Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 9/8 kr. 10-11
  • Wutumi Hu Nneɛma Foforo Ka Nea Aniwa Hu no Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wutumi Hu Nneɛma Foforo Ka Nea Aniwa Hu no Ho?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adebɔ a Yebesua Biribi Afi Mu
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Onyankopɔn Yɛɛ Yɛn Ma ‘Ɛyɛ Nwonwa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Wɔyɛe sɛ Ɛntra Hɔ Daa
    Nyan!—1995
  • “Wɔyɛɛ Me Ma Ɛyɛ Hu Ne Nwonwa”
    Nyan!—1981
  • Nea Yɛnam so Betumi Ahu sɛ Onyankopɔn bi Wɔ Hɔ
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 9/8 kr. 10-11

Wutumi Hu Nneɛma Foforo Ka Nea Aniwa Hu no Ho?

KARKAFO ntumi nhu nea ɛwɔ ɔkwan mu bere a wɔredɔm no. Nanso wɔde ahwehwɛ bi a ɛbɔ kar no mpomma ho tumi hu kar foforo a ɛreba ma wɔkwati akwanhyia. Saa ara na nnipa ntumi nhu Ɔbɔadeɛ no ankasa. So ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ahu Obi a ɔte saa?

Afeha a edi kan mu nhoma kyerɛwfo bi kaa sɛnea yebetumi ahu nea yentumi nhu no no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Efi wiase bɔ so beeme na [Onyankopɔn ade] a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho, enti na wonni anoyi biara.”—Romafo 1:20.

Susuw ɛno ho hwɛ. So wuhu nyansa a nneɛma a atwa yɛn ho ahyia da no adi a ɛkyerɛ sɛ nnipa ntumi mmɔ no? So saa nneɛma no boa wo ma wode “wo ntease aniwa” hu sɛ obi wɔ hɔ a ɔkorɔn kyɛn nnipa? Ma yensusuw nhwɛso ahorow bi ho.—Efesofo 1:18, King James Version.

Adebɔ a Yebesua Biribi Afi Mu

So nsoromma a ɛhyerɛn pii wɔ wim anadwo a ɔsram biara mpuei no ma wo ho dwiriw wo, na ɛma wuhu sɛ Ɔbɔadeɛ Kunini bi wɔ hɔ? Obi a na ɔhwɛ ade yiye tete no kae sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” Saa ɔbarima yi kae sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho.”—Dwom 8:3, 4; 19:1.

Ɛyɛ ne kwan so sɛ abɔde a nnipa ntumi mmɔ no bɛma yɛn ho adwiriw yɛn. Anwensɛm bi a agye din ka sɛ: “Onyankopɔn nkutoo na obetumi abɔ dua.” Nanso nea ɛyɛ nwonwa sen saa ne sɛnea ɔbɔ abofra, a awofo mmoa biara nka ho no. Sɛ nsu a efi agya no ho bɛka kesua a efi ɛna no ho ho a, nhyehyɛe bi kɔ so ntɛm ara wɔ nkwammoaa foforo DNA yi mu ma wonya akokoaa. Wɔka sɛ “sɛ wɔkyerɛw” nsɛm a ɛwɔ DNA no mu a, “anka wobenya nhoma apem a emu biara kura nkratafa 600.”

Ɛno yɛ mfiase ara kwa. Nkwaboaa no mu pae abien, bɛyɛ anan, afei awotwe, na emu kɔ so paapae. Wɔ nnafua 270 akyi no, nkwammoaa ɔpepepem pii a wogu ahorow bɛboro 200 dan abofra ma wɔwo no. Na susuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde akwankyerɛ biara a ɛbɛma nkwammoaa a egu ahorow na emu biara bɛba wɔ bere a ɛfata mu no ahyɛ nkwaboaa a efii ase no mu no ho hwɛ! So eyi ka wo ma wuyi yɛn Bɔfo no ayɛ? Hyɛ ayeyi a odwontofo no kyerɛw ho asɛm no nsow: “Wo na wobɔɔ m’asaabo, wonwenee me, me nã yam. Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.”—Dwom 139:13-16.

Wɔn a wɔasua saa “anwonwade” yi ho ade no ho dwiriw wɔn kɛse. Oduruyɛfo James H. Hutton, kan Chicago ne Illinois Nkuropɔn mu Nnuruyɛ fekuw titrani no, kae sɛ “tumi a ɛkyɛn so a ɛma nkwaboaa bi tumi de nsɛm ma nkwammoaa foforo no” maa ne ho dwiriw no. “Ɛyɛ nwonwa ankasa sɛ yɛn nyansahufo a wɔyɛ nhwehwɛmu no atumi asua saa nneɛma no ho ade. Nanso ɛbɛyɛ sɛ Onyame bi a onim Nyansa na ɔyɛɛ nhyehyɛe yi nyinaa.”

Oduruyɛfo Hutton toaa so sɛ: “Ɛdefa nipadua mu nsu ho ade pii a masua ho no, mahu sɛ sɛnea saa nsu yi fa yɛ adwuma ne sɛnea etumi de ɔhaw ba no ara ma ɛda adi sɛ Onyame bi a ɔwɔ Tumi na ɔbɔɔ ade a edi mũ yi ne ɔkwan a ɛfa so di dwuma no.” Ɔde baa awiei sɛ: “Saa anwonwade yi a misusuw ho no ara yɛ adanse a edi mu a ɛma migye di sɛ otumfoɔ a ɔkorɔn na ɔwɔ nyansa na ɔyɛɛ amansan yi ma ɛbae, na ɔhwɛ so.”

Bere a Oduruyɛfo Hutton kaa saa nsɛm yi wiei no, obisae sɛ: “So Ɔno ne Onyankopɔn teasefo a ohu akasanoma biara asehwe no?” Obuae sɛ: “M’adwenem yɛ me naa kakra ɔkwan bi so. Minnye nni nso sɛ nneɛma kakra a mitumi yɛ daa no ho hia no.”

Dɛn nti na nnipa pii gye tom sɛ abɔde da nyansa adi na ɛyɛ “nwonwa,” nanso wonnye nni sɛ Onyankopɔn teasefo bi wɔ hɔ a odwen adesamma ho?

So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?

Nnipa pii susuw sɛ sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, anka ɔremma nnipa nhu amane pii saa. Asɛm a ebinom taa bisa ne sɛ, “Ɛhe na na Onyankopɔn wɔ bere a na yehia no no?” Ɔbarima bi a onyaa ne ti didii mu bere a Nasifo no kunkum nnipa ɔpepem pii wɔ Wiase Ko II mu no werɛ howee wɔ amanehunu a ohui no ho araa ma ɔkae sɛ: “Sɛ wubetumi ataforo me koma mu a, anka bɔre a aba mu no bekum wo.”

Enti ɛyɛ asɛnnennen ma nnipa pii. Sɛnea obi a na osusuw nneɛma ho tete a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kae no, yehu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ bere a yesusuw nneɛma a ɛyɛ nwonwa na ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ a ɔyɛe ho no. Nanso, sɛ Ɔyɛ Onyankopɔn a odwen yɛn ho a, dɛn nti na ɔma yehu amane pii saa? Sɛ yɛbɛte ase na yɛasom Onyankopɔn ɔkwan a ɛfata so a, yebetumi anya saa asɛmmisa no ho mmuae a ɛfata. Ɛhe na yebetumi anya saa mmuae no?

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ wubenya So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no bi. Wubetumi ahu ɔkwan a wɔfa so kra no wɔ Nyan! yi kratafa 32. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ afã a wɔato din, “Nea Enti a Onyankopɔn Ama Amanehunu Ho Kwan” ne “Dɛn na Afi Atuatew Mu Aba?” a wubesua no yiye no bɛma woanya mmuae a ɛfata.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

So saa nneɛma yi ma wuhu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena