Dede—Ɔhaw a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ
“Ɛyɛ asetra mu nneɛma a ɛhaw adwene kɛse no mu biako.”
—Makis Tsapogas, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no fotufo.
“Ade a etuatua Amerikafo aso a ahyeta sen biara.”—The Boston Sunday Globe, U.S.A.
“Ade a etuatua aso sen biara wɔ yɛn mmere yi mu.”—Daily Express, London, England.
WUNTUMI nhu, nte ne hua, nka nhwɛ, anaa wunso mu. DEDE, a ɛyɛ ade a etuatua nkurow akɛse mufo aso no, rehaw nkuraasefo nso.
Amerikani abɔde ho nimdefo bi a ɔde bɛyɛ mfe 16 kyeree adebɔ mu nnyigyei ahorow guu hama so no ahu sɛ n’adwuma no kɔ so yɛ den. Wɔ 1984 mu no, ɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ mmeae 21 a ɛhɔ tumi yɛɛ dinn simma 15 anaa nea ɛboro saa wɔ Washington mantam mu wɔ U.S.A. Mfe anum akyi no, na aka emu abiɛsa pɛ.
Nnipa a wɔwɔ wiase pii fam no, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobenya mmeae abiɛsa a ɛhɔ yɛ dinn. Wɔ Japan no, amanneɛbɔ a efi ɔman no mu nyinaa bae wɔ 1991 mu no daa no adi sɛ, nkurɔfo nwiinwii pii wɔ dede ho sen biribi foforo biara a etuatua aso. Nokwarem no, ɛfata sɛ The Times a wɔyɛ wɔ London no ka dede ho asɛm sɛ “ɛnnɛyi asetra mu ɔhaw a ɛsen biara.” Efi ɔkraman bi a ɔpɔ a onnyae de tuatua aso so kosi ofipamfo bi dwom a ɔbɔ no denneennen anaa kar abɛn a wɔde tɛw akorɔmfo anaa radio a ɛbɔ denneennen a ennyae so no, dede abɛyɛ ade a ɛkɔ so daa. Nanso, dede a etuatua aso nyɛ ade foforo. Efii ase akyɛ.
Ɛnyɛ Ɔhaw Foforo
Sɛnea ɛbɛyɛ na Julius Caesar asiw nteaseɛnam nkyereso ano no, ɔbarae sɛ teaseɛnam biara nntwam awia wɔ Rome. Nea ɛyɛɛ awerɛhosɛm maa ɔne ne mfɛfo Romafo no, mmara no maa dede a ano yɛ den baa anadwo “bere a nteaseɛnam a ne ntwahonan yɛ nnua anaa nnade twiw faa abo a wɔde agu akwan so” no so no. (The City in History, a Lewis Mumford yɛe) Bɛboro afeha biako akyi no, anwensɛm kyerɛwfo Juvenal, nwiinwii sɛ dede ama Romafo ayare nnakorokoro a wɔko a ɛnkɔ.
Ebeduu afeha a ɛto so 16 no, na England ahenkurow, London, abɛyɛ kuropɔn a adagyew nni mu koraa. Elizabethan England nhoma no kyerɛwfo, Alison Plowden, kyerɛwee sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ ade a edii kan twetwee ahɔho dodow no ara adwene ne dede no: poodwaa poodwaa a efi nnwinnan mpempem pii mu, nteaseɛnam ntwahonan nnyigyei, anantwi a wɔreka wɔn kɔ gua so su, adetɔnfo a wɔrepae wɔn aguade wɔ mmɔnten so nne.”
Mfiridwuma mu ɔsesɛw na efii afeha a ɛto so 18 no ase. Afei adesɛe a dede a mfiri yɛ de ba no bɛdaa adi bere a mfiridwuma mu adwumayɛfo aso fii ase haw wɔn no. Nanso, wɔn a na wɔtete nkurow akɛse mu a na wɔmmɛn nnwinnan mpo kɔɔ so nwiinwii wɔ ɔhaw no ho. Abakɔsɛm kyerɛwfo Thomas Carlyle kɔtraa “ɔdan bi a dede ntumi nhyɛn mu” a na esi ne fie a ɛwɔ London no atifi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnte sɛ nkokɔnini rebɔn, afipamfo nnakabɛn, ne kar a ɛfa ɔkwan bi a ɛbɛn hɔ so no nnyigyei. The Times bɔ amanneɛ sɛ: “Anyɛ yiye.” Dɛn ntia? “Efisɛ dede afoforo a nea ɛka ho bi ne ahyɛmma ne keteke abɛn tuatuaa n’aso yiye”!
Ɛnnɛyi Ade a Etuatua Aso a Ahyeta
Ɛnnɛ, wɔn a wɔkasa tia dede a wɔyɛ no de wɔn adwene si wimhyɛn gyinabea ahorow so bere a wimhyɛn nnwuma ko tia mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ dede a etuatua aso ho mmara denneennen no. Bere a wimhyɛn gyinabea a ɛwɔ Manchester, England, no bɔɔ Concorde wimhyɛn a etu mmirika yiye no ka bere biara a etui no, so eyi tumi siw ano? Dabi. Concorde no mu adwumayɛfo panyin bi gye toom sɛ wimhyɛn no yɛ dede, nanso sɛ ɛfa fango kakraa bi a ɛbɛma dede no ano abrɛ ase a, ɛrentumi nnu Toronto anaa New York a ennyina kwan mu.
Kar dede ano a wobesiw no nso yɛ asɛm. Sɛ nhwɛso no, wɔ Germany no, nhwehwɛmu a wɔayɛ da no adi sɛ ade a etuatua aso yi haw ɔmamfo no mu ɔha biara mu 64. Na ɛyɛ ɔhaw a ɛrenya nkɔanim, wɔbɔ amanneɛ sɛ abu abɔ ho mpɛn apem sen bere a na kar nni kurom no. Amanneɛbɔ bi a efi Greece ka sɛ “Athens yɛ Europa nkuropɔn a emu yɛ dede sen biara no mu biako, na dede no nye koraa, ɛresɛe Athensfo akwahosan.” Saa ara na Japanfo Adwuma a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Wɔn Ho Ahyia So no ka kar dede a ɛreyɛ kɛse no ho asɛm, na wɔkyerɛ sɛ kar a wɔkɔ so de di dwuma kɛse na ɛde eyi aba. Sɛ kar rekɔ brɛoo a, engine no titiriw na ɛyɛ dede, nanso sɛ ɛretu mmirika boro kilomita 60 wɔ dɔnhwerew biako mu a, ntwahonan no na ɛyɛ dede kɛse.
Ofie dede ne ade a ɛma nkurɔfo nwiinwii dede ho kɛse wɔ Britain. Wɔ 1996 mu no, Britain Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Mpɔtam Akwahosan Ho Nsɛm So kae sɛ anwiinwii a wɔde tia afipamfo kɔɔ soro ɔha biara mu nkyekyem 10. Ahyehyɛde no kasamafo kae sɛ: “Ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu. Ade biako ne sɛ ebia nhyɛso a nkurɔfo hyia wɔ wɔn adwumam no na ɛma wɔhwehwɛ asomdwoe ne kommyɛ pii saa wɔ fie.” Sobo a wɔbɔɔ afoforo wɔ Britain 1994 mu no mu abiɛsa biara mu abien fa nnwom a wɔbɔ no ɔdasum ne kar engine dede, ne abɛn ho. Na nnipa a wɔyɛ dede tuatua wɔn aso ɔha biara mu 70 a wɔnka ho asɛm esiane sɛ wosuro sɛ wɔbɛyɛ wɔn biribi atua ka nti no nso ɛ? Ɔhaw no ahyeta ampa.
Esiane dede ho haw a ahyeta nti, nnwumakuw a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban no hwehwɛ sɛ wɔyɛ mmara ahorow a ebesiw dede a etuatua aso no ano. Wɔ United States sɛ nhwɛso no, wɔayɛ mmara wɔ mmeae bi a wɔde tew dwuma a wɔde mfiri a wɔde dɔw mfikyiri yɛ so. Wɔ Britain no, wɔayɛ Dede Ho Mmara foforo a ɛfa afipamfo a wɔyɛ dede ho, na ɛma wɔbɔ wɔn a wɔto mmara no fi anadwo 11:00 ne anɔpa 7:00 ntam no ka amonom hɔ ara. Mpɔtam tumidifo mpo wɔ tumi sɛ wogye afiri a wɔde bɔ nnwom denneennen no. Nanso, dede kɔ so ara.
Bere a dede a etuatua aso yɛ ɔhaw a ɛreyɛ kɛse ankasa no, ebia wo, sɛ obi a wotuatua w’aso no, wubesusuw nea wubetumi ayɛ ho. Afei nso, wobɛyɛ dɛn atumi agyae dede yɛ? So asomdwoe ne kommyɛ bɛba da bi? Kenkan nsɛm a edidi so no fa nya ho mmuae.