Bible No Adwene
Mfaso a Ɛwɔ Nneɛma Ho a Wodwennwen So
“MA M’ANOM NSƐM NYƐ WO FƐ, NA ME KOMAM NKƆMMƆ NSƆ W’ANI, [YEHOWA, NW], ME BOTAN NE ME GYEFO.”—DWOM 19:14.
DƐN na “nneɛma ho a wodwennwen” kyerɛ ma wo? Sɛ wutie Apuei fam ɔsom ahorow no nkyerɛkyerɛ a, wubetumi ahu sɛ ɛyɛ biribi a ɛma obi tumi dwennwen nsɛm ho yiye anaasɛ ɛma onya ntease titiriw bi. Nneɛma ho a wodwennwen a ɛkɔ so wɔ Buddhasom mu no hyɛ nkuran sɛ ɛsɛ sɛ woyi biribiara fi adwene no mu. Ɔkwan foforo so no, nneɛma ho a obi bedwennwen no ma otumi hu “nokwasɛm biara mu.”
Bible no adwene wɔ nneɛma ho a wodwennwen ho no ne eyinom bɔ abira. Ɔkwan bɛn so? Susuw Bible mu nhwɛso a ɛfa ɔbarima Isak, a bere a odii mfe 40 no, na ɔwɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ odwennwen ho no ho. Genesis 24:63 ka sɛ: “Na Isak fii adi kɔɔ wuram anwummere kɔdwennwenee ne nsɛm ho.” Yentumi nkyerɛ ankasa sɛ na Isak ayi n’adwene afi biribiara so anaasɛ na ɔresusuw ‘nsɛm’ a ntease ‘biara’ nnim ho kɛkɛ. Ebetumi aba sɛ na Isak redwennwen nneɛma pɔtee bi te sɛ ne daakye, ne maame a na wahwere no anaasɛ obi a na ɛsɛ sɛ ɔware no ho. Ɛda adi sɛ, ɔde bere a onyaa anwummere no susuw nneɛma atitiriw a ɛtete saa ho. Wɔ Bible mu no, nneɛma ho a wodwennwen kɔ akyiri sen obi adwene a ɔbɛma akyinkyin ara kwa.
Nneɛma Ho a Wodwennwen Yɛ Biribi a Ɛkɔ Akyiri
Susuw odwontofo Dawid nhwɛso no ho hwɛ. Ohyiaa ɔhaw ahorow toatoaa so, na na onim yiye sɛ sɛ́ onipa a ɔnyɛ pɛ no, obehia Onyankopɔn mmoa na watumi ayɛ nea ɛteɛ. Dɛn na ɛhyɛɛ Dawid den wɔ ahokyere mmere yi mu? Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 19:14 no, Dawid kae sɛ: “Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, [Yehowa, NW], me botan ne me gyefo.” Nea Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ ‘dwennwen’ no kyerɛ ankasa ne sɛ ‘obi reka nsɛm bi wɔ ne tirim.’ Yiw, na Dawid reka Yehowa nnwuma, ne mmara, ne ne trenee ho ‘asɛm wɔ ne tirim.’—Dwom 143:5.
Saa ara na tete Kristofo no buu no sɛ nea ɛka nokware som ho ne sɛ wobenya bere de asusuw honhom fam nneɛma ho. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” (Filipifo 4:8) Nokwarem no, nea ɛbɛyɛ na yɛadwennwen nsɛm a ɛhyɛ nkuran ho no, ɛho hia sɛ ɛtɔ mmere bi a, yesusuw saa “nneɛma” a Paulo kaa ho asɛm no ho. Ɔkwan bɛn so?
Odwontofo no de mmuae no ma. Dwom 1:1, 2 kenkan sɛ: “[Anigye, NW] ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu . . . na mmom [Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara [ho] awia ne anadwo.” Yiw, odwontofo no kenkan Onyankopɔn mmara daa. Enti na obetumi adwennwen Ɔbɔadeɛ no ho.
Nneɛma Ho a Yebedwennwen Nnɛ
Bible no a yɛbɛkenkan no yɛ nea mfaso wɔ so ankasa, nanso sɛ yɛkenkan wie a, ɛsɛ sɛ yedwennwen ho, yesusuw ho yiye, anaasɛ yɛka nea yɛakenkan no ‘ho asɛm wɔ yɛn tirim.’ Sɛnea sɛ aduan bi a yɛadi betumi ama yɛanya ahoɔden a, ɛsɛ sɛ ɛyam wɔ yɛn yam ansa no, saa ara na sɛ yɛbɛkae nea yɛkenkan wɔ Bible mu no a, ɛsɛ sɛ yedwennwen ho. Nneɛma ho a yebedwennwen yiye no yɛ pii sen sɛ ɛbɛma adwemmɔne afi hɔ ara kɛkɛ. Ɛma yegyina Bible no so susuw yɛn haw ahorow nso ho. Nneɛma ho a yebedwennwen saa no betumi aboa yɛn ma yɛagyina da biara dadwen ano.—Mateo 6:25-32.
Odwontofo Dawid huu sɛnea nneɛma ho a yedwennwen boa ma yɛsɔ Onyankopɔn ani no. Ɔkae sɛ: “Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm.” (Dwom 37:30) Yiw, nneɛma ho a obi bedwennwen no ma ɔda ne ho adi sɛ nokware somfo. Bu a Onyankopɔn bebu yɛn sɛ atreneefo no yɛ nhyira ankasa, na ɛde honhom fam mfaso ba. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ “treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.” (Mmebusɛm 4:18) Enti, Kristoni ɔsoɔmmerɛfo a ‘ɔka nyansasɛm’ no betumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛte Bible no ase.
Bible tu Kristofo fo nso sɛ wonnwennwen wɔn Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow ho. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu. Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.” (1 Timoteo 4:15, 16) Yiw, nea yɛka na yɛyɛ betumi anya afoforo so nkɛntɛnso kɛse.
Ɛda adi pefee sɛ, yɛwɔ ntease pii nti a ɛsɛ sɛ yedwennwen nneɛma a ɛho hia ho kɛse no. Ɛho hia sɛ yedwennwen osuahu a yɛanya, nneɛma a ɛresisi nnansa yi, ne yɛn daakye ho yiye. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, nneɛma ho a yebedwennwen no bɛma yɛanya nhumu kɛse bere a yesusuw yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, nyansa ho no.
[Mfonini wɔ kratafa 29]
“Obi a odwen” nkaedum a Rodin yɛe