Patmo—Supɔw a Wɔkyerɛw Adiyisɛm Wɔ So No
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GREECE HƆ
ƐTƆ da a, wɔn a wɔte supɔw Patmo so no, gyina Samos supɔw a ɛbɛn hɔ no bepɔw asianee so hwɛ hann a atɔ Aegean Po so no. Ebinom ka sɛ hann nwonwaso no yɛ tumi a ɛma anyinam ahoɔden, nanso nyamesomfo a wɔwɔ Patmo no ka no pen sɛ ɛnte saa. Wɔde mmirika kɔ supɔw a ɛbɛn hɔ no so kɔka kyerɛ ɛhɔfo no sɛ wɔanya nkrasɛm bi afi nipa a wagye din a wɔpam no kɔɔ Helafo supɔw ketewa bi so wɔ Asia Kumaa bɛyɛ mfe 1,900 a atwam no, hɔ.
Ebetumi aba sɛ Roma Ɔhempɔn Domitian na ɔpam saa nipa a wagye din yi ma ɔkɔtraa Patmo esiane “Onyankopɔn ne Yesu adanse” a odii nti. Ɛhɔ na ɔtee Onyankopɔn nne “sɛ torobɛnto” a ɛse: “Mene Alfa ne Omega . . . Kyerɛw nea wuhu hyɛ nhoma mu,” no.—Adiyisɛm 1:8-11.
Saa nhoma no na etwa to wɔ nhoma a wɔatɔ sen biara no mu. Ebinom ka sɛ ɛyɛ nhoma a asete yɛ den paa—Bible nhoma a etwa to a wɔato din Adiyisɛm no. Yesu somafo Yohane na ɔkyerɛwee. Anisoadehu a ɛfa ahude a ebesisi wiase bɔne yi awiei mu ho a Yohane hui no akanyan nhoma no akenkanfo mfehaha pii.a
Sɛnea Patmo Te Nnɛ
Nnipa pii a wɔkɔsra Patmo—a ɛda Dodecanese Nsupɔw no atifi fam—no gye tom sɛ ɛfata sɛ wɔkyerɛw nhoma yi wɔ saa beae no. Ogya bepɔw a apae wɔ hɔ no ama nkoko a wura frɔmfrɔm wɔ so ne amoa a emu yɛ sum aba hɔ, na esiane sɛ owia bɔ Aegean supɔw no so kɛse nti ɛma nhwiren a afifi hɔ no tumi guan.
Meforoo hyɛmma fi Piraievs, a ɛyɛ Greece hyɛn gyinabea a agye din no kɔɔ Patmo kɔhwɛɛ sɛnea ɛhɔ te nnɛ. Bere a hyɛmma no duu Skála—Patmo hyɛn gyinabea ne kurow kɛse a mmepɔw atwa ho ahyia—ahemadakye no, ɔsram no yii ne ti wɔ mununkum no mu na ɛhyerɛnee yiye maa mihuu supɔw no so baabiara.
Ade kyee a menom Greecefo kɔfe nwenenwene bi wiei no, mifii ase hwehwɛɛ supɔw no so. Nea obi tumi hu anɔpa paa ne mmerewa a wɔhyehyɛ ntade atenten tuntum fi wɔn ti besi wɔn nan ase sɛ wɔrefrɛ nkokoaa a wɔreguan no. Wuhu ɔpofoni a ɔwɔ mfemfem sɛ ɔte baabi rehwɛ ne nam a ɔde bɛyɛ n’awia aduan—posena bi a wayi afi nsu no mu—a ɔde ato abranaa so retwɛn sɛ emu nsu bɛtwe.
Sɛ anka mɛtra hyɛmma bi mu akɔhwehwɛ supɔw no nyinaa so no, mekɔtraa ɔbotan bi a ɛwɔ Skála akyi na ɛyɛɛ saa. Na beae no yɛ fɛ yiye. Supɔw no da hɔ kakraa sɛ asase mfonini bi wɔ po no so. Supɔw abiɛsa na ɛka bom yɛ Patmo—Asase kesee bi a nsu ahorow nenam mu na ɛka nsupɔw no bom. Nsase yi mu biako wɔ Skála. Wɔfrɛ foforo a ɛda supɔw no anaafo fam a nnipa pii nte hɔ no Diakofti, a ase ne “Atew Ne Ho.” Patmo tenten yɛ kilomita 13, na sɛ wudu ɔfã baabi a, wubetumi de bere tiaa bi atwa.
Sakasakayɛ Mmere Mu
Wobuu Patmo sɛ supɔw kronkron bere a edi kan a nnipa bi fi Asia Kumaa kɔtraa hɔ bɛyɛ mfe 4,000 a atwam no. Wɔn a wodii kan kɔtraa hɔ no sii asɔredan wɔ beae a ɛto so abien a ɛkorɔn wɔ supɔw no so maa ahayɔ nyamewa Artemi.
Bɛyɛ 96 Y.B., a wɔkyerɛ sɛ saa bere no na wotwaa ɔsomafo Yohane asu kɔɔ Patmo no, na ɛhyɛ Roma ahemman no ase. Wɔ afeha a ɛtɔ so anan mu no, Byzantine Ahemman a na wɔde ahyɛ “Kristosom” mu no bedii supɔw no so. Afei, wɔ afeha ason ne du ntam hɔ no, Nkramofo bedii so.
Akyiri yi, Patmo bɛdan amamfo. Afei wɔ afeha 11 awiei mu hɔ no, Greece Ortodɔksni kokorani bi sii nkokorafie kɛse bi maa “Ɔhotefo” Yohane wɔ beae a onyame Artemi asɔredan wɔ no. Nkurɔfo fii ase bɛtraa hɔ na wosisii adan nkuruwankuruwa bi wɔ kurow Hora mu, a ɛnnɛ atwa nkokorafie no fasu a ɛyɛ den no ho ahyia.
Supɔw no san gyee din bere tiaa mu wɔ 1800 awiei hɔ, bere a wɔn a wɔte hɔ no bi benyaa po so ahyɛn a ne bo yɛ den a ɛwɔ Mediterranea po so no biako no. Saa adwuma no maa nkɔso foforo bi bae. Wɔ 1970 mfe no mu no, wiase adefo no mu pii huu adan a na ɛyɛ fɛ nanso ne bo nyɛ den wɔ supɔw a na wɔnkae bio no so. Wosiesiee ɛpo so aguadifo adan a na akyɛ no pii na wɔde nneɛma foforo siesiee Patmo hyɛn gyinabea hɔ ma ɛbɛyɛɛ beae a nkurɔfo tu kwan kɔhwɛ.
Ebesi saa bere yi no, nnipa pii nkɔ Patmo ma enti ɛhɔ nsɛee te sɛ Greece supɔw afoforo no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, enni wimhyɛn gyinabea na nkokorafo no da so ara ka sɛ ɛsɛ sɛ wobu hɔ beae kronkron.
Abakɔsɛm ne Atetesɛm a Adi Afra
Nea ɛbɛyɛ na matumi ahu supɔw no so yiye no, nea ogye ahɔho wɔ adidibea no kyerɛe sɛ memfa kwan bi a wɔde akorabo agu so a adi mfe 400 a ɛda Skála akyi no so nkɔ pine nnua kwae a “Ɔhotefo” Yohane ɔbodan ne nkokorafie si no mu. Wɔ kurotia pɛɛ no, mihuu ɔfasu bi a wɔde adubiri kɔkɔɔ akyerɛw ho sɛ: “Ohi sto 666” (666 no bɛba), a ɛyɛ Adiyisɛm no mu sɛnkyerɛnne biako a nnipa pii nte ase no.
Wosii Adiyisɛm Nkokorafie a asɔredan ketewa bi a “Ɔhotefo” Anne din da so wom no wɔ 1090 mu de twaa ɔbodan a atetesɛm kyerɛ sɛ ɛhɔ na Yohane nyaa anisoadehu no ho hyiae. Mihuu ɔbea bi a wabu nkotodwe de tama (afɔrebɔde) rema “Ɔhotefo” Yohane honi no. Ortodɔksfo anokwafo a wogye di sɛ ohoni no betumi ayɛ anwonwade ama wɔn no de tamata—nnipa, nipadua no afa bi, adan, ne kar ne ahyɛmma mpo a wɔde dade ayɛ, bɔ afɔre ma no. Mihuu ɔsom ho afɔrebɔde a wɔde ma Greecefo ayaresa nyame Asclepius no bi wɔ Corinth. So eyinom nni abusuabɔ biara?
Tete Nnwinne ne Bible Nhoma Ahorow
Bere a mehyɛnee “Ɔhotefo” Yohane nkokorafie no adiwo hɔ no, ɔbarima bi a n’anim serewserew fii esum no mu wɔ abranaa no so bae. “Papa Nikos” (Paapa Nick) de anigye kyerɛkyerɛɛ yɛn a yɛrekɔhwehwɛ hɔ no nnwinne a ɛwɔ nkokorafie hɔ nyinaa. Nkokorafie no a agye din kɛse wɔ Patmo no, yɛ adan a ɛma wonya sika pii na agye din kɛse wɔ Greece no mu biako.
Yɛnantew kɔɔ asɔredan bi a ɛhɔ yɛ dinn na kyɛnerɛ wusiw ama emu ayɛ tumm, faako a nea osii nkokorafie no nnompe gu, na yɛsan kɔfaa Ɔbaabun Asɔredan a wɔde Artemi asɔredan ho abo fra sii no mu. Nneɛma a yehui wɔ nneɛma akorae hɔ no bi ne, sika ne abohene pii a ahempɔn no de mae a seesei ɛyɛ ɔhene no de; supɔw no ho nkrataa a Byzantine Ɔhempɔn Alexius I Comnenus de ne nsa hyɛɛ ase na ɔde maa nkokorafo no wɔ afeha 11 mu no; ne Marko Asɛmpa no a wɔde dwetɛ adubiri kyerɛw guu aboa nhoma so afeha a ɛtɔ so asia mu no. Nhoma yi ne Bible ne nyamesom nhoma pii na ɛwɔ nkokorafie hɔ.
Nneɛma a Wohu Wɔ Supɔw no So
Abɔde mu nneɛma a ɛyɛ fɛ nso wɔ supɔw no so. Wɔ Skála anafo fam kilomita kakraa bi no na mpoano a wɔasiesie hɔ ayɛ no kɔntɔnkrɔn afa ɛpo faka bi ho no wɔ. Biribiara nni mpoano ha gye Kalikatsou a asekyerɛ ne “Anene,” ɔbotan bi a ɛtoa so asia a ahyehyɛ te sɛ Switzerlandfo kyiis, no nkutoo.
Ɔkwan biako pɛ a wubetumi afa so ama w’ani agye wɔ Patmo ne sɛ wubetu mpase afa hɔ nyinaa. Ebia wobɛpɛ sɛ wotra abotan a ɛwɔ tete kurow a wɔabɔ ho ban amamfo a ɛwɔ Kastelli no so bere a owia rebɔ no, na wutie dɔn ne dede a nguan hwɛfo reyɛ wɔ akyirikyiri no. Anaasɛ ebia bere a owia atɔ ɛbɔ a asi wɔ Aegean po so no so no, wobɛpɛ sɛ wotra ase hwɛ ahyɛmma a ɛrekɔ te sɛ nea ɛretu akɔ wim no.
Ɛda a etwa to a midii wɔ hɔ no, owia hann fɛfɛ a ayɛ gɔnn no maa kurow a ɛwɔ ase hɔ no yɛɛ kɛse. Wɔ ɛpo faka no ho no, wutumi hu apofofo a wɔasɔ kanea na wɔresiesie wɔn ahyɛmma a wɔfrɛ no gri-gri, a edidi so sɛ dabodabo ne ne mma no.
Ɛte sɛ nea hann bi ahyerɛn supɔw no so nyinaa. Mframa nwininwini ne asorɔkye a ɛrebɔ no bobɔ gri-gri no denneennen. Nnɔnhwerew kakraa bi akyi no, mihuu ahyɛmma no bio, sɛ efi beae a na esisi no na wɔrehare no ntɛm so afa beae a woyi mpataa a atew ne ho kilomita kakra no reba Piraievs. Na mmarima no asɔ kanea bi a ɛnhyerɛn kɛse a wɔde twetwe mpataa no. Saa anadwo no, mekaee Yohane a wɔatwa no asu a na ɔrekyerɛw n’anisoadehu no wɔ Patmo no kosii sɛ migyaa wɔn nyinaa ne supɔw a ɛwɔ wɔn akyi no hɔ kɔe.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no.
[Mfonini wɔ kratafa 29]
“Ɔhotefo” Yohane nkokorafie
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]
© Miranda 2000