Wiase Nsɛm
Brazil Nkoatɔ
Wiase Asɔre Nkabom Bagua (WCC) ENI Bulletin no bɔ amanneɛ sɛ: “Nkoa a wɔde wɔn guu po so ahyɛn mu kɔɔ Brazil no dɔɔso sen wɔn a wɔde wɔn kɔɔ United States no mmɔho du—nanso nkoa a na wɔn ani kyerɛ Brazil no dodow a wowuwui no dɔɔso araa ma wɔ 1860 mu no, na abibifo a wɔwɔ Brazil no dodow yɛ wɔn a na wɔwɔ United States no fã pɛ.” Wobu akontaa sɛ Afrika nkoa no mu ɔha biara mu 40 wuwui wɔ po so ahyɛn no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a Afrika nkoa no bo bɛkɔ soro no, wɔkaa wɔn boom de nsu petepetee wɔn so de bɔɔ wɔn asu bere a na asɔfo reka “asubɔ nsɛm” no. Bere a Aaron Tolen, WCC no panyin bi a ɔwɔ Cameroon, rekasa wɔ “nkaedi, ahonu, ne mpata” asɔre bi a wɔyɛe wɔ Salvador, Brazil, ase no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ wɔn a wɔde yɛn baa ha no nkutoo na asɛmmɔne yi ho asodi da wɔn so. Yɛn Afrikafo ka ho bi. Yɛagu yɛn ho anim ase denam yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛatontɔn wɔn sɛ aguade no so.”
Europafo a Wɔnom Sigaret
Nassauische Neue Presse a ɛwɔ Frankfurt, Germany, no bɔ amanneɛ sɛ, sɛ wokyekyem pɛpɛɛpɛ a, Europafo ne Chinafo na wɔnom tawa sen biara wɔ wiase. Wɔ Europa Aman Nkabom no mu no, mmarima ɔha biara mu 42 ne mmea ɔha biara mu 28 na wɔnom sigaret. Nanso, wɔn a wɔadi fi mfe 25 kosi mfe 39 na wɔdɔɔso wɔ wɔn mu. Afe biara, sigaretnom di nnipa 100,000 a wɔwɔ Germany ne nnipa 100,000 foforo a wɔwɔ Britain awu. Nnansa yi ara, Czech Adehyeman no mampanyin, Václav Havel, a ɔde sigaretnom ayɛ tuamuda mfe pii no nyaa aharawa mu kokoram ma wɔyɛɛ no aduru. Süddeutsche Zeitung no bɔ amanneɛ sɛ ɔmampanyin no kyerɛw kɔmaa Europa fekuw bi a wɔfrɛ no Fa Sigaretnom Anaa Akwahosan sɛ n’ani gye obiara a otumi gyae sigaretnom ho.
Dede Abɔ Wo Yare?
Sɛnea nhwehwɛmu ahorow bi a wɔde ho amanneɛbɔ baa Britain New Scientist nsɛmma nhoma mu kyerɛ no, dede a ano nyɛ den pii mpo betumi abɔ wo yare. Nsɛm a ɛtete saa a ada adi nti, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ayɛ nsakrae wɔ akwankyerɛ ahorow a ɛfa baabi a anadwo dede kodu a ɛnyɛ hu ho no mu. Nea ɛho hia titiriw ne adanse a ɛkyerɛ sɛ mmofra na ebetumi ahaw wɔn kɛse. Nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ mmofra a wɔte bɛn Munich amanaman ntam wimhyɛn gyinabea no taa nya mogyammoroso na wɔn koma taa bɔ piriw. Nhwehwɛmufo no hui nso sɛ mmofra no akenkan yɛ basaa, na wɔn werɛ firi ade ntɛmntɛm. Dede ho nimdefo Arline Bronzaft ka sɛ nnipa a wɔyɛ wɔn ho sɛnea dede akokwaw wɔn no “taa yɛ saa de haw wɔn nipadua bere nyinaa. Dede tumi bɔ yare, na bere rekɔ so no, ɛka nipadua no ɔkwan bi so.”
Mmoawammoawa Aduru Ho Asiane Ahorow
Sɛnea Amanaman Ntam Ɛmo Ho Nhwehwɛmu Adesuabea a ɛwɔ Philippines no kyerɛ no, sɛ akuafo amfa mmoawammoawa nnuru biara ampetepete so a, ɛmo dodow a wotwa no bɛkɔ so ayɛ sɛnea ɛte. Nyansahufo bi a ɔwɔ ɛmo ho adesuabea no de too Wiase Aduan Ho Nhyiam a wɔyɛe wɔ Philippines no anim sɛ nnuru a wɔde petepete nnɔbae so pii no yɛ adesɛe na ɛso nni mfaso. New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ ɛnyɛ bere a ɛmfata mu nko na akuafo no de nnuru no petepete so, na mmom wokunkum mmoawa a ɛnsɛ sɛ wokunkum wɔn mpo. Afei, akuafo pii bu wɔn ani gu ahobammɔ ho akwankyerɛ so bere a wɔde nnuru redi dwuma no, na wɔde nnuru a wɔayam no muhumuhu a ɛnyɛ den sɛ nnipa bɛhome gugu nnɔbae so, anaa wɔde nnuru a ekum wura bɔne fra dɔte, de wɔn nsa ka nu mu. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bɔ amanneɛ sɛ mmoawammoawa nnuru kunkum nnipa 220,000 wɔ wiase nyinaa seesei, na ɛbɔ nnipa ɔpepem abiɛsa yare denneennen afe biara.
Mmofra a Wonnii Mfe Aduonu Kyerɛ Wɔn a Wɔyɛ Awofo Pa
Dɛn na mmofra a wonnii mfe aduonu de bɛkyerɛ obi a ɔyɛ ɔwofo pa? Nea ɛbɛma sukuu fotufo ne adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo Scott Wooding ahu mu no, obisabisaa mmofra bɛboro 600 a wonnii mfe aduonu nsɛm. Esiane sɛ na Wooding hwɛ kwan sɛ mmofra no bɛkamfo wɔn a wɔnka wɔn mma hwee nti no, wɔn mmuae no yɛɛ no nwonwa. The Toronto Star atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ nsɛm a ampa mmofra no anom ne sɛ, wɔpɛ “obi a ɔnyɛ osisifo, odwen wɔn ho (‘wɔpɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Medɔ wo”’), obi a ɔpɛ agoru, [ne] nea ɔyɛ nhwɛso pa.” Wooding hui nso sɛ mmofra pɛ sɛ wɔn awofo boa wɔn ma wɔn ani ku wɔn asɛyɛde ho. Sɛ wodi mfomso bi a, wɔhwɛ nteɛso kwan. Nea ɛsen ne nyinaa no, mmofra no kae sɛ wɔn ani gye ho paa sɛ wɔn awofo benya bere pii ama wɔn.
Aduruyɛ a Mogya Nka Ho
The Globe and Mail atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ: “Mogya a yare wom ho suro, ne mogya a nkurɔfo twe ma ho a ayɛ na kɛse no ama wɔafi ase rebɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛkwati sɛ wɔbɛma obi mogya bere biara a ɛbɛyɛ yiye.” Globe no ka sɛ wɔ aduruyɛ ne oprehyɛn a wɔmfa mogya nni dwuma mu no, wɔde ahwɛyiye siw mogya ano na wɔanhwere pii, na “akwan foforo a wɔfa so no pii yɛ nea wodii kan de yɛɛ Yehowa Adansefo ho adwuma.” Oduruyɛfo James A. Robblee a ɔyɛ nnuru a wɔde deda nnipa a wɔreyɛ wɔn oprehyɛn ho ɔbenfo wɔ Ottawa Sukuupɔn no Koma Ho Adesuabea, a ɛyɛ ayaresabea pii a ɛyɛ oprehyɛn a mogya nka ho, no biako gye toom sɛ: “Migye di paa sɛ [Yehowa Adansefo] no ama yɛn ani aba yɛn ho so kɛse wɔ saa adwuma yi mu.”
Efi “Abo Mmere” So Abedu Atuo Mmere So
Kwaebirentuw bi a ɛda Brazil ne Venezuela ntam mu na Yanomami Indiafo te. Wɔde nkakrankakra ama Yanomamifo a “wokohuu” wɔn bere a edi kan koraa wɔ 1960 mfe no mu no anya nnɛ bere yi mu abɔrehude te sɛ nnarewa a wɔde yi apataa, ahwehwɛ, burogya, ne radio. Nanso, nnɛ bere yi mu ade foforo koraa a wɔn nsa aka—a ɛne otuo—de “Abo Mmere mu abusua a etwa to a ɛwɔ Amerika aman mu no reto asiane mu,” sɛnea The Daily Journal a ɛwɔ Caracas, Venezuela, no bɔ amanneɛ no. Nnipa a na wotu sika, aha mu aguadifo, ne asɛmpatrɛwfo nam batadi ne adetɔn so de atuo aba Yanomamifo no tete amammerɛ mu. Nanso Yanomamifo baasa a wɔfom bɔɔ wɔn tuo kum wɔn wɔ dapɛn biako mu no yɛ awerɛhosɛm a ɛrebɔ nkae wɔ sɛnea nnɛyi anibue a wobesuasua no betumi ayɛ asiane ama wɔn no ho. Sɛnea Claudia Andujar, Yanomamifo Asetra Asoɛe no titrani ka no: “Susuw sɛnea abusuakuw a wonim mmɛma a bɔre wɔ ano, abo, ne mporibaa ntɔkwaw ko yiye no betumi akɔ asiane mu bere a wonya atuo ne atuduru ka ho mpofirim no ho.”
Bonsu Bruu San Ba Bio
Efi 1946 na wɔabara denneennen sɛ obiara nnkyere bonsu bruu no bi. Ebeduu saa bere no na wɔakyere saa mmoa akɛse a wɔn tenten yɛ mita 30, na wɔn mu duru yɛ tɔn 150 yi araa ma wɔreyɛ asa. Nanso seesei U.S. Po Ase Akofo a Wotie Nsu Ase Nnyigyei no adaworoma, wɔada no adi sɛ bonsu bebree wɔ Atlantic Atifi fam po no mu, a ebi ne nea wɔfrɛ no finbacks ne afei humpback, minke, ne bonsu bruu a wɔn ho yɛ na no. The Sunday Telegraph a ɛwɔ London no ka sɛ: “Bonsu pii wɔ Britain po mu sen sɛnea bere bi na yesusuw no.” Mfiase no wɔyɛɛ nea wɔde tie nsu ase nnyigyei a ɛda po ase bɛyɛ mita 3,000 no na wɔde ate nsu ase akohyɛn nka. Nanso, wɔahu sɛ ɛboa ma wotumi de tie bonsu su a ɛwɔ fam koraa no nso. Wɔkyerɛ sɛ, wotumi te bonsu bruu su wɔ nsu ase bɛyɛ kilomita 3,000.
Awaregyae Ho Adesua?
The Dallas Morning News bɔ amanneɛ sɛ wɔ Pima County, Arizona, U.S.A. no, wɔahyɛ sɛ awofo a wɔpɛ sɛ wogyae aware no nkɔ adesua bi a edi nnɔnhwerew anan ne fã na ama wɔate sɛnea ebesi aka wɔn mma no ase. Wɔasiesie adesua no na aboa awofo ma wɔasua “sɛnea wɔbɛyɛ nsrahwɛ ho nhyehyɛe” na wɔasusuw “mfe a sɛ abofra di a ɛbɛfata sɛ okodi ahohuru bere no wɔ ne wofo a ɛnyɛ ɔno na ɔhwɛ no no nkyɛn.” Adesua sohwɛfo Frank Williams ka sɛ nea ehia sen saa no, wɔboa awofo ma wosusuw sɛnea awaregyae no ka abofra no ho. Abusua ho mmaranimfo Alyce Pennington ka sɛ: “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wɔn a wɔn tebea adu akyiri saa mmom na wɔhyɛ wɔn ma wosua saa nneɛma yi.” Dɛn nti na “wonsua nneɛma a ɛte saa mpo ansa na wɔaware?”
Aman a Wɔkyere Nnipa Tom Sen Biara
U.S. Atemmu Asoɛe no ka sɛ wɔ 1995 mu no, sɛ wuyi nnipa a wɔte United States no mu 100,000 biara a, wɔn mu 615 na na wɔda afiase. The Wall Street Journal bɔ amanneɛ sɛ eyi yɛ nnipa dodow a wɔdaa afiase wɔ 1985 mu no mmɔho abien, na ɛma ɛdɔɔso sen biara wɔ wiase. Russia na ɛto so abien, a akontaabu a etwa to koraa (1994) kyerɛ sɛ wɔde nnipa 100,000 biara mu 590 gu afiase.
Ntease Wom sɛ Wɔde Nneɛma a Asɛe Bɛyɛ Nneɛma Foforo
Sɛnea El Universal atesɛm krataa a ɛwɔ Caracas, Venezuela, no kyerɛ no, aluminium nkankyee a asɛe a wɔde yɛ nkankyee foforo no ma anyinam ahoɔden a anka wɔde bɛyɛ foforo no ɔha biara mu 90 ka. Nkrataa dedaw a wɔde yɛ foforo no nso ye ma asase so abɔde. Anyinam ahoɔden a wɔde yɛ krataa foforo no ɔha biara mu nkyem 50 na wɔde yɛ dedaw foforo, na ɛtew efĩ a ekogu nsu mu so ɔha biara mu nkyem 58, ne nea ɛkɔ mframa mu no so ɔha biara mu nkyem 74. Ahwehwɛ mpo de ɛsen saa, efisɛ wobetumi asan de ho biribiara ayɛ foforo mpɛn pii.