Ɔman a Wɔtow Emu Nneɛma Gu Mu Asetra
NNIPA a wɔwɔ aman a wodi yiye mu no tow nwura bebree gu. Sɛ nhwɛso no, susuw nwura a afe biara United States tow gu no ho hwɛ. Wɔaka sɛ wobetumi de “nsu dodow a wɔtow gu no agu Olympik atare 68,000 mu.” Wobuu akontaa mfe bi a abɛsen kɔ no sɛ, afe biara nnipa a wɔte New York Kuropɔn mu nkutoo yɛ nwura a ebetumi akata kurow no Mfinimfini Agodibea a ne kɛse yɛ mita 4 no so!a
Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛdefa “ɔman a wɔtɔ nneɛma nanso ɛnkyɛ na wɔato agu ho no,” wɔde United States ayɛ “kɔkɔbɔ ho nhwɛso wɔ wiase ama aman a aka nyinaa.” Nanso ɛnyɛ saa man no nko na ɛwɔ tebea a ɛte saa mu. Wobu akontaa sɛ nwura a afe biara Germanfo yɛ no betumi ahyɛ keteke a ɛfa nneɛma a ne tenten fi ahenkurow Berlin mu kɔpem Afrika mpoano, bɛyɛ kilomita 1,800. Na wɔ Britain no, wobuu akontaa sɛ abusua a emufo yɛ baanan sɛe nnua a wobetumi de ayɛ nkrataa afe mũ no nyinaa.
Aman a wonnyaa nkɔso kɛse nnee wɔn ho mfii nwura pii a wɔyɛ no ho. Nsɛmma nhoma bi a agye din bɔ amanneɛ sɛ: “Ade a enye koraa ne sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepepem 6 a wɔte okyinnsoromma no so no afi ase reyɛ nwura pii te sɛ nea U.S. ne aman a wɔaka a wodi yiye no ara pɛ.” Yiw, sɛ́ yɛpɛ anaa yɛmpɛ no, ɛnnɛ yɛn mu pii te aman a wɔtow emu nneɛma gu no mu.
Ɛwom sɛ bere biara nnipa wɔ biribi a ɛsɛ sɛ wɔtow gu de. Nanso nnuan a ɛwɔ nkankyee ne nnaka mu ne aguade ahorow abu so nnansa yi sen sɛnea na ɛte mfe bi a abɛsen kɔ no, enti nnakato ne nkankyeegow abu so wɔ baabiara. Atesɛm nkrataa, nsɛmma nhoma dodow, dawurubɔ nkrataa, ne nkrataa ahorow a wotintim nneɛma wɔ so nso adɔɔso yiye.
Yɛn wiase a anya mfiridwuma ne nyansahu mu nkɔanim kɛse no nso ama nwura adɔɔso. German atesɛm krataa Die Welt ka sɛ, “wɔde kar ho nneɛma a ne dodow bɛyɛ ɔpepem akron kɔ Europa Aman Nkabom no mu afe biara.” Nneɛma yi a wɔbɛtow agu no nyɛ adwuma ketewa. Nea ɛyɛ asɛnnennen wɔ ho kɛse ne asɛm a wobisa sɛ, Ɔkwan bɛn na mobɛfa so atow nuklea anaa nnuru ho nwura agu a asɛm biara mma ho? Wɔ 1991mu no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ United States aboaboa “nwura a awuduru wom ano asum hɔ a wonnya faako a wɔde begu daa.” Wɔkyerɛ sɛ wɔde nneɛma a awuduru wom ankora ɔpepem pii sisi hɔ a wonnya baabi a wɔbɛkora no a ebetumi aba sɛ “ɛbɛyera, wobewia, na sɛ wɔanhwɛ no yiye a ɛbɛsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no.” Wɔ 1999 mu nkutoo no, nnwumakuw ahorow bɛyɛ 20,000 a wɔwɔ United States no yɛɛ nneɛma a awuduru wom bɛboro tɔn ɔpepem 40.
Ade biako nso ne wiase nnipa a wɔn dodow akɔ anim ntɛmntɛm wɔ afeha a etwaam mu no. Sɛ nnipa redɔɔso a, na nwura nso redɔɔso! Na nnipa dodow no ara ama honam fam nneɛma a wɔhwehwɛ agye wɔn adwene. Nnansa yi Worldwatch Institute kae sɛ: “Yɛde nneɛma ne nnwuma ahorow pii adi dwuma fi 1950 sen nea yɛde adi dwuma wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu.”
Nokwarem no, nnipa kakraa bi a wɔwɔ aman a wodi yiye mu no mpɛ sɛ wɔde saa “nneɛma ne nnwuma ahorow” nyinaa di dwuma bio. Sɛ nhwɛso no, susuw ho hwɛ sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛkɔ sotɔɔ akɔtɔ ade a ɛhyɛ ade mu dedaw na wɔasan de ahyɛ rɔba bag mu ama wo sɛ fa kɔ fie. Sɛ wogyae aduan a wɔde ahyɛ ade mu dedaw a wɔtɔn no yɛ mpofirim a, ebia ɛrenkyɛ wobehu sɛnea wɔde wɔn ho ato adeyɛ a ɛte saa so. Na sɛ wɔyɛ no saa nso a, ɛma ɛho tew kɛse, na ɔkwan bi so no aduan a wɔde hyɛ ade mu saa no ma akwahosan pa.
Nanso, ɛmfa ho saa mfaso ahorow yi no, so ɛho hia sɛ yɛma sɛnea nnɛ aman a wɔtow nneɛma gu reyɛ ade akɔ akyiri no ho asɛm haw yɛn? Yiw ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn, efisɛ mmɔden ahorow a wɔabɔ sɛ wɔde besiw saa nwura pii a nnipa ayɛ ano no nkosii hwee. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, su a aman a wɔtow nneɛma gu da no adi nnɛ no haw adwene.
[Ase hɔ nsɛm]
a Agodibea no kɛse yɛ hɛkta 341, anaa Manhattan mansin no ɔha nkyem 6.
[Mfonini wɔ kratafa 4]
Nwura a ebetumi adi awu a wɔbɛtow agu kɛkɛ no de ɔhaw ahorow a emu yɛ den ba