Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 11/8 kr. 5-10
  • Dede—Nea Wubetumi Ayɛ Wɔ Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dede—Nea Wubetumi Ayɛ Wɔ Ho
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Dede a Etuatua Aso?
  • Ɔhaw Ahorow a Dede De Ba
  • Nea Wubetumi Ayɛ
  • Sɛnea Wubetumi Abɔ Wo Ho Ban Afi Dede Ho
  • Dede—Ɔhaw a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ
    Nyan!—1997
  • Asomdwoe ne Kommyɛ Bɛba Da Bi?
    Nyan!—1997
  • Nnyigyei A Ano Yɛ Den Ne Basaayɛ—Ɔkwan Bɛn So Na Ɛka Yɛn?
    Nyan!—1983
  • Wɔtwɛnee wɔ Yerusalem
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 11/8 kr. 5-10

Dede—Nea Wubetumi Ayɛ Wɔ Ho

DA BI a woabrɛ anwummere no, woda nnahɔɔ. Mpofirim ara, akraman a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ pɔ ma w’ani so tetew. Wodannan wo ho wɔ wo mpa so a wohwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ na dede a etuatua aso no agyae. Nanso ɛkɔ so ara. Akraman no kɔ so bobom. Bere a nnakorokoro ama wo bo afuw na woahaw, na afei w’ani atew koraa no, wususuw sɛnea w’afipamfo betumi agyina dede a ɛte saa ano no ho.

Nnipa gu ahorow wɔ sɛnea wonya dede ho koma ho. Wimhyɛn dede nhaw wimhyɛn gyinabea adwumayɛfo a wɔte bɛn baabi a wimhyɛn tu na esi no pii sɛ wɔn a wɔn adwuma a wɔyɛ mfa wimhyɛn ho no. Ɔbaa warefo a ɔde anyinam ahoɔden afiri di dwuma wɔ dede a ɛyɛ no ho koma koraa sen onipa a ɔwɔ ɔdan a edi so mu a ɔpɛ sɛ ɔkenkan nhoma anaasɛ ɔhwɛ TV no.

Dɛn Ne Dede a Etuatua Aso?

Nsonsonoe wɔ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ dede a etuatua aso mu wɔ aman horow mu. Wɔ Mexico no, dede yɛ “nnyigyei biara a ɛnyɛ dɛ a ɛhaw adwene anaasɛ epira nnipa.” New Zealand bu dede sɛ nea ɛmfata bere a “ɛsɛe obi asomdwoe, anigye ne ahotɔ sɛnea ɛnsɛ no.”

Nyansahufo baanu a wɔagye din, Alexander Graham Bell, a ɔyɛɛ telefon, ne Heinrich Hertz, Germanni a ɔyɛ abɔde a aniwa hu ho nimdefo no, yɛ nkurɔfo a wɔkyerɛ sɛ wɔn na wɔma wotumi susuw nnyigyei. Bel, anaa nea wɔtaa de di dwuma a ɛne decibel (bel nkyekyem du mu biako) no yɛ sɛnea wosusuw nnyigyei bi gyegyeegye a ɛyɛ, na hertz yɛ nnyigyei bi tenten. Sɛ wosusuw dede a, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɛtaa fa nnyigyei no decibel dodow ho.a

Nanso hena na ɔkyerɛ sɛnea nnyigyei bi haw adwene? Ɛyɛ wo a wote no! The Independent a ɛwɔ London no ka sɛ: “Ɛdefa sɛnea nnyigyei bi haw adwene ho de, onipa aso na etumi kyerɛ sen biribiara.”

Ɔhaw Ahorow a Dede De Ba

Esiane sɛ aso na etumi “kyerɛ” sɛnea dede bi te “sen biribiara” nti, ɛda adi sɛ ɛno ne akwaa a ebehu ho amane asen biara. Sɛ w’aso mu hon ntini mu nkwammoaa sɛe a, w’aso betumi asiw koraa. Ɛyɛ nokware sɛ ɛsonsono sɛnea nnipa tumi gyina nnyigyei gyegyeegye ano. Nanso sɛ obi taa tra nnyigyei a ano den boro decibel 80 kosi 90 mu a, ebetumi ama n’aso asiw nkakrankakra. Nokwarem no, sɛ dede no ano yɛ den kɛse a, ɛnsɛ sɛ wotra mu kyɛ da biara, na w’aso ansiw.

New Scientist nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ mfiri nketewa a wɔde bɔ nnwom a nkurɔfo de hyehyɛ wɔn aso mu a wɔtɔn wɔ France no ano den si decibel 113. Bere a ɛreka nhwehwɛmu bi a ɛyɛe ho asɛm no, ɛkae sɛ “rock nnwom a obi bɔ wɔ compact disc so bue no kɛse paa dɔnhwerew biako ano den boro decibel 100 mpɛn pii, na ano den tumi du bɛyɛ decibel 127.” Nea ɛyɛ aniberesɛm kɛse koraa ne ɔhaw a kɔnsɛt ase dede de ba no. Nhwehwɛmufo bi hui sɛ nnipa bi aboaboa wɔn ho ano gyinagyina akasam kɛse bi ho a ɛnka wɔn hwee. Ɔka sɛ: “M’ani so yɛɛ me tumm, ɛnne a emu yɛ duru no gyigyee me yam, na dede no maa m’aso mu kekaw me.”

Ɔhaw ahorow bɛn na dede yi betumi de aba wo so? Nhoma bi ka sɛ: “Efi dede a ano nyɛ den pii so kosi nea ano yɛ den kɛse a wɔyɛ no daa so haw adwene, na ɛhyɛ ɔbrɛ ne abufuw.” Ɔbenfo Gerald Fleischer, a ɔwɔ Giessen Sukuupɔn mu wɔ Germany no ka sɛ: “Ɛnyɛ anigye nko na dede a wɔde guan obi ho ma ɔhwere, etumi hyɛ ɔbrɛ wɔ honam ne adwene mu nso.” Sɛnea Ɔbenfo Makis Tsapogas kyerɛ no, sɛ dede no ano yɛ den sen tebea afoforo a ɛhaw adwene a, ɛde adwenemhaw ne akwaa mu nyarewa ba.

Sɛ obi tra dede mu kyɛ a, ebetumi anya ne nipasu so tumi. Bere a Britain aban nhwehwɛmufo bisaa sɛnea wɔn a dede haw wɔn no te nka wɔ nkurɔfo a wɔyɛ dede ho no, wɔkaa ɔtan, aweredi, ne awudi mpo ho asɛm. Nanso, sɛ wɔtaa nwiinwii tia wɔn a wɔyɛ dede no a, ɛma wɔn ani bere. Obi a ɔkasa tia dede ka sɛ: “Dede brɛ nkurɔfo ayamye ano ase, na ɛde anibere ne nitan na ɛba.”

Nnipa pii a dede a etuatua aso haw wɔn no hu sɛ bere kɔ so no, ɛbɛyɛ nea wontumi nnyina ano. Ɛda adwene a ɔbea bi a n’afipamfo bɔ nnwom denneennen bere nyinaa no kura no adi: “Sɛ wɔhyɛ wo ma wutie biribi a wompɛ a, epira wo. . . . Sɛ dede no gyae mpo a, na yenim sɛ ebetumi afi ase bio.”

Ɛnde, so ɔkwan biara nni hɔ a wubetumi afa so adi dede a etuatua aso ho dwuma?

Nea Wubetumi Ayɛ

Bere a dede kɔ so wɔ baabiara no, nkurɔfo nhu mpo sɛ wɔreyɛ dede haw afoforo. Sɛ wonim a, akyinnye biara nnim sɛ anka wɔn mu binom begyae adeyɛ a ɛhaw afoforo no. Eyi nti na ofipamfo bi a ɔyɛ dede nkyɛn a yɛbɛkɔ wɔ adamfofa kwan so no betumi ayɛ nea ɛfata no. Obi bo fuwii n’afipamfo wɔ nsɛm a wɔde kɔɔ aban adwumayɛfo hɔ sɛ ne ho yɛ dede no ho. Ɔkae sɛ: “Na misusuw sɛ sɛ dede no haw wɔn a, anka wɔbɛba abɛka akyerɛ me.” Maame bi a ɔtoo pon maa mmofra nkumaa bi ho dwiriw no bere a aban dwumayɛni bi a ɔrehwehwɛ dede ho nsɛm mu ne no bɛkasae no. Ɔkae sɛ: “Me yam a anka wɔn a wɔde asɛm no kɔe no bɛbɔɔ me pon mu kae sɛ wɔn ani nnye ho.” Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Britain aban dwumayɛni bi a ɔhwɛ mpɔtam akwahosan ho nsɛm so ho dwiriw no sɛ ohui sɛ wɔn a wonwiinwii wɔ dede a wɔyɛ wɔ fie ho no ɔha biara mu 80 nka nkyerɛɛ wɔn afipamfo sɛ wɔmmrɛ dede a wɔyɛ ase no.

Kasa a nkurɔfo ne wɔn afipamfo a wɔyɛ dede nkasa no kyerɛ obu a wonni mma wɔn ho wɔn ho. Mmuae a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka, na wɔtaa nya, ne ‘Sɛ mepɛ sɛ mebɔ nnwom a, metumi abɔ. Mewɔ hokwan sɛ meyɛ saa!’ Wosuro sɛ ayamye mu a wobefi akyerɛ sɛ wɔmmrɛ ɛnne no ase no betumi akowie ntawntawdi mu bere a ofipamfo a ɔyɛ dede no kyerɛ sɛ ɛho asɛm a wɔka no yɛ wɔn ho a wɔde hyehyɛ afoforo nsɛm mu no. Hwɛ awerɛhosɛm a ɛyɛ sɛ eyi fa ɛnnɛ wiase nnipa ho! Hwɛ sɛnea ɛte sɛ Bible mu asɛm a ese “mmere a emu yɛ den” yi mu no, nnipa dodow no ara bɛyɛ ‘ahopɛfo, ahantanfo, wɔn a wɔyɛ keka, ne atirimɔdenfo no’!—2 Timoteo 3:1-4.

Egyina ɔkwan a nea dede no haw no no fa so no so titiriw. Woman’s Weekly nsɛmma nhoma no de ɔkwan a edi so yi a wɔfa so di tebea a emu yɛ den ho dwuma bere a wɔasɔre atia anwiinwii katee bi no mae: “Ɔdɔ ne ntease mu a obefi aka sɛ, ‘Kosɛ—me bo fuwii efisɛ sɛ mantumi anna a, mebrɛ yiye’ ne nea ebia ehia na ama ɔne [afipamfo a wosusuw sɛ nea wɔyɛ fata] no asiesie wɔn ntam asɛm.” Ebia wɔde anigye beyi wɔn afiri a wɔde bɔ nnwom no afi ɔfasu a etwa ntam no ho na wɔabrɛ no ase kakra.

Nokwarem no, mfaso wɔ so sɛ wohwɛ ma wo ne w’afipamfo ntam abusuabɔ yɛ papa bere nyinaa. Aban mpanyimfo bi de wɔn ho gye afipamfo a wɔko tia wɔn ho wɔn ho nsɛm mu de siesie wɔn ntam. Esiane abufuw a asɛm no a wɔde kɔdan aban adwumayɛfo de ba nti, ɛsɛ sɛ wobu aban adwumayɛni bi a wɔbɛfrɛ no no sɛ “adeyɛ a etwa to koraa.”

Sɛ wopɛ sɛ wutu kɔtra baabi foforo a, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wohwɛ nneɛma a ebetumi ayɛ dede atuatua w’aso ansa na woayɛ ɛho nhyehyɛe ahorow no awie koraa. Nsase ne adan tɔ ne ne tɔn ho akonkosifo hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wokɔhwɛ baabi a wopɛ sɛ wokɔtra no mmere ahorow, na wohwɛ sɛnea ɛhɔ dede te. Wubetumi abisa wɔn a wɔte mpɔtam hɔ no adwene. Sɛ ɛba sɛ wuhyia ɔhaw bi bere a woatu akɔtra wo fie foforo no mu akyi a, bɔ mmɔden di ho dwuma wɔ adamfofa kwan so. Mansotwe taa de nitan ba.

Nanso sɛ wote baabi a wɔyɛ dede na wuntumi ntu nkɔtra baabi foforo nso ɛ? So ɛsɛ sɛ wokɔ so hu amane daa? Ɛnkyerɛ saa.

Sɛnea Wubetumi Abɔ Wo Ho Ban Afi Dede Ho

Hwɛ nea wubetumi ayɛ de abɔ wo fie ho ban afi dede a efi abɔnten ba ho. Hwɛ afasu ho ne ɛfam hwɛ sɛ ebia ntokuru bi nneda hɔ a wubetumi asisiw anaa. Hwɛ mmeae a anyinam nkanea ho nneɛma fomfam no titiriw. So ntokuru nneda ho?

Dede taa fa apon ne mfɛnsere mu na ɛkɔ ofie mu. Mfɛnsere ahwehwɛ no a wobɛyɛ no abien (ahwehwɛ a ɛtaa so abien abien) betumi abrɛ dede ano ase. Foam ketewaa bi a wode bɛto w’apongua ano bɛma ɔpon no mu ato yiye. Ntwironoo a wobɛyɛ na woasan de ɔpon ato ano besiw kar dede a ɛba wo dan mu no ano.

Ɛwom sɛ kar ho dede redɔɔso ntɛmntɛm de, nanso wɔn a wɔyɛ kar no reyɛ nneɛma ne akwan foforo a wɔbɛfa so ama nnyigyei a ano yɛ den wɔ wo kar mu no abrɛ ase bere nyinaa. Ntwahonan a ɛnyɛ dede pii a wode begu wo kar ase nso boa. Wɔ aman pii mu no, akwan horow a wɔasɔ ahwɛ ama wɔayɛ nneɛma te sɛ nea wɔfrɛ no “kɔnkrit a ennyigye,” a wɔma mmosea no bi puepue, ma enti ntwahonan no fã ketewaa bi pɛ na ɛkã kwan no so. Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔkwan yi a wɔde di dwuma no tew dede so bɛyɛ decibel abien wɔ kar nketewa mu ne decibel biako wɔ lɔre akɛse mu. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea eyi nnɔɔso ahe biara de, nanso sɛ dede so tew decibel abiɛsa a ɛtew dede a kar yɛ no so fã!

Seesei wɔn a wɔpae akwan yɛ akwantempɔn a, wɔma ɛda pempe ntam, ma enti etumi tew dede so yiye. Baabi a wontumi nyɛ eyi mpo no, wogye ban soronko te sɛ nea ɛwɔ London apuei fam a wɔde asukɔn so nnua a wɔanwene ayɛ de agye ho ban na ɛbɔ wɔn a wɔtete bɛn kwantempɔn no ho ban fi dede a ɛmfata ho no.

Nnyigyei a ɛtwetwe adwene a wɔde nea wɔfrɛ no dede fitaa siw ano—sɛ nhwɛso no, mframa a egyina faako anaa nea ɛrebɔ—no betumi ayɛ nea mfaso wɔ so wɔ mmeae bi, te sɛ adwumayɛbea adan mu.b Wɔ Japan no, wɔtɔn nnakabɛn a ɛnyɛ dede wɔ gua so. Sɛ anka wobemia hama no so no, ade a womia so no kanyan anyinam ahoɔden nhama a wɔahyehyɛ wom no ma ɛde nnyigyei no kɔ akasam a wɔde hyehyɛ aso mu mu, ma nea ɔrebɔ no te.

Nyansahufo de nnɔnhwerew pii reyɛ nhwehwɛmu ayɛ biribi a wɔfrɛ no ade a esiw dede ano. Titiriw no, nea eyi kyerɛ ne sɛ wɔde biribi foforo a egyigye bɛyɛ nnyigyei a ebetwa tumi a dede wɔ mu no bedi dwuma. Nokwarem no, eyi hwehwɛ nnwinnade ne sika pii a wɔde bedi dwuma, na enyi ade a ɛde ɔhaw no ba no mfi hɔ ankasa. U.S.News & World Report ka sɛ: “Enkosi sɛ nnipa befi ase abu dede sɛ nnyigyei mu nwura no, ade a wɔde siw dede ano bɛyɛ ɔkwan biako pɛ a wɔbɛfa so anya kommyɛ wɔ bere tiaa bi mu.” Ebetumi aba saa, nanso so kommyɛ ne dede a etuatua aso ano aduru?

So asomdwoe ne kommyɛ a ɛbɛba wo fie ne wo mpɔtam ho anidaso bi wɔ hɔ? Yɛn asɛm a edi hɔ no ma yɛn nokware anidaso.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔtaa de meter na esusuw dede nnyigyei wɔ decibel mu. Esiane sɛ aso te sɛnea nnyigyei bi tenten te yiye sen afoforo nti, wɔyɛɛ meter no na ayɛ adwuma saa ara.

b Sɛnea hann nketenkete nyinaa na ɛka bom yɛ kanea fitaa no, saa ara na nnyigyei nyinaa a wotumi te a ano den reyɛ ayɛ pɛ na ɛka bom yɛ dede fitaa.

[Kratafa 6 adaka]

Sɛnea Wubetumi Ayɛ Ofipamfo a Ne Ho Nyɛ Dede

● Susuw w’afipamfo ho bere a woyɛ biribi a ɛyɛ dede no, na di kan bɔ wɔn amanneɛ.

● Sɛ ofipamfo bi ka sɛ ma wo dede no nkɔ fam a, tie no.

● Hwɛ sɛ woremma w’anigye nyɛ ɔhaw mma w’afipamfo.

● Kae sɛ dede ne nnyigyei gyigye gu asa so ne adan mu ntɛm so.

● Fa ofie adwinnade bi a ɛyɛ dede si ade a ɛyɛ tofoo so.

● Hwɛ hu sɛ wubenya obi a wubetumi afrɛ no ma wabɛyɛ wo fie ne wo kar mu abɛn a ɛbɛsɛe no yiye.

● Nyɛ adwuma a ɛyɛ dede na mfa ofie nnwinnade a ɛyɛ dede nni dwuma ɔdasum.

● Mmɔ nnwom mma ne nnyigyei nnhyɛ w’afipamfo abufuw.

● Nnyaw akraman nkutoo wɔ fie mma ɛnkyɛ.

● Mma mmofra nnhuruhuruw wɔ ɔdan mu, na anhaw nkurɔfo a wɔwɔ ase no adwene.

● Mmɔ kar abɛn, nkeka apon nhwe mu, na nsɔ wo kar engine nhwɛ anadwo.

[Kratafa 7 adaka/mfonini]

Dede ne Wo

The Times ka sɛ: “Dede ne mfiridwuma mu ade a epira a ahyeta sen biara wɔ Britain nnɛ, na asotiw ne ade a ɛtaa de ba.” Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ nnwuma mu akwahosan ho kyerɛ sɛ dede a ɛboro decibel 85 betumi apira yafunum ba. Esiw abofra no aso, na akokoaa no betumi anya awosu mu ɔhaw ahorow, na wadi dɛm wɔ awo mu nso.

Dede a ano yɛ den mu a wobɛtra no ma wo ntini a mogya fa mu no ka fam, na ɛma mogya a ɛfa mu kɔ wo nkwaa mu no so tew. Ɛma wo nipadua no yɛ ahommoa bi a ɛma wo mogya ano yɛ den na ɛma wo koma bɔ ntɛmntɛm, na ɛtɔ mmere bi a wo koma bɔ paripari anaasɛ ɛma wo menem yɛ kuru mpo.

Sɛ dede gyigye wo wɔ wo da biara da adeyɛ mu a, ebetumi de ɔhaw afoforo aba. Sɛ biribi sɛe wo nna a, ebetumi aka adwuma a woyɛ no adekyee no. Ebia dede rentew ahoɔhare a wode yɛ adwuma no so, nanso ebetumi ama woayɛ mfomso pii.

[Kratafa 9 adaka/mfonini]

Ahobammɔ Wɔ Adwuma Mu

Sɛ adwuma mu dede haw wo a, susuw ho na hyɛ biribi a ɛbɛbɔ w’aso ho ban.* Ade a wɔde kata aso a wode bɛhyɛ wo ti wɔ baabi a dede ano yɛ den no tumi boa. Ɛwom sɛ ɛbɛma ayɛ den sɛ wubetumi akyerɛ baabi a nnyigyei no fi ba de, nanso mfaso a ɛwɔ so ne sɛ wutumi te kasa ne mfiri kɔkɔbɔ ahorow. Ɛsɛ sɛ ade a wode tuatua w’aso no yɛ nea ɛfata wo, na sɛ wowɔ asoyare anaasɛ w’aso mu taa keka wo a, ɛnde ɛmfata sɛ wohyɛ.

Mfiri a wosiesie no sɛnea ɛfata tumi tew dede so. Afiri a wɔde si rɔba so betumi atew dede a etuatua aso no so, na saa ara na afiri a ɛyɛ dede a wogye ho nso yɛ.

* Aman pii mu mmara hwehwɛ sɛ adwumawuranom hwɛ ma wɔn adwumayɛfo hyɛ ade a ɛbɔ wɔn aso ho ban.

[Kratafa 8 mfonini]

Wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban wɔ kar dede ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena