Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 11/8 kr. 10-11
  • Asomdwoe ne Kommyɛ Bɛba Da Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomdwoe ne Kommyɛ Bɛba Da Bi?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwanside Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wodi So
  • So Dede To Betwa?
  • Dede—Nea Wubetumi Ayɛ Wɔ Ho
    Nyan!—1997
  • Dede—Ɔhaw a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ
    Nyan!—1997
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 11/8 kr. 10-11

Asomdwoe ne Kommyɛ Bɛba Da Bi?

BERE a wobisaa Britain nsrahwɛfo nea wɔhwehwɛ wɔ amannɔne nsrahwɛ mu no, ɛkaa kakra ma wɔn mu 4 biara mu 3 buae sɛ, “Asomdwoe ne kommyɛ.” Nanso bere a dede a etuatua aso yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase baabiara no, nnipa pii gye di sɛ nokware asomdwoe ne kommyɛ yɛ anidaso hunu.

Ɛmfa ho mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtew dede a etuatua aso so no, ebia wubedwen ho sɛ, yebetumi agye adi ankasa sɛ wobedi nkonim koraa da bi. Na afoforo a wɔne wo nyɛ adwene no nso ɛ?

Akwanside Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wodi So

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wo ne nnipa a wɔn asɛm yɛ den bɛkasa, na kampɛsɛ woama wɔate w’asɛm ase. Bere a mmofra bi a wɔadu mpanyin afe so a wɔn ho yɛ dede twa hyiae wɔ ofie a Ron te mu ho no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne wɔn bɛfa nnamfo. Obisaa wɔn din. Ɔboa maa wosiesiee wɔn sakre ahorow no mu biako a na asɛe mpo. Efi saa bere no, wɔnhaw n’adwene bio.

Fa Marjorie, ɔwofo bi a onni ɔhokafo a ɔwɔ ɔbabea a wadu mpanyin afe so, a ɔte ɔdan bi a afipamfo a ɔhyɛ wɔn ntam no ho wɔ dede mu no sɛ nhwɛso. Kapɛt nsɛw wɔn a wɔte abansoro dan a ɛwɔ n’atifi no dan mu. Enti, Marjorie hu sɛ mpaboa a ntwahonan wɔ ase a wotwiw wɔ wɔn dan no mu, bɔɔl a wɔde bobɔ fam, anaa aforosian a wodi wɔ mpa so mpo haw no. Afei nso, wɔn maame hyɛ nkuronnua wɔ fie. Marjorie kɔɔ ne fipamfo no nkyɛn ayamye so kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ komm, nanso esiane sɛ wɔn mu biara nte ne yɔnko kasa nti, ɛde abasamtu bae. Kurow no mu baguafo ayɛ no sɛ wɔbɛsoma kasa asekyerɛfo bi ma wakɔboa ma wɔadi ɔhaw no ho dwuma, enti Marjorie twɛn sɛ nneɛma bɛyɛ yiye.

Ɔbarima bi a ɔbɔ nnwom denneennen anɔpa nnɔnson kosi nnɔnwɔtwe biara, a ɛnne a emu yɛ duru no gyigye yiye te n’ase wɔ abansoro dan no mu. Ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn anifere so, nanso mmuae a ɔbarima no de maa no ne sɛ ohia nnwom no na ‘ɔde akanyan ne ho ama n’adwuma.’ Marjorie bɛyɛ dɛn agyina ano?

Ɔka sɛ: “Mede ahosodi ne abotare redi dwuma. Masan ayɛ me dwumadi ho nhyehyɛe foforo, na metra ase kan ade ɛmfa ho dede no. Mihu sɛ ɛnkyɛ na matumi de m’adwene asi nhoma no so. Afei mente dede no pii bio.”

Heather nso te ofie bi a ɛbɛn asanombea bi a bere a wɔayɛ dede anadwo no, wɔtom bɛyɛ anɔpa nnɔnsia. Ɛwom sɛ akyiri yi ɔde asɛm no kɔdan ɛhɔnom tumidifo de, nanso wɔnyɛɛ biribi mfa nsiw ɔhaw no ano ahe biara.

So Dede To Betwa?

Ɔbenfo Ross Coles a ɔwɔ Britain Nnuruyɛ mu Nhwehwɛmu Bagua Asoɛe a Wɔyɛ Aso Ho Nhwehwɛmu no ka sɛ: “Kommyɛ koraa haw nnipa pii, na eyi wɔn hu.” Nnomaa nnwom a ɛyɛ dɛ, asorɔkye a ɛbɔ gu mpoano anhwea so brɛoo, anigye a mmofra de teɛteɛm—eyinom ne nnyigyei afoforo ma yɛn ani gye. Ɛwom sɛ ebia yɛn kɔn dɔ sɛ yebenya ahotɔ afi dede ho seesei de, nanso yɛn ani gye sɛ yɛne yɛn ayɔnkofo a wɔfata no bedi nkɔmmɔ. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma n’asomfo anokwafo anya asomdwoe ne kommyɛ.

Odwontofo no ka wɔ Bible mu sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11) Onyankopɔn soro Ahenni nniso no de ne ho begye nnipa nsɛm mu nnansa yi ara. (Daniel 2:44) Afei, wɔ Kristo Yesu nniso ase no “asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.”—Dwom 72:7; Yesaia 9:6, 7.

Wubetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn ho a ɔde begye asɛm mu no de asomdwoe ne kommyɛ a yɛn nyinaa hwehwɛ no bɛba, sɛnea Onyankopɔn diyifo Yesaia ka siei no ara pɛ: “Trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa; na me man bɛtra . . . kommyɛ homebea.”—Yesaia 32:17, 18.

Seesei mpo, wubetumi ahu honhom fam asomdwoe ne kommyɛ wɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow ase wɔ baabi a wote no. Ɛwom sɛ bere bi mu no nnipa mpem du du pii hyiam ma ɔsom wɔ amantam nhyiam akɛse ase—na ‘mmarima, mmea, ne mmofra no yɛ dede’ ankasa wɔ nhyiam ahorow yi ase—de, nanso nnyigyei no nhaw adwene, na mmom ɛyɛ anigye. (Mika 2:12) Ɛne Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no mmɔ na hu eyi, anaasɛ kyerɛw address ahorow a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no na ɛne wɔn nni nkitaho. Nya nokware asomdwoe ne kommyɛ wɔ wo ne wɔn abusuabɔ no mu nnɛ, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, akosi daa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena