mepɛ sɛ mede no kɔ ayaresabea a ɛwɔ Honshu atifi fam apuei no.” Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ɛho aduru biara nni hɔ, enti ɔkae sɛ yɛmfa sika a ɛwɔ hɔ no nhwɛ abusua no mufo a wɔaka no.
Na Kristofo panyin bi a ɔwɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Kobe no mu te bɛn ayaresabea hɔ, enti sɛ merekɔ akɔhwɛ Seikichi wɔ ayaresabea hɔ a, na mefa ne fie. Na ne yere ne me yɛ Bible adesua pɛnkoro dapɛn biara. Na wɔn mma baanu no de kasɛt a wɔakyere wɔn asafo nhyiam dwumadi agu so no ba dan a yɛwom wɔ ayaresabea hɔ no mu bɛbɔ kyerɛ yɛn. Minyaa nkuranhyɛ ne awerɛkyekye pii fii abusua yi hɔ.
Anidaso a Mewɔ no Hyɛɛ Me Den
Bere bi, Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi bɛsraa yɛn wɔ ayaresabea hɔ na ɔkenkanee Romafo 8:18-25 kyerɛɛ me. Ne fa bi kenkan sɛ: “Na mibu sɛ sesɛɛ bere yi mu amane yi nnu anuonyam a wɔrebeyi adi de ama yɛn no. . . . Na yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi. . . . Na nea obi hu no, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani bɛda so? Na sɛ yɛn ani da nea yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn.”
Kristofo anidaso ho asɛm a ɔkae no ma mihui sɛ amane a yehu no sua koraa sɛ yɛde toto anigye a Yesu hyɛɛ ho bɔ—Paradise a ɛreba no mu asetra, ho a. (Luka 23:43) Nkɔmmɔbɔ no boaa me ma minyaa nnɛ amanehunu no ho adwene a ɛkari pɛ na ɛma mede m’ani sii daakye nhyira horow no so.—2 Korintofo 4:17, 18; Adiyisɛm 21:3, 4.
Wɔ June 1970 mu no, wɔde Seikichi bɛtoo ayaresabea bi wɔ Sanda, faako a na me ne m’awofo te no. Bere a yɛn nsa kaa krataa fii yɛn mmaranimfo hɔ afe a edi hɔ January sɛ me kunu ntumi nyɛ hwee bio esiane kar akwanhyia no nti no, me werɛ howee kɛse na misuu pii. Na m’asebea taa ka kyerɛ me sɛ: “Kosɛ Michiko, sɛ me babarima no nti worehu amane saa.” Na ɔka nso sɛ: “Yɛsesa na ɛyɛ yie a anka me ne Seikichi sesae.” Na yɛbom su.
Na me papa taa ka kyerɛ me sɛ menhwehwɛ adwuma a mede me bere nyinaa bɛyɛ, nanso na masi me bo sɛ mɛhwɛ Seikichi. Ɛwom sɛ na ɛte sɛ nea ontumi nkeka ne ho biara de, nanso na otumi te biribi a ɛyɛ nwini ne nea ɛyɛ hyew nka, bere a wɔn a wɔrehwɛ no no yɛ ne ho adwuma no. Na Paapa pɛ sɛ meware, nanso mihui sɛ ɛmfata sɛ meyɛ saa bere a me kunu da so te ase no. (Romafo 7:2) Ɛno akyi no, sɛ Paapa boro nsa a, na ɔka sɛ: “Sɛ miwu a mede Seikichi bɛka me ho akɔ.”
M’ani gyei kɛse bere a wɔtew asafo wɔ Sanda wɔ 1971 mu no. Wɔ July 28, 1973 mu no, mitumi bɔɔ asu de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho nsɛnkyerɛnne. Na ɛyɛ bere a Yehowa Adansefo yɛɛ wɔn amanaman ntam nhyiam wɔ Osaka Expo Grounds no.
Akyiri yi, wɔ 1973 mu no, me babarima Kohei asaabo honoe ma ɔkɔdaa ayaresabea asram anum. Esiane sɛ na me papa bɔ nsamanwaw nti wogyee ɔno nso too ayaresabea hɔ. Enti wɔ January 1, 1974 mu no, na mekɔ ayaresabea ahorow abiɛsa kɔhwɛ me papa, me kunu ne me babarima. Kwasida biara, sɛ me ne me babarima panyin Ryusuke kɔhwɛ Kohei a, na me ne wɔn sua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No nhoma no. Wɔ ɛno akyi no, na me ne Ryusuke kɔ asafo nhyiam wɔ Kobe ansa na yɛakɔ fie wɔ anigye so.
Daa na mede aseda ma wɔn a wɔboa ma yɛhwɛ Seikichi no. Na mebɔ mmɔden ne wɔn sua Bible mu nimdeɛ no. Bere a ogya hyew ayarehwɛfo no mu biako nuabea ma owui no, otiee owusɔre ho bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Bible mu a meka kyerɛɛ no no. (Hiob 14:13-15; Yohane 5:28, 29) Me ne no fii Bible adesua ase wɔ ayaresabea hɔ, na awiei koraa no ɔbɔɔ asu wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ 1978 mu no ase.
Me Mma no Ama Manya Anigye
Na ntetee a mede ma me mma no a me kunu nka ho no yɛ nsɛnnennen, nanso mfaso kɛse afi mu aba! Mekyerɛɛ wɔn sɛnea wobebu ade na wɔadwen afoforo ho. Bere a Ryusuke dii mfe abiɛsa pɛ no, sɛ ɔyɛ biribi a enye a, na ɔpa kyɛw ka sɛ: “Maame, manyɛ no yiye.” Na Kohei aso yɛ den kakra, na ɛtɔ da a, na ɔtew atua bere a mebɔ mmɔden sɛ mɛteɛ ne so no. Da bi mpo de ogyae ne ho too fam wɔ sotɔɔ bi anim bere a na ɔpɛ sɛ metɔ biribi ma no no. Nanso, na meda tema ne boasetɔ adi bere a me ne no resusuw asɛm bi ho no. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ abofra pa a n’aso nyɛ den. Eyi ma migye dii sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa.—2 Timoteo 3:15-17.
Bere a Ryusuke kɔɔ ntoaso sukuu no, ɔmaa akyerɛkyerɛfo no huu nea enti a ɔmfa ne ho nhyɛ ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi no mu. (Yesaia 2:4) Da bi, ɔde anigye kɛse baa fie, efisɛ bere a akyerɛkyerɛfo bi frɛɛ no bisabisaa no nsɛm no, otumi maa ho mmuae.
Fekubɔ pa a na ɛwɔ asafo no mu no boaa me mma no kɛse. Na Kristofo mpanyimfo taa to nsa frɛ wɔn ne wɔn didi na na wɔma wɔtra wɔn abusua Bible adesua mu, na na wɔne wɔn gye wɔn ani nso. Na wɔtaa de wɔn ho hyɛ fekubɔ a ɛyɛ anigye mu, a agumadi ahorow nso ka ho. Ryusuke de nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa ho nsɛnkyerɛnne wɔ 1979 mu na wɔbɔɔ Kohei nso asu afe a edi hɔ no mu.
Bere Nyinaa Som Adwuma a Yɛyɛ
Bere bi a ɔhwɛfo kwantufo bɛsraa yɛn no, meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ meyɛ ɔkwampaefo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no. Esiane sɛ na tebea a mewom saa bere no mma mintumi nyɛ adwuma a ɛte saa no nti, ofi ɔdɔ mu hyɛɛ me nkuran sɛ memmoa me mma no mma wonsua Bible mu nokware no yiye. Ɔkae sɛ: “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akwampae honhom.” Enti meyɛɛ akwampae boafo, na na me mma no nso yɛ bi bere a wɔama kwan no. Adwuma yi boaa me pii ma minyaa anigye ne asomdwoe bere a na merehwɛ Seikichi no.
Awiei koraa wɔ September 1979 mu no, mitumi bɛyɛɛ daa kwampaefo. Bere a Ryusuke wiee ntoaso sukuu afe akyi wɔ May 1984 mu no, ɔno nso bɛyɛɛ daa kwampaefo. Kohei bɛkaa ne ho wɔ akwampae adwuma no mu wɔ September 1984 mu. Enti, yɛn baasa nyinaa akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma yi bi. Sɛ misusuw mfe 20 a mede ayɛ akwampae adwuma, na maboa nnipa pii ma wɔabɛsom Yehowa no ho a, mihu sɛ adwuma yi ahyɛ me den wɔ me haw nyinaa mu.
Ryusuke kɔboa ma wosii adesua asa a ɛbɛn Kansai Nhyiam Asa no. Akyiri yi, ɔde mfe ason som sɛ ɔpanyin a ɔhwɛ Hyogo Nhyiam Asa no so. Seesei ɔsom sɛ Kristoni panyin wɔ asafo bi a ɛbɛn no biako mu wɔ Kobe, na ɔno na ɔhwɛ me. Efi 1985 mu no, Kohei akɔ so asom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Ebina no.
Nhyira Pii a Manya no Ahyɛ Me Den
Wɔ mfe pii mu no, na mekɔ ayaresabea hɔ mpɛn pii dapɛn biara kɔsra Seikichi guare no. Na meyɛ nnwuma yi de boa nea ɔhwɛ no daa no. Wɔ September 1996 mu, bere a na Seikichi adi mfe 27 wɔ ayaresabea hɔ no, woyii no baa fie a na ɔwɔ obi a ɔhwɛ no. Na yetumi de ade hyɛ ne hwene mu de aduan fa mu ma no. Ɛwom sɛ ontumi mmuee n’ani da de, nanso sɛ yɛka asɛm bi kyerɛ no a, ɔte. Seikichi yare no haw me, nanso daakye anidaso nwonwaso no wowaw me.
Ansa na wɔrebeyi Seikichi aba fie no, na mema ɔhwɛfo kwantufo ne ne yere bɛtra yɛn fie, ma enti yɛn baanum no abom atra ɔdan ketewa a yɛte mu no mu afe. Na menhwɛ kwan sɛ metumi ne Seikichi atra bio, enti meda Yehowa ase kɛse wɔ eyi ho. Wɔ mfe pii mu no, na mehwɛ kwan denneennen sɛ Seikichi betumi ate n’ani, nanso seesei de mepɛ sɛ nea Yehowa pɛ na ɛnyɛ hɔ.
Metumi aka no pen sɛ: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛyɛ ɔdefo, na yawdi biara nka ho.” (Mmebusɛm 10:22 NW) Ɛwom sɛ mantumi ne Seikichi antra wɔ anigye mu bere a na ɔwɔ ahoɔden no bere tenten biara de, nanso manya mmabarima baanu a ‘wɔakae wɔn bɔfo’ no. Ne saa nti, m’ani gye kɛse!—Ɔsɛnkafo 12:1.
Seesei, mepɛ sɛ wɔkɔ so som sɛ akwampaefo—na ama wɔatumi aboa afoforo ma wɔanya “nokware nkwa no”—na bere koro no ara nso, wɔafi ɔdɔ mu ahwɛ Seikichi. (1 Timoteo 6:19) Nea mafa mu no ama mate odwontofo no asɛm no ase: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”—Dwom 55:22.
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Me ne me kunu ne Ryusuke
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Seikichi ne yɛn mmabarima baanu no, wɔ asram asia ansa na kar akwanhyia no resi no
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Yɛwoo mmabarima baanu, Ryusuke ne Kohei (atifi), a ‘wɔakae yɛn Bɔfo Kɛse’ no