Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Sigaretnom?
SIGARETNOM nye mma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtra nkwa mu kyɛ na wonya asetra a anigye wom no. Sɛ woyi nnipa 2 a wɔanom sigaret akyɛ si hɔ a, emu 1 na ebetumi akum no. Wiase Akwahosan Ahyehyɛde no (WHO), kwankyerɛfo panyin kae sɛ: “Sigaret yɛ. . . aguade a wɔde anifere ayɛ a ɛma nea ɔnom no nya nicotine dodow a ɛfata no na ama ne nom aka no hɔ ne nkwa nna nyinaa ansa na akum no.”
Ade biako a enti ɛsɛ sɛ wugyae sigaretnom ne sɛ ɛsɛe akwahosan ne nkwa. Wɔakyerɛ sɛ sigaretnom de nyarewa bɛboro 25 a ekum nnipa ba. Sɛ́ nhwɛso no, ɛyɛ ade titiriw a ɛde komayare, nipadua fã a edwudwo, menewa mu nyarewa a enni sabea, ahonhon, ne kokoram ahorow, titiriw ahrawa mu kokoram ba.
Nokwarem no, ebia obi bɛnom sigaret mfe pii ansa na saa nyarewa yi mu biako aka no. Nanso, sigaretnom mma afoforo ani nnye obi ho kɛse. Aguade ho dawurubɔ ka sɛ wɔn a wɔnom sigaret no ho yɛ fɛ na wɔwɔ ahoɔden. Ɛnyɛ nokware. Sigaretnom ma obi anom bɔn, na ɛhyew ne sẽ na ne nsateaa ho dodow. Ɛma mmarima ho wu. Ɛma nea ɔnom sigaret no bɔ waw na ontumi nhome yiye. Ɛda adi nso sɛ wɔn a wɔnom sigaret anim patuw twintwam na wonya honam ani nyarewa afoforo.
Sɛnea Sigaretnom Ka Afoforo
Bible ka sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Ɔdɔ ma wo yɔnkonom—na w’abusua mufo ne wo yɔnkonom a wɔbɛn wo paa—yɛ ntease a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ wugyae nom.
Sigaretnom pira afoforo. Kan no na obi a ɔnom sigaret betumi asɔ bi ano wɔ baabiara a obehu sɛ obiara renka ho asɛm. Nanso nnipa resakra wɔn su, efisɛ nnipa pii ahu sɛ asiane wɔ home a wɔhome wusiw a efi sigaret a afoforo nom mu ba no mu. Sɛ́ nhwɛso no, asiane a ɛwɔ hɔ sɛ obi a ɔnnom sigaret a ɔware nea ɔnom no betumi anya ahrawa mu kokoram no yɛ ɔha mu nkyem 30 sen sɛ anka ɔware nea ɔnnom bi no. Mmofra a wɔne awofo a wɔnom sigaret te no betumi ayare mpafe anaa ɔsafo wɔ wɔn mfe abien a edi kan wɔ wɔn asetra mu sen mmofra a wɔte afie a obiara nnom bi wom mu no.
Apemfo a wɔnom sigaret no de wɔn mma a wɔnwoo wɔn no nkwa to asiane mu. Nicotine, ne awuduru ne nnubɔne afoforo a ɛwɔ sigaret wusiw mu no kɔ ɛna no mogya nkwaadɔm mu na ɛkɔ abofra a ɔda awotwaa mu no ho tẽẽ. Nea efi mu ba no bi ne sɛ obetumi apɔn, abofra no betumi awu wɔ awo mu na nkokoaa a wɔwo wɔn foforo no betumi awuwu. Bio nso, asiane a ɛyɛ sɛ mmofra a wɔn awofo nom sigaret no betumi ahyia ɔpatuwu no kɔ soro.
Ka a Wobɔ no Sõ
Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ wugyae sigaretnom ne sɛ ɛbɔ ka kɛse. Nhwehwɛmu bi a Wiase Nyinaa Sikakorabea no yɛ kae sɛ afe biara ayaresa ho ka a sigaretnom ma wɔbɔ no bɛyɛ sɛ dɔla ɔpepepem 200. Ɛwom, saa nkontaabu yi nyɛ amanehunu ne ɛyaw a wɔn a wonya tawanom mu nyarewa te nka no ho hwee.
Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobebu ka a ankorankoro a wɔnom sigaret bɔ no. Sɛ wonom bi a, fa sika dodow a wode tɔ sigaret da koro no bɔ nna 365 ho. Eyi bɛma woahu sika dodow a wosɛe no afe biako. Fa saa sika no bɔ ho du, na sɛ wonom sigaret mfe du a, wubehu ka a sigaret bɛma woabɔ. Nea wubenya no bɛyɛ wo nwonwa. Dwen ade foforo a wubetumi de saa sika no ayɛ ho.
So Ɔhaw Nni Mu sɛ Wobɛsesa Mu?
Tawa nnwumakuw bɔ sigaret a wusiw mu bɔre ne nicotine kakraa bi na ɛwom ho dawuru—wɔkamfo kyerɛ sɛ sigaret a ano nyɛ den—sɛ ɔkwan a wɔnam so tew akwahosan ho asiane a sigaretnom de ba no so. Nanso wɔn a wogyae kɔnom sigaret a wusiw mu bɔre ne nicotine sua wom no kɔn dɔ sɛ wobenya nicotine dodow a na wonya kan no. Ne saa nti, wɔn a wogyae kɔnom sigaret a wusiw mu bɔre ne nicotine kakraa bi na ɛwɔ mu no taa nom sigaret pii, wɔtwe wusiw no huu mpɛn pii, anaasɛ wɔnom sigaret pii. Wɔn a wɔnsesa mu no mu pii fam no, akwahosan ho mfaso no sua koraa sɛ wɔde toto mfaso a ɛwɔ gyae a wogyae nom koraa no ho a.
Na abua ne tawa a wɔbobɔw nso ɛ? Ɛwom sɛ tawa nnwumakuw fi bere tenten akamfo abua ne tawa a wɔbobɔw akyerɛ sɛ wɔde hu obi gyinabea de, nanso ne wusiw di awu sɛ sigaret ara pɛ. Sɛ sigaretnomfo antwe tawa a wɔbobɔw anaa abua mu wusiw ankɔ wɔn mu mpo a, tumi a wobetumi anya ano, anom ne tɛkrɛma so kuru a enwu da no yɛ kɛse.
So asiane nni tawa a wɔnnom mu? Wɔyɛ eyi wɔ akwan abien so: asra ne tawa a wɔwe. Asra yɛ tawa a wɔayam no muhumuhu a wɔtɔn wɔ nkankyee anaa ne ntoa mu. Mpɛn pii no, wɔn a wɔde di dwuma no de hyɛ wɔn sẽ ase anaa wɔn afonom. Wɔtɔn tawa a wɔwe yi atenten, na ɛtaa hyehyɛ nnaka mu. Sɛnea edin no kyerɛ no, wɔwe, na wɔntaforo. Asra ne tawa a wɔwe nyinaa ma anom bɔn, ɛhyew ɛsẽ, ɛma anom ne menewa mu kokoram, ɛma nicotine ka obi hɔ, ɛma onya anom kuru a entumi nwu, ɛwaawae ne sẽ akyi nam, na ɛsɛe ne sẽ ho nnompe. Nokwarem no, tawa a wɔtaforo ho anaa wɔwe nyɛ ade a nyansa wom a wɔbɛyɛ de asi sigaretnom ananmu.
Ne Nom a Wogyae So Mfaso
Fa no sɛ woyɛ obi a wanom sigaret akyɛ. Bere a wugyae nom no dɛn na ɛba? Sɛ wonom nea etwa to no wie a, simma 20 akyi no tumi a ɛwɔ wo mogya mu no so tew ba nea ɛsɛ sɛ ɛda. Dapɛn biako akyi no, nicotine fi wo nipadua mu. Ɔsram biako akyi no waw a wobɔ, wo hwene mu a esiw, ɔbrɛ, ne sɛnea wuntumi nhome yiye no nyinaa so tew. Mfe anum akyi no, na tumi a ahrawa mu kokoram betumi akum wo no so atew aba ɔha mu 50. Mfe 15 akyi no, na komayare ho asiane so atew abɛyɛ te sɛ obi a ɔnnom sigaret da koraa de.
W’aduan bɛyɛ wo dɛ yiye. W’anom, wo ho ne wo ntade mu bɛyɛ huam. Wunhyia sigaret tɔ ho haw anaa ɛka bio. Wobɛte nka sɛ woadi nkonim. Sɛ wowɔ mma a, wo nhwɛso no bɛma nom a wɔbɛnom sigaret no so atew. Wubetumi anya nkwa tenten. Bio nso, na woreyɛ Onyankopɔn apɛde, efisɛ Bible ka sɛ: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ho fi nyinaa ho.” (2 Korintofo 7:1) Nte nka sɛ ne gyae aka akyi dodo; sɛ wogyae ntɛm a, eye.
Nea Enti a Ne Gyae Yɛ Den
Ɛyɛ den sɛ wobegyae sigaretnom—ɛte saa wɔ wɔn a biribi kanyan wɔn kɛse no mpo fam. Nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ nicotine yɛ aduru a ne nom ka obi hɔ yiye. WHO ka sɛ: “Bere a na wɔrekyerɛ nnuru a etumi nya adwene so nkɛntɛnso no mu nea ne nom ka obi hɔ paa no, wohui sɛ nicotine tumi ka obi hɔ kɛse sen heroin [ne] cocaine.” Esiane sɛ nicotine nte sɛ heroin ne cocaine nti, ɛmma wonhu biribi titiriw biara a ɛkyerɛ sɛ ama obi abow, enti ɛyɛ mmerɛw sɛ wobebu tumi a ɛwɔ mu no adewa. Nanso anigye kakra nka a ɛma wɔte no ma nnipa dodow no ara kɔ so nom sigaret sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya saa nkate no mpɛn pii. Nicotine sakra wo tebea; ɛbrɛ wo dadwen ase. Nanso, dadwen a sigaret brɛ no ase no fã bi fi obi kɔn a ɛdɔ nicotine ankasa no.
Bio nso, sigaretnom gyae yɛ den efisɛ ɛbɛyɛ obi suban ankasa. Wɔ ka a nicotine ka sigaretnomfo hɔ nyinaa akyi no, ɛtaa bɛyɛ wɔn su sɛ wɔbɛsɔ na wɔanom no daa. Ebia ebinom bɛka sɛ: ‘Ɛyɛ biribi a wode wo nsa yɛ.’ ‘Ɛma wonya biribi yɛ.’
Ade a ɛto so abiɛsa a ɛma ɛyɛ den sɛ obi begyae ne sɛ abɛyɛ da biara da asetra fã. Afe biara tawa nnwumakuw no sɛe bɛyɛ dɔla ɔpepepem asia de bɔ dawuru de kyerɛ sɛ sigaretnomfo ho yɛ fɛ, wɔbɔ wɔn ho mmɔden, wɔwɔ akwahosan pa, na wonim nyansa. Mpɛn pii no wɔtaa da wɔn adi sɛ wɔtete apɔnkɔ so, woguare wɔ nsu mu, wɔbɔ tɛnis, anaasɛ wɔyɛ biribi foforo a ɛyɛ anigye. Sini ne television so dwumadi yi nnipa a wɔrenom sigaret kyerɛ—bere nyinaa a ɛnyɛ nsɛmmɔnedifo. Mmara ma kwan ma wɔtɔn tawa na ɛkame ayɛ sɛ abu so baabiara. Yɛn mu dodow no ara bɛn obi a ɔnom sigaret. Wuntumi nkwati saa nkɛntɛnso ahorow yi.
Awerɛhosɛm ne sɛ aduru biara nni hɔ a wobɛnom a ebetumi ama sigaret ho akɔnnɔ agyae sɛnea asprin tumi ma tipae gyae no. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ obi nkuran na ama watumi adi den a ɛyɛ sɛ obegyae nom no so. Ɛhwehwɛ sɛ obi nya ahofama a emu yɛ den bere tenten te sɛ bere a ɔpɛ sɛ n’ankasa so tew no. Nkonimdi gyina nea ɔnom sigaret no ara so.
[Adaka wɔ kratafa 15]
Dɛn na Ɛwɔ Sigaret Wusiw Mu?
Bɔre wɔ sigaret wusiw mu, na nnuru bɛboro 4,000 na ɛwom. Wonim sɛ saa nnuru yi mu 43 ma kokoram. Emu bi ne cyanide, benzene, methanol, ne acetylene (ngo bi a wɔde gu akanea mu). Awuduru abien, nitragen oxide ne carbon monoxide na ɛwɔ sigaret wusiw mu. Nea ɛwom titiriw ne nicotine a agye nnipa pii mogya mu no.
[Adaka wɔ kratafa 15]
Ne Nom Ka Wɔn Hɔ Ntɛm
Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States kyerɛ sɛ awiei koraa no, sigaretnom ka mmofra 4 a wɔnom bi hwɛ no mu 1 hɔ. Ná eyi ne wɔn a wɔsɔɔ cocaine ne heroin hwɛe a ne nom aka wɔn hɔ no dodow yɛ pɛ. Ɛwom sɛ wɔn a wɔadu mpanyin afe so mu ɔha mu 70 anu wɔn ho sɛ wofii ase nom sigaret de, nanso kakraa bi na wotumi gyae nom.
[Adaka wɔ kratafa 16]
Wo Dɔfo a Wobɛboa No Ma Wagyae Nom
Sɛ woyɛ obi a wonnom sigaret a wunim asiane a ɛwom a, ɛbɛhaw wo bere a wo nnamfo ne w’adɔfo kɔ so nom sigaret no. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn ma wɔagyae nom? Anwiinwii, kyɛwpa, ahunahuna, ne fɛwdi ntaa mma wonnyae nnom. Saa ara nso na animka remma wonnyae nom. Sɛ́ anka eyi bɛma sigaretnomfo no agyae nom mmom no, ɔbɛnom sigaret de adwudwo ɛyaw a eyi ma ebia odi no ano. Enti bɔ mmɔden sɛ wobɛte sɛnea ne gyae yɛ den, ne sɛ ɛyɛ den ma ebinom sen afoforo no ase.
Wuntumi mma obi nnyae sigaretnom. Ɛsɛ sɛ onipa a ɔnom sigaret no na ɔda ahoɔden ne ahotoso a ɛbɛma wagyae nom no adi. Ehia sɛ wuhu ɔdɔ akwan a wobɛfa so ahyɛ no nkuran na woaboa nea ɔpɛ sɛ ogyae no.
Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Wɔ bere a ɛsɛ mu no da ɔdɔ a wowɔ ma onipa no adi na ka sɛ ne sigaretnom no haw wo. Kyerɛkyerɛ mu sɛ wobɛboa no wɔ gyinae biara a obesi sɛ obegyae nom no mu. Nanso, sɛ wofa saa kwan yi so mpɛn pii a, ɛrentu mpɔn na ɛrenni atirimpɔw no ho dwuma.
Sɛ wo dɔfo si gyinae sɛ obegyae nom a, dɛn na wobɛyɛ? Ma ɛntra w’adwene mu sɛ ebia obehu ho haw horow bi te sɛ abufuw ne adwenenhaw, na mfiase no n’asetra bɛyɛ den. Ɔhaw no bi nso ne tipae ne kɔdaanna. Kae wo dɔfo no sɛ saa ɔhaw yi yɛ bere tiaa mu de, na ɛkyerɛ sɛ nipadua no resakra anya akwahosan foforo. Kyerɛ anigye na nya adwempa. Ka sɛnea w’ani agye sɛ ɔregyae no ho asɛm kyerɛ no. Bere a ɔregyae nom nyinaa mu no, boa wo dɔfo no ma ɔnkwati ɔhaw horow a ɛbɛma wasan akɔnom bio.
Na sɛ ɔsan kɔnom bio nso ɛ? Bɔ mmɔden sɛ worenyɛ ade mma ɛntra so. Da mmɔborohunu adi. Bu tebea no sɛ ɛyɛ osuahu ma mo baanu nyinaa na ama mmɔden foforo a ɔbɛbɔ sɛ obegyae nom no ayɛ yiye.
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Afe biara tawa nnwumakuw no sɛe dɔla bɛyɛ ɔpepepem asia de bɔ dawuru