Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 7/8 kr. 30-31
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyakyatow Nyɛ Sikasɛe Nko
  • Bible no a Wɔsakra mu Nsɛm
  • Nsunamyi Aba Asiane Mu
  • Anomaa Berebuw Nkwan Bo a Ɛreyɛ Den
  • Polisifo Mma Sukuu Bag a Emu Yɛ Duru Ho Kwan
  • Nkamfo Siw Adwennwen Ano
  • Mmofra a Woguan Fi Fie
  • Nsu Ho Ayɛ Na Ma Ɛyɛ Hu
  • Dede a Ɛhaw Adwene
  • Nnipa a Wogu Afiase Redɔɔso
  • Mmofra a Wɔbɔ Mmɔden Kɛse Wɔ Akenkan ne Akyerɛw Mu
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1997
  • Nhomasua Papa a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1996
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1994
Nyan!—1995
g95 7/8 kr. 30-31

Wiase Nsɛm

Kyakyatow Nyɛ Sikasɛe Nko

Sɛnea Australia atesɛm krataa The Sydney Morning Herald kyerɛ no, kyakyatow dan pii a seesei wɔrebuebue no ama atumfoɔ no rehyia ɔhaw bi a na wɔnhwɛ kwan: “awofo a wogyaw wɔn mma hɔ kɔtow kyakya.” Wɔahu mmofra pii a wɔato wɔn mu wɔ kar mu bere a wɔn awofo de nnɔnhwerew pii tow kyakya no. Asɛm biako a esii a enye koraa ne abarimaa bi a wadi mfe anum ne ne nuabea a wadi asram 18 a wɔtoo wɔn mu wɔ kar mu nnɔnhwerew anum kosii sɛ polisifo beyii wɔn anɔpa nnɔnson no. Seesei wɔakyerɛw nsɛm akɛseakɛse bi wɔ kasa horow pii mu de abobɔ kyakyatow dan bi anim de rebɔ awofo kɔkɔ sɛ sɛ wogyaw wɔn mma saa kwan yi so a, wɔbɛbɔ wɔn ka $5,000, na wobetumi de wɔn ato afiase. Sɛnea The Herald kyerɛ no, nnipa yiyedi ho adwumayɛni bi kae sɛ nneɛma foforo a kyakyatow a ɛka nkurɔfo hɔ de aba ne “awaregu, nsɛmmɔnedi, adwuma a wɔhwere, ne nnipa a wokum wɔn ho.”

Bible no a Wɔsakra mu Nsɛm

Oxford University Press no ayɛ Bible nkyerɛase foforo a sɛnea wɔasakra emu nsɛm no so bi mmae da. Bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkyerɛase no “afata obiara” no, wɔkwati sɛ wɔde nsɛm bi a wɔkyerɛ sɛ afoforo betumi ate ase sɛ etia mmea, ɛda nnipa mu nyiyim adi, anaa etia Yudafo bedi dwuma wom. Sɛ nhwɛso no, nkyerɛase foforo no ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ “Agya-ne-Ɛna.” Wɔmfrɛ Yesu ‘ɔbarima Ba’ na mmom “Ɔdesani No.” Nkyerɛase no nka kum a Yudafo no kum Yesu Kristo no ho asɛm biara. The Sunday Times ka sɛ sɛ wɔka Onyankopɔn “nsa nifa” ho asɛm sɛ ne “nsa a tumi wom” a, ebeyi nyiyim a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ tia wɔn a wɔyɛ abenkumma no mpo afi hɔ.

Nsunamyi Aba Asiane Mu

Bere a po so ahyɛn a wɔde yi nsunam a efi aman ahorow mu resi akan wɔ baabi a ɛyɛ wɔn fã ne baabi a wɔwɔ hokwan sɛ woyi nam ho no, Worldwatch Institute amanneɛbɔ bi bɔ kɔkɔ sɛ nsunam a woyi wɔ wiase seesei no adu ne pɔnpɔn so, na mprempren ɛso retew mpo wɔ asase so mmeae dodow no ara. Bere a amanneɛbɔ no gye tom sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no no ka ho bi na nsuboa resa no, ɛka sɛ nsunamyi a wɔn a wodi asuboa ho gua yi ma ɛboro so ne ade titiriw a ama nsunamyi a wonya wɔ Atlantic ne Pacific po no ne Black ne Mediteranea po mu no so retew. Agence France-Presse nsɛm amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ sɛnea Worldwatch amanneɛbɔ no kyerɛ no, nsunam a woyi wɔ mmeae bi no so atew ɔha biara mu nkyem 30, na sɛ po mu nneɛma a wɔnhwɛ so yiye yi kɔ so sɛnea ɛte yi a, ɛkame ayɛ sɛ apopofo ɔpepem pii bɛhwere wɔn adwuma nnansa yi ara.

Anomaa Berebuw Nkwan Bo a Ɛreyɛ Den

Aduan bi a nkurɔfo ani gye ho kɛse wɔ Hong Kong ne Asia nkuropɔn foforo adididan ahorow mu ne anomaa berebuw a wodi a wɔtaa de yɛ nkwan no. Sɛnea International Herald Tribune kyerɛ no, ɛnyɛ sɛ berebuw a wɔde yɛ nkwan no yɛ Chinafo bebree dɛ kɛkɛ, na mmom wobu no sɛ ɛyɛ aduru nso. Akuw a wɔhwɛ bɔ nneɛma ho ban bu akontaa sɛ Hong Kong nkutoo de asomfena berebuw bɛyɛ ɔpepem 17 yɛɛ nkwan 1992. Nanso, sesaw a wɔsesaw berebuw ma ɛboro so no ama akonkosifo no tɔ no aboɔden sen bere biara, kilogram biara yɛ $230, na wobetumi atɔn berebuw papa paa de agye aboro saa mmɔho awotwe. Adesɛe a ɛde ba asomfena a wɔyɛ mmerebuw no so no sen saa koraa. Sɛ wɔresesaw mmerebuw no a, nkesua a ɛsɛe ne nnomaa mma a wokunkum wɔn no ama asomfena mma ahorow bi so atew, na afoforo ase atɔre.

Polisifo Mma Sukuu Bag a Emu Yɛ Duru Ho Kwan

Cantù, kurow bi a ɛwɔ Como mantam mu wɔ Italy kusuu fam, no sohwɛfo ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ sukuu bag mu yɛ duru sen [sukuuni no] mu duru ɔha biara mu nkyem 15.” Kurow sohwɛfo no suro sɛ wɔn mu betumi akoa. Wobetumi abɔ awofo a wɔn mma bu saa ahyɛde no so no ka lire 400,000 [$250, U.S.] na wobetumi de wɔn agu afiase asram asia. Corriere della Sera bɔ amanneɛ sɛ nea ɛkyerɛ sɛ na kurow sohwɛfo no ani abere no, ɔsomaa kurow no mu polisifo a na wokurakura nsania ma wogyinagyinaa mmeaemmeae wɔ sukuu ahorow akyi hwehwɛɛ nneɛma mu. Sukuufo a wodii kan hwehwɛɛ wɔn nneɛma mu no mu baanu pɛ na na wɔn de mu duru mmoro so. Nokwarem no, na abarimaa biako a ne mu duru yɛ kilogram 34 kura bag a emu duru yɛ kilogram 12. Ne mfɛfo sukuufo kogyinaa n’akyi kaa bi maa no sɛ anwensɛm ne akontaabu nhoma no nkutoo mu duru yɛ kilogram 5, na anyɛ yiye koraa no na ɛho hia sɛ wɔfa adesua anan ho nhoma da biara. Kurow sohwɛfo no de asodi no too wɔn a wotintim nhoma, a nea ehia wɔn ne sɛ “wɔbɛtɔn nhoma akɛse a ne bo yɛ den” no so. Ɔhyɛɛ nyansa sɛ wontintim adesua nhoma ahorow no nyɛ no afã horow.

Nkamfo Siw Adwennwen Ano

Afe biara komayare kunkum nnipa 200,000 wɔ Germany. Dɛn ne ade titiriw a ɛde ba? Atesɛm krataa Süddeutsche Zeitung bɔ amanneɛ sɛ “adwennwen” efisɛ Germany adwumayɛ gye “ahofama a edi mũ, daa adwennwen.” Adwuma mu adwennwen ma nnipa a wɔtoto adwumakɔ mu no dɔɔso esiane ɔyare a ɛbɔ wɔn no nti, na ebetumi akowie ɔbrɛ ntraso mu. Ayarehwɛfo baanu biara mu biako hyia adwennwen ho haw ahorow, na akyerɛkyerɛfo 3 biara mu 1 kɔ pɛnhyɛn ntɛm, a “dadwen ne basaayɛ” na ɛma no ba saa wɔ wɔn mu pii fam. Akwahosan ho insurance nnwumakuw reyɛ nhwehwɛmu de ahu ɔkwan a wobetumi afa so abrɛ adwuma mu adwennwen ase. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nnwumakuw ɔhaha pii a ɛnyɛ akɛse pii mu da biribi a ɛte sɛ nea ɛka ho bi na ɛba saa adi: Adwumayɛfo a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 44 annya nkamfo biara wɔ wɔn adwuma mu.

Mmofra a Woguan Fi Fie

Atesɛm krataa The Independent ka sɛ wɔ Britain no, mmofra 98,000 guan fi fie afe biara. Wɔn mu pii guan na ama wɔakwati basabasayɛ a wohyia wɔ abusua no mu no. Wɔn mu bɛboro 10,000 na anyɛ yiye koraa no woguan mpɛn du ansa na wɔadi mfe 16. Esiane sɛ wonnuu sɛ wobenya mmoa a aban de ma wɔn a wɔwɔ ahokyere mu nti, aguanfo yi mu pii de wɔn ho hyɛ amumɔyɛ ne tuutuusi mu. Ian Sparks a ɔyɛ Mmofra Kuw no panyin paa bɔ kɔkɔ sɛ, sɛ wobu ani gu ɔhaw no so a, mmofra yi benyin abɛyɛ “mpanyimfo a wonni atrae a wɔatwe wɔn ho afi nnipa ho.” Ɔkae sɛ sɛ “nnipa nyinaa” de wɔn adwene si mmoa a wɔde bɛma awofo so kɛse a, ɛnde “anka ɔhaw pii remfi ase mpo.”

Nsu Ho Ayɛ Na Ma Ɛyɛ Hu

Atesɛm krataa The Star bɔ amanneɛ sɛ: “South Africa rehyia nsu ho asɛnnennen bi a ɛyɛ hu.” Sɛ wɔamfa akwan foforo so anhwehwɛ bi a, nsu a wonya no seesei no nyinaa bɛsa “wɔ mfe 15 a edi hɔ mu.” Ade biako a ama no aba saa ne nnipa a wɔredɔɔso ntɛmntɛm no. Ade foforo a ama no aba saa ne osu a ɛntɔ kɛse, nea ɛtɔ wɔ wiase nyinaa no mu fã. Nsu a ɛyow ntɛmntɛm ma ɛyɛ nwonwa ma ɔhaw no yɛ kɛse. Afe biara nsu mu ban a ɛso sen biara wɔ ɔman no mu a wɔde kora nsu no mu nsu kilolita 500,000 yow. Nsu a ɛwɔ hɔ no nso resɛe esiane efĩ a wɔde gu mu nti. The Star ka sɛ: “Seesei nnipa ɔpepem 12 na wonnya nsupa nnom, na nnipa bɛboro ɔpepem 20 na wonnya (nsu) mfa nni ahotew ho dwuma yiye.”

Dede a Ɛhaw Adwene

Anyɛ yiye koraa no, nnipa a wɔwɔ wiase no ɔha biara mu 10 asõ haw wɔn kakra. Brazil nsɛmma nhoma Globo Ciência kyerɛkyerɛ mu sɛ “wɔanyɛ nnipa asõ sɛ entie dede a efi mfiridwuma mu ba no.” Dede a ɛyɛ hu a wotie no da biara betumi nso de adwene a wontumi mfa nsi nneɛma so yiye, adwuma a ɛnkɔ so yiye, atutuw, ne adwumayɛ mu asiane aba.

Nnipa a Wogu Afiase Redɔɔso

Bere a nsɛmmɔnedi kɔ soro wɔ wiase nyinaa no, na nnipa dodow a wɔde wɔn gu afiase no nso rekɔ soro. Seesei nnipa dodow a wɔde wɔn gu afiase wɔ Russia no yɛ nnipa 100,000 biara mu 558, na wɔ United States a edi hɔ no, dodow no yɛ 100,000 biara mu 519. Nea ɛtoatoa so ne South Africa a dodow no yɛ 368, Singapore yɛ 229, na Canada yɛ 116. Efi bere a kan Soviet Union mu paapae no, awudi ne nsɛmmɔnedi afoforo akɔ soro kɛse wɔ Russia, na nnipa dodow a wɔde wɔn gu afiase no akɔ soro wɔ hɔ asen United States a kan no na edi kan no. Dɛn nti na nnipa dodow a wɔde wɔn gu afiase wɔ Europa aman pii mu no yɛ United States de no nkyem asia mu biako? U.S.News & World Report ka sɛ: “Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, ɛmfa ho sɛ nsonsonoe kɛse biara nna nsɛmmɔnedi dodow a ɛkɔ so wɔ aman nyinaa so mu no, amumɔyɛ abu so kɛse wɔ United States, Russia ne South Africa. Ɛmfa ho nea ama no aba saa biara no, ɛda adi sɛ nsonsonoe a ɛda nnipa dodow a wɔde wɔn gu afiase no ntam no bɛyɛ kɛse.”

Mmofra a Wɔbɔ Mmɔden Kɛse Wɔ Akenkan ne Akyerɛw Mu

Canada atesɛm krataa Globe and Mail bɔ amanneɛ sɛ: “Ade a wɔkenkan kyerɛ mmofra no boa ma wohu akyerɛw yiye.” Sɛnea nnansa yi nhwehwɛmu ahorow a Nhomasua Asoɛe a ɛwɔ Ontario, Canada, yɛe daa no adi no, sukuufo a wɔkae sɛ bere a wosusua no na wɔtaa kenkan anansesɛm kyerɛ wɔn no bɔɔ mmɔden kɛse sen wɔn a na wɔntaa nkenkan ade nkyerɛ wɔn anaa na wɔnkenkan nkyerɛ wɔn koraa no. Globe de kaa ho sɛ “mmofra a wɔbɔɔ akenkan ho mmɔden no bɔɔ akyerɛw nso ho mmɔden,” na “sukuufo a na wɔkenkan ade wɔ sukuu akyi no bɔɔ mmɔden kɛse wɔ akenkan ne akyerɛw nyinaa mu.” Sɛnea Ontario Akyerɛkyerɛfo Fekuw no titrani kyerɛe no, nhwehwɛmu no daa no adi sɛ “mmofra a wɔnkenkan ade anaa wɔntaa nkenkan ade nkyerɛ wɔn ansa na wɔadi mfe 14 no renyɛ saa wɔ ɛno akyi.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena