Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 5/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tawa Adwumakuw Gye Tom sɛ Tawanom De Kokoram Ba
  • Awikora Adan a Ɛresa
  • Bere a Ɛho Ayɛ Den
  • Kyakyatow Adi Australiafo Ti
  • Dadwen a Wubesiw Ano
  • Ahoɔfɛ a Edi Awu
  • “Henanom Afã na Onyankopɔn Gyina?”
  • Nnwuma a Ɛyɛ Hu
  • Nnomaa a Wɔn Ani Atew!
  • Sikafĩ
  • “Yare a Wɔtaa Nya Fi Mogya Mu Sen Biara”
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Kyakyatow Ho?
    Nyan!—2002
  • Kyakyatow Nnye Koraa Ampa?
    Nyan!—1992
  • So Bible Kasa Tia Kyakyatow?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Kyakyatow​—So Obi Di?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 5/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

Tawa Adwumakuw Gye Tom sɛ Tawanom De Kokoram Ba

Mfe pii a wɔde agye nneɛma a nnuruyɛfo ahu ho akyinnye akyi no, Philip Morris, sigaret adwumakuw a ɛso sen biara wɔ United States no agye atom seesei sɛ sigaretnom de ahurututu mu yare ne nyarewa foforo a edi awu ba. Adwumakuw no atesɛm krataa ka sɛ: “Nnuruyɛfo ne nyansafo nyinaa ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ sigaretnom de nyarewa te sɛ ahurututu mu kokoram, komayare, ntehyewa ne nyarewa foforo a emu yɛ den ba.” The New York Times ka sɛ, “kan no, na adwumakuw no ka . . . sɛ sigaretnom ka ‘nneɛma atitiriw’ a ebetumi de nyarewa te sɛ ahurututu mu kokoram aba no ho, nanso ɛnyɛ sɛ ɔkwan biara so no ɛno na ɛde nyarewa no ba.” Nanso, ɛmfa ho sɛ adwumakuw no agye eyi atom no, ɛka sɛ: “Yɛhoahoa yɛn ho yiye wɔ yɛn sigaret ne ɛho dawuru a yɛabɔ mfe a atwam no ho.”

Awikora Adan a Ɛresa

Aka kakraa bi na wɔasɛe awikora adan a ɛwɔ Canada atɔe fam asasetam so no nyinaa. Afe 1933 mu na na wɔwɔ awikora adan dodow a ɛsen biara bere a na emu 5,758 wɔ ɔman no nkuraase nyinaa no. Efi saa bere no, dodow no so atew koraa abedu 1,052. Dɛn ntia? Ɔbarima bi a ohui sɛ wɔresɛe awikora dan bi no bɔɔ abubuw sɛ: “Mmere asesa koraa. Ɛnnɛ, wɔtɔn nnɔbae no ntɛm ara. Mmusua regyae mfuw yɛ. Saa ara nso na wɔregyae awikora adan si.” Harrowsmith Country Life nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Asasetam a awikora adan nni hɔ no te sɛ Venice a osuka nni hɔ, ne New York a abansoro atenten nni hɔ anaasɛ Britain a nsatɔnbea nni hɔ.” Nnipa bi a wɔn ani gye awikora dan a wɔasisi wɔ Canada asasetam so ho no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora adansi ho adwinni a ɛtete saa no so. Wɔde awikora dan biako ayɛ tete nneɛma akorae, na wɔde foforo nso ayɛ adidibea.

Bere a Ɛho Ayɛ Den

Germanfo atesɛm krataa, Gießener Allgemeine bɔ amanneɛ sɛ, wɔ Europa nyinaa no, nnipa pii na bere ho ayɛ den ama wɔn. Saa ara na nnipa a wɔyɛ nnwuma wɔ mmeae foforo, wɔyɛ fie nnwuma, anaasɛ wɔregye wɔn ahome no, nso nni bere. Asetra ho nimdefo Manfred Garhammer a ɔwɔ Bamberg Sukuupɔn mu no ka sɛ: “Nnipa nnya bere nna, wodidi ntɛmntɛm, na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛkɔ adwuma sen mfe 40 a atwam no. Ohui sɛ obiara pere ne ho wɔ asetram daa wɔ Europa aman no nyinaa mu. Nnwinnade a ɛboa ma wotumi yɛ fie nnwuma ntɛmntɛm ne nnɔnhwerew a wɔde yɛ adwuma a ɛso atew no mpo mma wonnya “bere mfa nnye wɔn ahome” anaa “wonnya bere a ɛdɔɔso.” Mmom no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, bere a wonya ma adidi so atew simma 20, na nea wɔde da anadwo no so atew simma 40.

Kyakyatow Adi Australiafo Ti

The Australian bɔ amanneɛ sɛ: “Seesei, anyɛ yiye koraa no, kyakyatow ama Australiafo 330,000 a kyakyatow aka wɔn hɔ no akwahosan ho aba asɛm.” Sɛnea krataa no kyerɛ no, ɛlɛtrɔnik mfiri a wɔde tow kyakya wɔ wiase nyinaa no 5 biara mu bɛboro 1 na ɛwɔ Australia, baabi a mpanyimfo ɔha biara mu 82 tow kyakya no. Kuw a ɛreyɛ Australia kyakyatow adwumakuw mu nhwehwɛmu no hui sɛ Australia mpanyimfo ɔha biara mu 2.3 na kyakyatow aka wɔn hɔ a wontumi nyɛ ho hwee. Eyi mu ɔha mu 37 na wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wobedi wɔn ho dɔm, na bɛboro ɔha mu 11 na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm ankasa, na ɔha mu 90 na wɔkae sɛ wonyaa adwenemhaw a emu yɛ den esiane kyakyatow nti. Kuw no kyerɛe sɛ wɔnyɛ kyakyatow dwumadi mu nsakrae koraa, na ɛde nyansahyɛ mae sɛ wɔmfa kɔkɔbɔ nkrataa ntetare adan a wɔtow mu kyakya no ho.

Dadwen a Wubesiw Ano

So dadwen ahyɛ wo so? Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ El Universal mu no, Mexico Asoɛe a Ɛhwɛ Asetra Mu Nsɛm So no de nyansahyɛ a edidi so yi ma na wɔde ako atia dadwen. Da sɛnea wo nipadua no hia—nnɔnhwerew asia kosi du da biara. Di anɔpaduan a ahoɔden wom, awia aduan a ɛfata, ne anwummeduan a emu nyɛ duru. Afei nso, animdefo kamfo kyerɛ denneennen sɛ wobɛtew nnuan a srade pii wom so, atew nkyene a wudi so, na bere a woadi mfe 40 rekɔ no, woatew milk ne asikre a wudi so. Bɔ mmɔden sɛ wubenya bere de adwennwen nneɛma ho komm. Bio nso, abɔde mu nneɛma a wobɛdwennwene ho no betumi ama wo dadwen so atew.

Ahoɔfɛ a Edi Awu

The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ, ɔkwan a wɔfa so nnɛ ma obi anim a apompono tɔ so ne sɛ wɔde aduru bi a etumi ko tia yare mmoawa a ɛma nipadua pompono no bɛwɔ no. Aduru no ma anim ntini no yɛ mmerɛw, na nna kakraa bi mu no, ntini no mu gow koraa, na ɛma honamdua no tɔ so. Bere a wɔde aduru no awɔ obi ma adi bɛyɛ asram anan no, ɛma n’animdua tɔ so ma ɛyɛ fɔɔfɔɔ. Nanso, ɛde ɔhaw kɛse ba. Amanneɛbɔ no ka sɛ “wɔn a wɔde aduru yi di dwuma no anim tɔ so, nanso sɛ wɔreserew anaa womuna a, obiara ntumi nhu efisɛ wontumi mpegyaw wɔn ani ntɔn.” Krataa no ka sɛ, asɛm no ne sɛ wobɛyɛ ahoboa sɛ “w’anim dua no fã bi bɛsɛe na ama w’anim ayɛ fɛ sɛ abofra.”

“Henanom Afã na Onyankopɔn Gyina?”

Agumadi ho sɛnkyerɛwfo Sam Smith kyerɛw sɛ: “Ɛnyɛ nea merepɛ akyerɛ ne sɛ mɛbrɛ obi gyidi ase, nanso so nyamesuro a wɔda no adi wɔ baguam yi nkɔɔ akyiri yiye wɔ agumadi mu? Dɛn nti na bɔɔlbɔfo bɔ mpae bere a wɔadi nkonim no?” Smith ka sɛ, yetumi hu nso sɛ agumadifo koro yi ara a wɔbɔ mpae wɔ agumadi bi akyi no “dome sɛnkyerɛwfo” wɔ ɔdan a wosiesie wɔn ho no mu anaasɛ “wɔbɔ mmɔden sɛ wobepira agumadifo afoforo” bere a akansi no mu ayɛ den no. Ɔka sɛ susuw a yebesusuw sɛ Onyankopɔn gyina kuw bi akyi no “te sɛ nea yɛrebrɛ Onyankopɔn mu gyidi ase.” Enti, ɔde ba awiei sɛ: “Mommma yɛmmfa agumadi nnnan ɔsom.”

Nnwuma a Ɛyɛ Hu

Nnwuma du bɛn na ɛyɛ hu sen biara? Sɛnea akontaabu a U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Adwuma Ho Nsɛm So de too gua kyerɛ no, nnuatwafo na edi mu akoten, wɔn adwumayɛfo 100,000 mu 129 na wowuwui, na mpataayifo ne hyɛmma mu adwumayɛfo dii akyi pɛɛ, bere a mpataayifo 100,000 mu 123 ne hyɛmma mu nnipa 100,000 mu 94 na wuwui no. Nnwuma foforo a ɛyɛ hu a edidi so ne wimhyɛnkafo, atomfo, wɔn a wotu fagude, adansifo, taksi kafo, trɔk kafo, akuafo. Nanso, Scientific American bɔ amanneɛ sɛ, “adwumayɛfo dodow a wopirapira—nnipa 100,000 biara mu 4.7—no, so atew bɛyɛ ɔha biara mu 10” wɔ mfe anum a atwam no mu.

Nnomaa a Wɔn Ani Atew!

Fransefo adebɔ ho nsɛmma nhoma Terre Sauvage bɔ amanneɛ sɛ: “Nkasanoma a wɔwɔ Calcutta no bɔ mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkwati atiridiinini.” Animdefo ahyɛ no nsow sɛ esiane sɛ atiridiinini renya nkɔanim nti, nkasanoma no kɔ akyirikyiri kɔhwehwɛ nhabamma a quinine wom a wɔde sa atiridiinini no. Nnomaa no de nhabamma no yɛ wɔn buw na ɛda adi sɛ wodi nso. Nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɛte sɛ nea nkasanoma a wɔn ani gye kurow mu asetra ho nanso wosuro atiridiinini no anya ɔkwan a wɔbɛfa so abɔ wɔn ho ban.”

Sikafĩ

Guardian atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ, London sika bɛboro ɔha mu 99 na wɔte cocaine hua wɔ so. Animdefo yɛɛ sika ahorow 500 mu nhwehwɛmu, na wohui sɛ emu 496 na wɔtee aduru no hua wɔ so. Sika no ho gu fi bere a wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma aso mu no. Bere a wɔde saa sika yi ne afoforo gu afiri mu kan anaasɛ wɔkora so bom no, ɛma fi no ka foforo no nso. Cocaine abɛyɛ aduru a wɔn a wɔadi mfe 20 kosi 24 no de gye wɔn ani kɛse wɔ Britain. Sɛnea Adwumakuw a Ɛhwɛ Mmofra Nsɛm So wɔ London kyerɛ no, mmofra a wɔadu mpanyin mfe so twe cocaine efisɛ wɔte nka sɛ ɛma wonya nidi ne tumi kɛse.

“Yare a Wɔtaa Nya Fi Mogya Mu Sen Biara”

Nsɛm Ho Amanneɛbɔ Kuw bi ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, Amerikafo ɔpepem 2.7 na wɔwɔ mmerɛbo mu yare a wɔfrɛ no hepatitis C no, na ɛma ɛno yɛ yare a wɔtaa nya fi mogya mu sen biara.” Ɛdenam ɔbarima ne ɔbea nna so titiriw anaasɛ mogya a yare mmoawa wom so na ɛma obi nya hepatitis C. Wɔn a ɛyɛ hu sen biara sɛ wobenya yare no ne wɔn a wɔde paane biako wɔ wɔn ne wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu a wɔmmɔ wɔn ho ban no. Nanso, yare no betumi atrɛw denam nnuruyɛfo a wɔde mpaane wɔ ayarefo a wɔnhohoro wɔn nnwinnade mu yiye no so. Nnipa a wɔde mogya ama wɔn no nso betumi anya yare no bi. Afe biara nnipa bɛyɛ 1,000 na wɔsesa wɔn mmerɛbo wɔ United States esiane yare no a ɛba wɔn mmerɛbo mu nti.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena