Wiase Nsɛm
Dadwen Ahyɛ Wɔn So
Vancouver Sun atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ: “Canadafo mu fa kɛse no ara di abooboo wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma adwuma a wɔyɛ ne ofie asetra akari pɛ no ho. Dadwen a abɛtɔ wɔn so no boro mfe du a abɛsen kɔ de so mmɔho abien.” Dɛn na ama akɔ anim saa? Nhwehwɛmu bi a Canada Adwumayɛkuw Ho Akwankyerɛfo yɛe no daa no adi sɛ Canadafo a wɔyɛ adwuma na wɔsan hwɛ wɔn mmusua no adɔɔso. Dodow no ara nwo ntɛm, na eyinom taa hyia nsɛnnennen wɔ “wɔn mma ne wɔn awofo a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn bere koro no ara mu no ho.” Ɛwom sɛ nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ nhwehwɛmu no mu ɔha mu 84 tee nka sɛ wɔn ani gye wɔn nnwuma ho de, nanso amanneɛbɔ no ka sɛ, sɛ ɛba sɛ wohyia nsɛnnennen wɔ adwuma a wɔyɛ ne fie nnwuma ho a, “dodow no ara de bere a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn ankasa nneɛma no bɔ afɔre, a bere a wɔde da mpo ka ho.” Adwumayɛkuw Ho Akwankyerɛfo no ka sɛ: “Ɛde dadwen ba wɔn so, na ɛma wɔn akwahosan ho ba asɛm.”
Obu Ma Tumidi Ho Ade a Ɛsɛ sɛ Wɔkyerɛkyerɛ
The Toronto Star ka sɛ: “Nnɛyi awofo mfa obu a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ma tumidi no aniberesɛm biara na eyi betumi ama obu a ɛsɛ sɛ mmofra nya ma wɔn ho no aba fam.” Nnipa su ho ɔbenfo Ronald Morrish ka sɛ: “Sɛ wɔma mmofra hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ a ɛma wohu nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan ne nneɛma a ɛbɛbɔ wɔn ho ban—na eyi tumi ma wonya obu ma wɔn ho. Mmofra a wonni akwankyerɛ ne asɛyɛde biara no na wonyin bɛyɛ wɔn a wonni ahobammɔ ne ahotoso biara.” Ɔde ka ho sɛ: “Minim mmofra bi a wɔadi mfe 6 a bere a wɔn ankasa pɛ na wɔbɛda. Minim wɔn nso a wɔadi mfe 3 a gye sɛ wɔn awofo korɔkorɔ wɔn ansa na wɔahu sɛnea basabasa a wɔyɛ no haw wɔn Awofo.” Morrish ka sɛ, ɛsɛ sɛ mmofra bɔ mmɔden sɛ wobedi akwankyerɛ a ɛwɔ abusua no mu no so, na adwene a ɛne sɛ mmofra aso yɛ den bere a wɔrenyin no nyɛ nokware. Obisa sɛ: “Yɛhwɛ kwan sɛ mmofra nimdeɛ wɔ nhomasua mu bɛkɔ anim afe biara. Ɛnde, dɛn nti na yɛnhwɛ kwan sɛ mmofra benya suban pa afe biara? Sɛ woankyerɛ abofra nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na sɛ onyin a, obegye wo nsam.”
Nnwom a Wɔbɔ Ma Mmoa Tumi Didi
New Scientist bɔ amanneɛ sɛ: “Canada nyansahufo ahu sɛ wɔbɔ nnwom wɔ mmoa mma buw mu a etumi ma wodidi. Luis Bate a ɔwɔ Prince Edward Island Sukuupɔn mu no ka sɛ: “Yɛkyeree nnyigyei a akokɔtan yɛ bere a wahu biribi a ɔpɛ sɛ ne mma bedi no guu afiri so. Bere a yɛbɔɔ nnyigyei no wɔ beae a nkokɔmma no aduan wɔ no, wodii ɛmfa ho sɛ na wɔn maame no nni hɔ. Nanso ɛsɛ sɛ nnwom no gyigye te sɛ akokɔ nne ara pɛ. Bate ka sɛ: “Bere a yɛbɔɔ nnwom a ɛte sɛ akokɔtan nne bere a wahwan foforo, a ɛte sɛ nnyigyei koro no ara a ɔde frɛ wɔn adidi no, nkokɔmma no gyinaa faako.” Nyansahufo botae ne sɛ wɔbɛma mmoa atumi anyin ntɛm, na wɔ ɔyɛkyerɛ a edi kan no mu no, nkokɔmma no nyin ntɛmntɛm sen sɛnea anka ɛte adapɛn abiɛsa a edi kan no mu ɔha mu nkyem 20. Wobetumi afa saa kwan yi so ama krokro mma ne mprako mma nso atumi adidi kɛse.
Asiane a Ɛwɔ Nnuru a Wɔkyerɛw Ma Mu
Stutgatter Nchrichten atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Afe a etwaam no, nnuru a wɔnom kunkum nnipa pii wɔ Germany sen wɔn a wowuwui wɔ kar akwanhyia mu.” Wɔbɔ amanneɛ sɛ nnipa 25,000 na aduru a ɛmfata a wɔde maa wɔn no ma wowuwui wɔ 1998 mu. Eyi boro wɔn a wowuwui wɔ kar akwanhyia mu bere koro no ara mu no so mpɛn abiɛsa. Wɔkyerɛ sɛ nnurunom a akwankyerɛ biara nni ho no nso de asiane ba. Nnuruyɛ ho akwankyerɛ a nnuruyɛfo ntumi nnya ne asiane a ɛwɔ nnuru a wɔnom mu no ne ade titiriw a ɛkɔfa nsɛnnennen ba. Amanneɛbɔ no ka sɛ sɛnea Nnuru ho nimdefo Ingolf Cascorbi kae no wobu akontaa sɛ, “sɛ wodii akwankyerɛ ne nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ nnuruyɛ ho no akyi a, anka wobetumi asiw nnipa 10,000 a wowuwui ne 250,000 a nnuru ma wɔyareyare afe biara wɔ Germany no ano.”
Franse nsɛmma nhoma Science et avenir nso ka nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ France nnansa yi ho asɛm sɛ, wɔ nnuru 150,000 a wɔkyerɛw maa nkurɔfo a wɔadi boro mfe 70 mu no, emu 10,700 na na enye anaasɛ na ɛnyɛ wɔn yare no ano aduru. Na emu 50 biara mu 1 yɛ awuduru esiane sɛ na ebetumi de asiane aba bere a wɔde aka nnuru afoforo ho no. Wɔ France no, wobu akontaa sɛ afe biara nnafua ɔpepem biako na nkwakoraa ne mmerewa de kɔda ayaresabea esiane ɔhaw a wonya fi nnuru a wɔnom mu nti.