Wiase a Wobegye Obiara Atom
“Esiane sɛ aguanfo ho nsɛm yɛ wiase nyinaa haw nti, ɛsɛ sɛ wiase nyinaa na ɛhwehwɛ ano aduru nso.”—Gil Loescher, amanaman ntam abusuabɔ ho nsɛm ho ɔbenfo.
AWAREFO nkumaa no guanee anadwosum mu. Esiane sɛ na wɔn ahobammɔ ho nsɛm hia okunu no nti, wantwentwɛn ne nan ase, ɛwom sɛ na wɔwɔ ɔba kumaa de. Na wate sɛ ɔman no sodifo katabaakofo tirimɔdenfo no reyɛ nhyehyɛe abɛtow ahyɛ kurow no so. Bere a abusua no twaa kwan a ɔbrɛ wom bɛboro akwansin ɔha no, wotwaa ɔman no hye kɔɔ baabi a ahobammɔ wɔ.
Akyiri yi wɔbɛtee abusua a wodwo yi ho nsɛm wɔ wiase nyinaa. Na abofra no din de Yesu, na na n’awofo ne Maria ne Yosef. Ɛnyɛ ahode nti na saa aguanfo yi fii wɔn asase so. Mmom no, na wɔn nkwa da asiane mu. Wɔn ba no nti na na wɔrebɛtow ahyɛ kurow no so no!
Te sɛ aguanfo afoforo pii no, Yosef ne n’abusua san kɔɔ wɔn kurom bere a ɛhɔnom amammuisɛm tebea yɛɛ yiye no. Nanso, guan a woguanee bere pa mu no boa ma wogyee wɔn ba kumaa no nkwa. (Mateo 2:13-16) Ná Misraim, ɔman a woguan kɔɔ mu no, agye din wɔ amammuisɛm ne sika fam aguanfo nyinaa a wogye wɔn ho. Mfehaha pii a na atwam no, na Yesu tete agyanom akɔhwehwɛ guankɔbea wɔ Misraim bere a ɔkɔm yɛɛ Kaanan asase pasaa no.—Genesis 45:9-11.
Wonya Ahobammɔ Nanso Ɛnyɛ Abotɔyam
Kyerɛwnsɛm ne nnɛyi nhwɛso nyinaa di adanse sɛ ɔman foforo mu a obi beguan akɔ no betumi ama wakwati owu na wanya nkwa. Nanso, ɛda so yɛ ahometesɛm sɛ abusua bi betu afi wɔn fie. Sɛ ɛyɛ ofie ketewaa bi koraa mpo a, ɛda adi sɛ wɔde bere ne sika ne mfe pii na esii. Na ebetumi ayɛ abusua agyapade a ɛka abusua bɛn wɔn amammerɛ ne wɔn asase ho. Afei nso, aguanfo no nneɛma kakraa bi pɛ na wotumi fa de guan. Enti, aguanfo di hia bere nyinaa, ɛmfa ho asetra pa a na wɔwom bere bi a atwam no.
Sɛ wohu sɛ ɛte sɛ nea aguanfo atrae hɔ ara na wɔbɛtra a, abotɔyam biara a wonyae bere a woduu beae a ahobammɔ wɔ no betumi atu ayera. Na bere tenten a obi kɔ so yɛ oguanfo no, dodow no ara na n’asetra yɛ den, titiriw sɛ wɔamma wɔne asase no sofo ammɔ mu antra a. Te sɛ obiara no, aguanfo pɛ sɛ wobenya baabi a wɔbɛtra daa. Akyinnye biara nni ho sɛ aguanfo atrae nyɛ baabi a wɔtete mmofra. So bere bi bɛba a obiara benya baabi afrɛ no ne fie?
So Wɔn Kurom a Wɔsan De Wɔn Kɔ ne Ano Aduru?
Wɔ 1990 mfe no mu no, wɔde nnipa a woguan fii wɔn kurom bɛyɛ ɔpepem akron san kɔɔ wɔn kurom. Na ɛyɛ anigye bere ma saafo yi mu binom, na wɔde anigye fii ase sɛ wɔbɛtoto wɔn asetram nneɛma bio. Nanso afoforo de, wɔfaa no saa ara. Nea enti a wɔsan kɔ ara ne sɛ wɔn asetra ayɛ den wɔ ɔman a wɔkɔhwehwɛɛ ahobammɔ wom no mu. Ɔhaw ahorow a wohyiae wɔ akwantu mu no mu yɛɛ den araa ma wosii gyinae sɛ ɛbɛyɛ papa mmom sɛ wɔbɛkɔ wɔn kurom, ɛmfa ho basabasayɛ a wobehyia wɔ hɔ no.
Sɛ wɔsan de wɔn kɔ wɔn kurom wɔ ɔkwan a eye sen biara so mpo a, ɛyɛ nea ahokyere wom efisɛ ɛkyerɛ sɛ wɔsan tu wɔn ase koraa ne mprenu so. The State of the World’s Refugees 1997-98 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wutu fi baabi kɔ beae foforo a, wohwere asetrade te sɛ asase, adwuma, afie ne nyɛmmoa. Na bere biara a wubetu no wosan fi adwumaden a ɛyɛ nneɛma toto ase.” Wɔde nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ aguanfo a wɔasan de wɔn akɔ wɔn kurom wɔ Afrika mfinimfini fam ho amanneɛbɔ mae sɛ “wɔ aguanfo a wonyaa mmoa wɔ akwantu mu fam no, wɔn kurom a wɔbɛsan akɔ no betumi ayɛ den asen akwantu mu ankasa a wɔkɔe no.”
Nanso, nea ɛhaw adwene kɛse koraa ne tebea a aguanfo ɔpepem pii a wɔhyɛ wɔn de wɔn kɔ wɔn kurom a wɔmpene so kɔ mu no. Tebea horow bɛn na wokohyia? Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasan aba wɔn kurom no tra asetra bi a mmara nyɛ adwuma mu, baabi a adwowtwafo ne nsɛmmɔne abu so, baabi a asraafo a wɔabɔ asesa fow ɔmanfo nneɛma na ɔmanfo dodow no ara wɔ atuo no.” Ɛda adi sɛ, tebea a basabasayɛ wom saa no mma nkurɔfo a wɔatutu wɔn ase yi nnya ahobammɔ kakraa bi mpo.
Wiase a Obiara Benya Ahobammɔ Wom a Wɔbɛhyehyɛ
Sɛ wɔanni nneɛma a ɛma nkurɔfo guan fi wɔn kurom no ho dwuma a, hyɛ a wɔhyɛ nkurɔfo de wɔn san kɔ wɔn kurom anaa amemenemfe mu a wofi yɛ saa no renyi ɔhaw no mfi hɔ da. Owurayere Sadako Ogata a na anka ɔyɛ Amanaman Nkabom Aguanfo Soafo Panyin no, kae wɔ afe 1999 mu sɛ: “Nsɛm a asisi mfe du yi mu—nokwarem no, nea esisii afe a etwaam no—kyerɛ pefee sɛ yentumi nka aguanfo ho nsɛm bere a yɛnka ahobammɔ ho asɛm.”
Nnipa ɔpepem pii na wɔwɔ wiase nyinaa a wonni ahobammɔ. Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin, Kofi Annan, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane amanko ne mmusuakuw ntam ntawntawdi nti aman ahwehwe ase wɔ wiase afã bi, na ama ɔmanfo no nni ahobammɔ a etu mpɔn biara. Mmeae foforo no, aban ahorow a wɔnhwehwɛ ɔmanfo yiyedi, na wɔtaa wɔn a wɔne wɔn nyɛ adwene na wɔtwe mmusuakuw nketewa mufo a wɔn ho nni asɛm aso no asɛe nnipa ahobammɔ.”
Nea ɛtaa de akodi, ɔtaa, ne mmusuakuw ntam basabasayɛ—nneɛma titiriw a ɛsɛe ahobammɔ a Kofi Annan kaa ho asɛm no—ba ne nitan, afoforo ho adwemmɔne, ne ntɛnkyea. Ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wobetu saa nneɛma bɔne yi ase. So ɛno kyerɛ sɛ aguanfo ho haw no bɛkɔ so asɛe ara?
Sɛ wogyae nneɛma mu ma nnipa a, akyinnye biara nni ho sɛ saa ara na ɛbɛba. Nanso, Onyankopɔn hyɛ bɔ wɔ Bible mu sɛ “ɔma akodi gyae kosi asase ano.” (Dwom 46:9) Ɔnam ne diyifo Yesaia so nso kaa bere a nkurɔfo ‘besisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba, na wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, esiane sɛ wɔyɛ wɔn a Yehowa ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma’ nti no ho asɛm. (Yesaia 65:21-23) Nokwarem no, tebea horow a ɛte saa beyi aguanfo ho haw no afi hɔ. So ebetumi aba?
Amanaman Nkabom Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ Ahyehyɛde no nnianim asɛm bi ka sɛ: “Esiane sɛ akodi fi ase wɔ nnipa adwenem nti, nnipa adwenem na ɛsɛ sɛ wofi ase bɔ asomdwoe ho ban.” Yɛn Bɔfo no nim yiye sɛ ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn adwene. Nkɔmhyɛ koro no ara kyerɛkyerɛ nea enti a asase sotefo nyinaa bɛtra ase asomdwoe mu da bi no mu sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa ho nimdeɛ, NW] bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:9.
Yehowa Adansefo ahu dedaw sɛ Yehowa ho nimdeɛ betumi adi adwemmɔne ne nitan so. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Kristofo su a ɛma nkurɔfo nya ɔdɔ sen sɛ wobenya ɔtan no ho nkuran wɔ aman a akodi wom mpo mu wɔ wɔn amanaman ntam asɛnka adwuma no mu. Wɔde mmoa biara a wobetumi ma aguanfo nso.
Nanso, wonim sɛ aguanfo ho haw no ano aduru koraa wɔ Onyankopɔn Hene a wapaw no, Yesu Kristo, nsam. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔte sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ nitan ne basabasayɛ betumi asɛe nkurɔfo asetra no ase. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ obebu atɛntrenee ama mmɔborɔfo. (Yesaia 11:1-5) Wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro, wɔ ne soro nniso ase. (Mateo 6:9, 10) Sɛ saa da no du a, ɛho renhia sɛ obi bɛyɛ oguanfo bio. Na obiara benya baabi a ɔbɛfrɛ no fie.
[Adaka wɔ kratafa 12]
Dɛn na Ehia na Ama Wɔadi Aguanfo Ho Haw Ho Dwuma?
“Wiase nnipa a wɔabɔ wɔn ahwete—aguanfo ne wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete wɔn ankasa man mu nyinaa—ahiade ho dwuma a wobedi yɛ asɛm a emu yɛ den koraa sen bere tiaa mu ahobammɔ ne mmoa a wɔde bɛma wɔn. Ɛkyerɛ ɔtaa, basabasayɛ, ne ɔko a ɛma nkurɔfo tu fi wɔn atrae nea edi kan no ho dwuma a wobedi. Ɛkyerɛ gye a wobegye hokwan a mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa wɔ sɛ wonya asomdwoe, ahobammɔ ne nidi atom a ɛho renhia sɛ woguan fi wɔn afie mu.”—The State of the World’s Refugees 2000.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 13]
Ano Aduru Bɛn na Onyankopɔn Ahenni De Ma?
“Wɔbɛyɛ adetrenee na wɔabu atɛntrenee wɔ asase no so baabiara. Esiane sɛ obiara bɛyɛ nea ɛteɛ nti, asomdwoe ne kommyɛ bɛtra hɔ akosi daa. Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa ho bɛtɔ wɔn, na wɔn trabea ayɛ baabi a asomdwoe ne kommyɛ wɔ.”—Yesaia 32:16-18, Today’s English Version.