So Wunim?
(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 27. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures,” nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)
1. Kurow bɛn na na ɛda Bɔhyɛ Asase no atifi ne beae a ɛkorɔn sen biara wɔ Palestina mpɔtam hɔ no? (Yosua 12:1)
2. Su a Yehowa wɔ a wɔhwehwɛ wɔ nnipa ho bɛn na ɛnyɛ mmerɛwyɛ? (Dwom 18:35, NW)
3. Asiriafo akofo baahe na Yehowa bɔfo kunkum wɔn anadwo biako no? (2 Ahene 19:35)
4. Hena na ɔde aduhaum a ne bo yɛ den paa kɔsraa Yesu nan ho na ɔde ne nhwi popae no? (Yohane 12:3)
5. Na wɔfrɛ Hebrifo awogyefo a wobuu ahyɛde a Farao de mae sɛ wonkum nkokoaa a wɔyɛ mmarima no so a Yehowa hyiraa wɔne wɔn mmusua no dɛn? (Exodus 1:15-21)
6. Yuda hene bɛn na na ɛtɔ da a odi mfomso wɔ ne mfe 41 a ɔde dii ade mu nanso wobuu no ɔhempa no? (1 Ahene 15:14, 18)
7. Wɔ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ nneɛma nyinaa foforo mu no, aboa bɛn na wɔkaa ne ho asɛm sɛ ‘ɔbɛwe wura sɛ nantwi no’? (Yesaia 65:25)
8. Dɛn nti na mmofra ne mpanyin a na wɔwɔ Sodom no nyinaa kotwaa Lot fie ho hyiae? (Genesis 19:4, 5)
9. Dɛn na Yehowa yɛ de maa Filistifo no bɔ hwetee na wodii nkogu de buaa Samuel mpaebɔ no? (1 Samuel 7:9, 10)
10. Asɛm bɛn na Mose ka kyerɛɛ Farao de kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɔma Israelfo no kɔ? (Exodus 5:1)
11. Dua a ɛsow aba bɛn baa na wɔde yɛ asomdwoe ho nsɛnkyerɛnne? (Hwɛ Yesaia 17:6.)
12. Nhoma bɛn na Yohane dii kan kyerɛw wɔ ne nhoma anum a ɛwɔ Bible mu no mu?
13. Hena na mmebusɛm no ka ne ho asɛm sɛ “ne kunu abotiri” no? (Mmebusɛm 12:4)
14. Hena na na ɔfata sɛ ogye Ɔhene Dawid akyɛde nanso ɔpoe esiane sɛ na wadi mfe 80 no nti? (2 Samuel 19:31-36)
15. Ɔsoro nsoromma a egyina hɔ ma abɔfo ahe na wɔka sɛ Satan adaadaa wɔn? (Adiyisɛm 12:4)
[Mmuae wɔ kratafa 27]
1. Hermon Bepɔw
2. Ahobrɛase
3. 185,000
4. Maria, a ɔyɛ Marta ne Lasaro nuabea
5. Sifra ne Pua
6. Asa
7. Gyata
8. Na wɔpɛ sɛ wɔne abɔfo a wɔabɛsra no no da
9. Aprannaa
10. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔhyɛ fã ama Yehowa wɔ sare so
11. Ngo dua
12. Adiyisɛm
13. “Ɔyepa”
14. Gileadni Barsilai a ofi Rogelim
15. Nkyem abiɛsa