So Ɔsram Di W’asetra so?
MFE mpempem pii na nnipa agye adi sɛ ɔsram di asase so asetra afã ahorow so. Wosusuw sɛ nsakrae a ɛba ɔsram mu no nya nnua, mmoa, ne nnipa mpo so nkɛntɛnso bi. Bere a nnɛyi nyansahu mu nhwehwɛmu bɔ nsusuwii bi a wofi bere tenten agye adi yi gu no, ebinom da so ara kura gyidi afoforo mu. Dɛn na nokwasɛm ahorow no da no adi?
Nnipa binom gye di sɛ nsakrae a ɛba ɔsram mu ne sɛnea afifide nyin no wɔ abusuabɔ bi. Enti, wɔde kalenda di dwuma na wɔde ahu bere a ɛsɛ sɛ wodua nhwiren, wɔde mmoa tiafi fra asase no, wɔyɛ nsa, anaasɛ wɔde nnuaba yɛ nnuan foforo. Wɔyɛ eyi a adwene no ne sɛ sɛ wɔyɛ nnwuma bi wɔ ɔsram no bere a ɛmfata mu a, dekode no renyɛ yiye. Nhoma bi de saa afotu yi ma turoyɛfo sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔtew atosode a wobedi no mono no bere a ɔsram no atwa puruw, na atosode a wɔde bɛyɛ nnuan foforo no de, ɛsɛ sɛ wɔtew no bere a ɔsram no apue foforo.” So nyansahu foa saa adeyɛ yi so?
Ɛte sɛ nea nhwehwɛmu ahorow bi da no adi sɛ nyin a afifide nyin ne nsakrae a ɛba ɔsram mu no wɔ abusuabɔ. Nanso, nyansahufo pii nnye nni. Wɔka sɛ wontumi nte nsakrae a ɛba ɔsram mu no ase nwie, nsakrae no mma bere nyinaa, na ennya nkɛntɛnso koro no ara wɔ nneɛma so bere nyinaa, enti ɛyɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛto nhwehwɛmu a wɔyɛ no so.
Nanso, ɛtɔ da a, ɔsram tumi nya nneɛma so nkɛntɛnso ampa. Sɛ nhwɛso no, ada adi sɛ abɔde a nkwa wom no pii dwumadi, wɔn adidi, awo, ne wɔn su ne ɛpo asorɔkye, a ɔsram no ahoɔden na ɛma ɛba no, wɔ abusuabɔ.
Ebinom kyerɛ sɛ sɛ ɔsram no wɔ asorɔkye so nkɛntɛnso a, ɛnde na ɛsɛ sɛ enya nnipa so nkɛntɛnso efisɛ nneɛma a ɛka bom yɛ nipadua no mu fã kɛse no ara yɛ nsu. Na abusuabɔ a ɛda nsakrae a ɛba ɔsram mu ne adwenemhaw a obi nya, bere a ɔwo, ne bere a mmea bu wɔn nsa, a ɛte sɛ nea ne nyinaa si wɔ mmere pɔtee bi wɔ ɔsram no mu ntam nso ɛ?
Wɔayɛ nhwehwɛmu ahorow afa adwenemhaw, adwene ne nneyɛe ho nimdeɛ, ne awo ho de ahu nokwasɛm a ɛwɔ asɛm no mu. Nea afi nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ ho mu aba no gu ahorow. Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ wɔahu abusuabɔ kakra bi wɔ nnipa dwumadi ne nsakrae a ɛba ɔsram mu no mu, nanso afoforo ka no pen sɛ abusuabɔ biara nni hɔ koraa. Wɔka sɛ sɛ nsakrae a ɛba ɔsram mu no wɔ nnipa awo so nkɛntɛnso titiriw bi a, anka saa nkɛntɛnso no ada adi bere tenten. Bio nso, ɛnyɛ nyansahufo nyinaa na wogye nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama de akyerɛ sɛ ɔsram no wɔ adesamma dwumadi so nkɛntɛnso no di.a
Ɛwom sɛ nyansahu ada no adi sɛ ɔsram no wɔ nkɛntɛnso bi wɔ asase so abɔde bi so de, nanso wontumi nkyerɛɛ sɛnea eyi te ankasa. Yɛn amansan yi mu nhwehwɛmu nna fam, na anyɛ yiye koraa no, nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛkɔ so wom no pii yɛ nea wonnya nhui mprempren.
[Ase hɔ asɛm]
a Nkyerɛkyerɛ yi bi fa ɔsram a epue, twebo, ne anyinam ahoɔden, ho.
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Onyamewa Selene, a na tete Hela ne Romafo som no sɛ ɔsram nyame no
[Asɛm Fibea]
Musei Capitolini, Roma