Bible No Adwene
Nipadua a Wokurukyerɛw Ho—Ɛho Ntease a Ɛsɛ sɛ Yenya
FRANSENI sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ, “ɛnyɛ den koraa sɛ obi besusuw adehunu ho.” Nokwarem no, nneɛma a adesamma de wɔn ho ahyɛ mu mfehaha pii no mu dodow no ara yɛ nea ntease nnim koraa. Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛyɛ a mmea a na wɔwɔ afeha 19 mu no afuru renyɛ kɛse nti, na wɔde ade kyekyere wɔn yafunu denneennen ma wontumi nhome mpo. Ebinom kyerɛe sɛ na wɔn yam kɛse yɛ milimita 325. Mmea binom de ade miaa wɔn yam araa kosii sɛ wɔn mparow wuraa wɔn mmerɛbo mu ma wowuwui.
Ɛwom sɛ, adeyɛ a ɛte saa no atwam ama yɛn ani agye de, nanso wɔda so ara kura ntease hunu a wogyinaa so yɛɛ saa no bi mu nnɛ. Mmarima ne mmea pii de wɔn ho hyɛ nneyɛe a ne yɛ yɛ den, na ɛyɛ hu mpo mu de sesa wɔn nipaban. Sɛ nhwɛso no, sotɔɔ ahorow ne mmeae a wɔtɔn nneɛma a wɔde kurukyerɛw honam ani a bere bi, na anka wɔn a wɔn bra asɛe nkutoo na wɔkɔ hɔ no abu so. Ɛda adi sɛ, nnansa yi, na sotɔɔ ahorow a wɔtɔn nneɛma a ɛtete saa ne nea ɛtɔ so asia wɔ United States a enya nkɔso sen biara.
Akwan foforo pii a wɔfa so kurukyerɛw nipadua no afã bi aba so nnansa yi, ɛnkanka wɔ mmofra fam. Nipadua no afa ahorow a wɔbɔ mu tokuru—a nea ɛka ho ne nufu ano, hwene, tɛkrɛma, ne ɔbarima anaa ɔbea bɔbeasu mpo—aba so nnɛ. Wɔ nnipa binom fam no, nipadua no afã yi a wobekurukyerɛw no ara nnɔɔso. Wɔde wɔn ho rehyɛ nea aba so nnansa yi ara, te sɛ dade a ɛyɛ hyew a wɔde kyerɛw nipadua no ho, wɔn honam fa baabi a wotwa,a adwini a wodi gu nipadua no fa bi de nnwinnade hyehyɛm de hyɛ honam no nsow.
Adeyɛ a Akyɛ
Nipadua a wokurukyerɛw ho anaa wodi adwini gu ho no nyɛ ade foforo. Wɔ Afrika mmeae bi no, mmusua bi akɔ so atete wɔn nipadua no fa bi anaasɛ wɔakurukyerɛw ho sɛ biribi a ɛhyɛ wɔn nsow wɔ mfehaha pii mu. Anwonwasɛm ne sɛ wɔ aman yi pii mu no, nnipa ani nnye adeyɛ yi ho bio na wɔregyae.
Nipadua no fa bi a wokurukyerɛw, bɔ mu tokuru, anaa wotwa, no kɔɔ so wɔ Bible mmere mu. Ade a ɛte saa kɔɔ so mpɛn pii wɔ aman a na wɔsom abosom no mu. Ntease mu no, Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo, Yudafo, no sɛ ɛnsɛ sɛ wosuasua saa abosonsomfo no. (Leviticus 19:28) Sɛ́ Onyankopɔn ankasa ‘ahode’ no, ɔnam saa kwan no so bɔɔ Yudafo no ho ban fii atorosom nneyɛe bɔne ho.—Deuteronomium 14:2.
Kristofo Ahofadi
Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase, ɛwom sɛ nnyinasosɛm bi wom a wobetumi de adi dwuma wɔ Kristofo asafo no mu de. (Kolosefo 2:14) Wɔnam saayɛ so betumi ahu ahosiesie a ɛsɛ sɛ wɔpaw. (Galatifo 5:1; 1 Timoteo 2:9, 10) Nanso, ahofadi a ɛte saa wɔ anohyeto.—1 Petro 2:16.
Paulo kyerɛw wɔ 1 Korintofo 6:12 sɛ: “Mewɔ ade nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na eye.” Paulo tee ase sɛ ahofadi a ɔwɔ sɛ Kristoni no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ a onsusuw afoforo ho. Ɔdɔ a na ɔwɔ ma afoforo nyaa ne nneyɛe so tumi. (Galatifo 5:13) Ɔkae sɛ obiara “nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.” (Filipifo 2:4) Adwene a ɛkari pɛ a onyae no yɛ nhwɛso pa ma Kristoni biara a ɔpɛ sɛ okurukyerɛw ne honam no.
Bible Nnyinasosɛm a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho
Ahyɛde a wɔde ama Kristofo no biako ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no na wɔakyerɛkyerɛ nkurɔfo. (Mateo 28:19, 20; Filipifo 2:15) Kristoni biara mpɛ sɛ ɔbɛma biribiara a ɔyɛ, a n’ahosiesie ka ho, ato afoforo hintidua wɔ asɛmpa no a wobetie ho.—2 Korintofo 4:2.
Ebetumi aba sɛ ebinom honam a wotu mu tokuru anaa wokurukyerɛw no yɛ wɔn amammerɛ de, nanso, ɛsɛ sɛ Kristoni biara bisa ne ho sɛ, ‘Adwene bɛn na wɔn a me ne wɔn te no benya wɔ me nipadua a makurukyerɛw ho no ho? So wobebu me sɛ obi a ɔyɛ n’ade basabasa? Sɛ me honam mu tokuru a mɛbɔ anaa mekurukyerɛw no nhaw m’ahonim mpo a, adwene bɛn na asafo no mufo benya? So wobebu me sɛ obi a ɔda “wiase honhom” adi? So wobetumi abu me sɛ obi a onni “adwenemtew”?’—1 Korintofo 2:12; 10:29-32; Tito 2:12.
Sɛnea wokurukyerɛw nipadua no bi ho no betumi ama obi ayare paa. Paane ahorow a wɔde kurukyerɛw nipadua ho no bi ama nnipa pii anya mmerɛbo mu yare ne HIV yare mmoawa no bi. Ɛtɔ da a, nnuru a wɔde di dwuma no ma wonya honam ani nyarewa. Ebetumi adi asram pii ansa na obi honam a wabɔn no awu na ebetumi ayɛ no yaw akyɛ. Ebetumi de yare mmoawa aba obi mogya mu, ama mogya atu no, ama ne mogya abobɔ apɔw, ama ne nipadua fã bi aporɔw, anaasɛ ɛde yare bi a ɛyɛ hu abrɛ no. Afei nso, ɛtɔ mmere bi a, wontumi mpepa nea wɔakurukyerɛw no bio. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛnea wɔakurukyerɛw nipadua bi ne kɔla ko a wɔde yɛe no nti, gye sɛ wɔyɛ onii no oprehyɛn a ɛyɛ yaw na ne bo yɛ den ansa na wɔatumi ama beae a wɔakurukyerɛw no atɔ so. Honam ani a wokurukyerɛw no bi betumi ama kutwã ada obi ho daa.
Sɛ obi de ne ho bɛhyɛ adeyɛ a asiane wom yi mu anaasɛ ɔnyɛ saa no yɛ ɔno ara n’asɛm. Nanso, obi a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani no nim sɛ Kristoni a ɔyɛ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ohyira ne ho so ma Onyankopɔn. Yɛde yɛn nipadua nyinaa abɔ afɔre ama Onyankopɔn. (Romafo 12:1) Enti, Kristofo a wɔn ho akokwaw no nim sɛ wɔn nipadua no nyɛ wɔn ankasa de a sɛ wɔpɛ a wɔbɛsɛe no. Wonim wɔn a wodi asafo no anim titiriw no sɛ nkurɔfo a wɔn ani so da hɔ, wɔn adwene mu tew, na wɔwɔ ntease.—1 Timoteo 3:2, 3.
Bible no a Kristofo bɛma akyerɛ wɔn nsusuwii kwan no bɛboa wɔn ma wɔakwati wiase a ‘wonnim nkwa a Onyankopɔn de ma no ho hwee’ no ahohwibra no. (Efesofo 4:18) Wɔnam saayɛ so bɛma nnipa nyinaa ahu sɛ wɔwɔ ntease.—Filipifo 4:5.
[Ase hɔ asɛm]
a Nsonsonoe da nipadua no fa bi a yare bi ma wotwa anaa nea wotwa de siesie nipadua no ne nea mmofra, ɛnkanka mmea hyɛ da twa no mu. Sɛ obi hyɛ da twa ne honam saa a, na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ adwenemhaw kɛse bi a ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ ho mmoa fi nnuruyɛfo hɔ.