Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 2/8 kr. 10-14
  • Wiase Nnipa Dodow—Na Daakye Nso Ɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nnipa Dodow—Na Daakye Nso Ɛ?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Nnipa Dɔɔso Dodo?
  • So Wobenya Aduan a Ɛdɔɔso?
  • Na Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia no Nso ɛ?
  • Ɔsɛmpɔw no Ankasa
  • So Anidaso Pa bi Wo Ho?
  • Nnipa A Wɔredɔɔso Dodo—Ɛyɛ Hu Dɛn?
    Nyan!—1984
  • Wiase Nnipa A Wɔredɔɔso No—Ɔsɛmpɔw A Ɛho Hia
    Nyan!—1992
  • Nnipa Dodow, ne Bible, ne Yɛn Daakye
    Nyan!—2004
  • Mmofra​—Agyapade Anaasɛ Adesoa?
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 2/8 kr. 10-14

Wiase Nnipa Dodow—Na Daakye Nso Ɛ?

ADANGOW, efĩ, aduan ne nsu pa a ɛho yɛ nã, ɔyare, aduan pa a wonnya—eyinom ne ɔhaw—afoforo pii yɛ nneɛma a wohu wɔ wiase mufo dodow no ara asetram da biara da. Nanso, sɛnea yɛahu no, ɛte sɛ nea nnipa pii a wɔwɔ tebea horow yi mu no tumi gyina ano ɔkwan bi so na wɔtoa so wɔ wɔn da biara da asetram.

Na daakye nso ɛ? So ɛsɛ sɛ nnipa kɔ so tra asetram ahokyere yi mu daa? Nea ɛma asɛm no mu yɛ den no, ɔsɛe ne awerɛhow a esiane nnipa a wɔkɔ so dɔɔso pii no nti nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nyansahufo ne afoforo ka sɛ ɛbɛba no nso ɛ? Wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnam mframa, nsu ne asase a yɛn nkwa gyina so a yɛsɛe no no so resɛe yɛn ankasa trabea. Wɔka ɔhyew a aba asase so pii no nso ho asɛm—mframabɔne te sɛ carbon dioxide, methane, chlorofluorocarbons (nneɛma a ɛyɛ wiriduduudu ne nea efi ahuru) a etu, a ɛbɛma ɔhyew aba na asakra wiase nyinaa wim tebea na ɛde ɔhaw ahorow aba no. So awiei koraa no eyi bɛsɛe anibuei sɛnea yenim no no? Yɛnhwehwɛ nneɛma atitiriw no bi mu yiye.

So Nnipa Dɔɔso Dodo?

Nea edi kan koraa no, so nnipa dodow a ɛwɔ wiase no mu no bɛkɔ so ayɛ pii bere nyinaa? So biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ baabi a ɛbɛkɔ akodu? Nokwarem no, ɛyɛ nokwasɛm sɛ wɔ awo ho nhyehyɛe a wɔyɛ nyinaa akyi no, wiase no mu nnipa dodow kɔ so yɛ pii. Mprempren afe biara nkɔanim no bɛyɛ sɛ ɔpepem 90 (bɛyɛ nnipa dodow a wɔwɔ Mexico afe biara). Ɛte sɛ nea anidaso biara nni hɔ sɛ wɔbɛma agyae nnansa yi ara. Nanso, sɛ yɛhwɛ daakye a, nnipa ho akontaabufo ka sɛ awiei koraa no nnipa no dodow no bɛkari pɛ. Asemmisa a ɛwɔ wɔn adwenem ne sɛ ebekodu he ansa na akari pɛ na bere bɛn.

Sɛnea Amanaman Nkabom Nnipa Dodow Ho Ahyehyɛde no bu akontaa no, ebia wiase no mu nnipa dodow bedu ɔpepepem 14 ansa na akari pɛ. Nanso, afoforo bu akontaa sɛ ɛbɛkari pɛ wɔ ɔpepepem 10 ne ɔpepepem 11 ntam. Nea ebesi biara no, nsemmisa a ɛho hia ne sɛ: So nnipa bɛdɔɔso dodo? So nnipa dodow a wɔwɔ hɔ mprempren yi mmɔho abien anaa abiɛsa bɛkɔ asase yi so?

Akontaabu da no adi sɛ, sɛ nnipa ɔpepepem 14 wɔ wiase nyinaa a, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa 269 biara bɛtra asase kilomita 1 so. Sɛnea yɛahu no, Hong Kong nnipa 14,483 biara te asase kilomita 1 so. Mprempren, Netherlandfo 1,140 biara te kilomita 1, na Japan de yɛ 848, na eyinom yɛ aman a wɔn asetra gyinapɛn ye. Ɛda adi sɛ, sɛ wiase no mu nnipa no dodow tumi du nea wɔaka ato hɔ no mpo a, ɛnyɛ nnipa no dodow no ne asɛnnennen no.

So Wobenya Aduan a Ɛdɔɔso?

Na aduan a wobenya no nso ɛ? So asase no betumi abɔ aduan a ɛbɛso nnipa ɔpepepem 10 anaasɛ ɔpepepem 14? Ɛda adi sɛ, aduan a wonya wɔ wiase nyinaa mprempren no renso nnipa dodow saa. Nokwarem no, yɛtaa te ɔkɔm, aduan pa a wonnya ne sɛnea ɔkɔm kunkum nnipa no ho asɛm. So eyi kyerɛ sɛ yennya aduan a ɛbɛso nnipa dodow a ɛwɔ hɔ mprempren yi, nkantom ne mmɔho abien anaa abiɛsa?

Ɛno yɛ asemmisa a ne mmuae ma bɛyɛ den efisɛ egyina nea “ɛdɔɔso” kyerɛ no so. Bere a nnipa ɔpepehaha a wɔwɔ wiase aman a ahia wɔn sen biara no mu no ntumi nnya aduan a ɛdɔɔso ne aduan ahoɔden wom mpo nni no, nnipa a wɔwɔ aman a wɔwɔ sika a mfiri nnwuma akɛse wom no hu nea efi nnuan a ahoɔden wom mmoroso di mu ba no mu amane—obi fafa a ewu, akisikuru ahorow, komayare ne nea ɛkeka ho. Ɔkwan bɛn so na eyi ka aduan ho asɛm no? Akontaabu bi kyerɛ sɛ egye aburow kilogram anum na wɔanya nantwinam kilogram biako. Enti, ɛkame ayɛ sɛ wiase no mufo nkyem anan mu biako a wodi nam no di aburow a wonya wɔ wiase nyinaa no fã.

Ɛdefa aduan dodow nyinaa a wonya ho no, hyɛ nea nhoma Bread for the World ka yi nsow: “Sɛ wɔkyekyɛ aduan a wonya wɔ wiase no pɛpɛɛpɛ ma wiase no mu nnipa nyinaa, a nea wɔsɛe no sua a, obiara benya nea ɛdɔɔso. Ebia, wobenya nea ɛdɔɔso kakra, nanso ɛbɛyɛ nea ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ.” Wɔkaa saa asɛm no wɔ 1975 mu, bɛboro mfe 15 a atwam ni. Tebea no te dɛn nnɛ? Sɛnea World Resources Institute kyerɛ no, “mfe aduonu a atwam no mu no, aduan a wonya wɔ wiase nyinaa no yɛɛ pii sen nea wohia. Enti, wɔ nnansa yi mfe no mu no, nnuan atitiriw no bo akɔ fam ankasa wɔ amanaman ntam gua ahorow no so.” Nhwehwɛmu afoforo da no adi sɛ nnuan te sɛ ɛmo, aburow, asɛ ne nnuan afoforo bo kɔɔ fam bɛyɛ fã anaa nea ɛboro saa wɔ saa bere no mu.

Nea eyi nyinaa kyerɛ ne sɛ aduan ho asɛnnennen no mfi dodow a wonya no titiriw mmom te sɛ dodow ne ɔkwan a wɔfa so di no. Abɔde ho nyansakwan afoforo ama wɔahu sɛnea wonya ɛmo, awi, ne aburow nnuan afoforo a egu ahorow na ebetumi ama nea wonya mprempren no abu abɔ ho. Nanso, nnɔbae a wɔde di gua te sɛ tawa ne tomantose a asikafo di no so titiriw na eyi ho mmɔdenbɔ no mu fã kɛse no ara wɔ na ɛnyɛ nea ahiafo bedi amee.

Na Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia no Nso ɛ?

Nnipa a wɔhwehwɛ asɛm yi mu no mu pii ahu sɛ wiase nnipa dodow a ɛkɔ so yɛ pii no yɛ nneɛma a ɛde adesamma daakye yiyedi to asiane mu no mu biako pɛ. Sɛ nhwɛso no, Paul ne Anne Ehrlich ka wɔ wɔn nhoma The Population Explosion no mu sɛ, yebetumi de akontaabu tiawa a edi so yi aka nkɛntɛnso a nnipa dwumadi ahorow nya wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so no ho asɛm: Nkɛntɛnso no fi nnipa dodow, ne sɛnea wɔanya wɔn ho, ne mprempren mfiri nnwuma nkɛntɛnso wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no so.

Akyerɛwfo no gyina gyinapɛn yi so ka sɛ, aman te sɛ United States mu nnipa dɔɔso dodo, ɛnyɛ sɛ nnipa wɔ hɔ mmoroso nti na mmom esiane sɛ sɛnea wɔanya wɔn ho no hwehwɛ sɛ wɔde asase no so nneɛma ne mfiri nnwuma di dwuma pii wɔ ɔkwan a ɛsɛe nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no kɛse so nti.

Ɛte sɛ nea nhwehwɛmu afoforo di eyi ho adanse. The New York Times se sikasɛm ho ɔdenimfo Daniel Hamermesh kae sɛ, ‘mframa a wɔhome kɔ wim na ɛma asase no so yɛ hyew no fi baabi a sikasɛm ho dwumadi akɔ akyiri akodu titiriw na ɛnyɛ wɔn a wɔhome mframa yi gu wim no dodow. Amerikani home carbon dioxide gu wim sen Indiani mpɛn 19. Na ebetumi aba koraa sɛ, sɛ nhwɛso no, Brazil a edi yiye wɔ sikasɛm mu na emu nnipa dodow ba fam no bɛsɛe wɔn kwae ntɛm asen Brazil a edi hia na emu nnipa redɔɔso ntɛmntɛm no.’

Alan Durning a ɔwɔ Worldwatch Institute no ka asɛm koro no ara sɛ: “Nnipa ɔpepepem biako a wɔwɔ sika sen biara wɔ wiase no ahyehyɛ anibuei bi a ɛpɛ nneɛma pii na ɛsɛe nneɛma araa ma ama okyinsoroma no aba asiane mu. Saa asikafo yi—wɔn a wɔka kar, wɔn a wodi nam, asanomfo, ne wɔn a wɔtɔ nneɛma a ɛnkyɛ sɛe—asetra kwan no bom yɛ asiane ma nnipa ne nneɛma a atwa wɔn ho ahyia a emu yɛ den sen biribiara, gye ebia nnipa a wɔredɔɔso no.” Ɔkae sɛ adesamma mu “nkyem anum mu biako a wɔwɔ sika sen biara” yi na wɔde chlorofluorocarbons bɛyɛ du mu nkyem akron ne ne mframa afoforo a ɛma wiase yɛ hyew na ɛde tebea a yɛwom no ato asiane mu no mu nea ɛboro fã gu mframa mu.

Ɔsɛmpɔw no Ankasa

Ɛda adi pefee wɔ atifi hɔ nkɔmmɔbɔ no mu sɛ wiase nnipa a wɔkɔ so yɛ bebree a wɔka sɛ ɛno nkutoo na ɛde adesamma ɔhaw ahorow ba no nyɛ nokware. Asɛnnennen a ɛda yɛn anim no nyɛ trabea a ɛresa anaa asase no a entumi mmɔ aduan a ɛdɔɔso a obiara benya bi adi anya ahoɔden anaasɛ nneɛma a yenya fi asase no so a ɛrenkyɛ ɛbɛsa. Eyinom yɛ ɔhaw no ho nsɛnkyerɛnne ara kwa. Ɔsɛmpɔw no ankasa ne sɛ nnipa pii repɛ honam fam nneɛma pii a wonsusuw nea ebefi wɔn nneyɛe mu aba no ho. Adifudepɛ a wɔde hwehwɛ nneɛma pii yi resɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no araa ma ɛreboro nea asase no betumi ayɛ so ntɛmntɛm. Ɔkwan foforo so no, asɛnnennen no mfi nnipa dodow no na mmom adesamma suban.

Ɔkyerɛwfo Alan Durning kaa ho asɛm sɛɛ: “Nea awiei koraa no ɛbɛba adesamma a wɔwɔ asase a ɛda asiane mu so no begyina sɛ ebia yebetumi anya ahosodi pii a ne nnyinaso ne abrabɔ mmara a ɛne sɛ yɛbɛtew nneɛma a yɛde di dwuma so na yɛahwehwɛ ahonyade a ɛnyɛ honam fam nneɛma anaa dabi no so.” Ntease wɔ asɛm no mu yiye, nanso ɛsɛ sɛ yebisa sɛ, So ebetumi ayɛ yiye sɛ nnipa a wɔwɔ baabiara no befi wɔn pɛ mu anya ahosodi, atew nneɛma a wɔde di dwuma no so na wɔahwehwɛ ahonyade a ɛnyɛ honam fam nneɛma akyi kwan? Dabida. Adifudepɛ ne anigye asetra kwan a abu so nnɛ no ma yehu sɛ nea ɛne no bɔ abira no mmom na ebesi. Ɛte sɛ nea nnipa pii de asɛm yi na ɛbɔ wɔn bra: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—1 Korintofo 15:32.

Sɛ nnipa pii ani ba wɔn ho so wɔ nokwasɛm ahorow yi ho na wofi ase sakra wɔn asetra kwan mpo a, yɛrentumi nsakra nneɛma nnansa yi ara. Hwɛ akuw pii a wɔpɛ sɛ wɔbɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho ban na ansɛe no ne asetra kwan afoforo a aba wɔ mfe no mu no. Ebia wɔn mu binom atumi ayɛ ma wɔn din aba atesɛm mu, nanso so wɔanya wɔn a wɔfrɛ wɔ adesamma mu dodow no ara asetra kwan so nkɛntɛnso bi ankasa? Dabida. Dɛn ne asɛnnennen no? Ɛne sɛ, wɔama nhyehyɛe mũ no nyinaa—aguadi, amammerɛ, ne amammui—ayɛ nea ɛhyɛ adwene a ɛne sɛ nneɛma atwam ne nneɛma a wɔtow gu no ho nkuran. Wɔ eyi mu no, wɔrentumi nyɛ nsakrae biara gye sɛ wɔsan hyehyɛ ade mũ no nyinaa ti ne fapem so. Na ɛno behia ntetee a wɔbɛsan de ama nnipa pii bio.

So Anidaso Pa bi Wo Ho?

Wobetumi de tebea no atoto abusua bi a wɔte ofi a wɔasiesie mu yiye a ɔdɛɛfoɔ bi de akyɛ wɔn mu ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔn ani agye no, wɔama wɔn kwan sɛ wobetumi de ofi no mu nneɛma nyinaa adi dwuma ama wɔn ho atɔ wɔn. Sɛ abusua no fi ase sɛesɛe nkongua no, tutu fam hɔ, sɛesɛe mfɛnsere no, ma ɔdorobɛn a nsu nam mu no mu sisiw, de anyinam ahoɔden di dwuma mmoroso—ne tiaa mu no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe fie no a, dɛn na ɛbɛba? So owura no bɛhwɛ wɔn ara kwa a ɔnyɛ hwee? Dabida. Akyinnye biara nni ho sɛ obetu fie no mufo adesɛefo no afi ne fie no mu na wasiesie hɔ sɛnea ɛfata. Obiara renka sɛ adeyɛ a ɛte saa no nteɛ.

Ɛnde, adesamma abusua no nso ɛ? So yɛnte sɛ wɔn a wɔte fie a Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn asiesie mu yiye mu? Yiw, yɛte saa, efisɛ sɛnea odwontofo no kae no: “Asase ne n’ade dodow yɛ [Yehowa] dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.” (Dwom 24:1; 50:12) Ɛnyɛ nneɛma a ɛho hia ma asetra nkutoo na Onyankopɔn de ama yɛn—hann, mframa, nsu, ne aduan—na mmom ɔde pii ama na egu ahorow nso na ama asetra ayɛ anigye. Nanso adesamma ayɛ wɔn ade dɛn, sɛ wɔn a wɔte obi fie? Awerɛhosɛm ne sɛ wɔanyɛ no yiye. Yɛresɛe fie fɛfɛ a yɛte mu yi ankasa. Dɛn na owura no, Yehowa Nyankopɔn, bɛyɛ wɔ ho?

‘Ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no’—nea Onyankopɔn bɛyɛ nen! (Adiyisɛm 11:18) Na ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ saa? Bible no bua sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛbɛtra hɔ daa no ase? Wɔma yedi kan hu nea ɛbɛba no ho biribi wɔ odiyifo Yesaia nsɛm no mu:

“Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa] ahyira wɔn asefo, wɔne wɔn mma.”—Yesaia 65:21-23.

Daakye a ɛyɛ anigye ma adesamma bɛn ara ni! Wɔ saa Onyankopɔn wiase foforo no mu no, adan, aduan, nsu, akwahosan, ne nkurɔfo a wobu ani gu wɔn so ho nsɛnnennen renhaw adesamma bio. Awiei koraa no, adesamma asoɔmmerɛfo betumi ahyɛ asase no so ahwɛ so wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase, a nnipa a wɔbɛdɔɔso mmoroso ho asiane biara nni hɔ.—Genesis 1:28.

[Kratafa 13 adaka]

Dɛn Nti na Aduan Bo Taa Yɛ Den?

Ɛwom sɛ aduan bo ankasa akɔ fam de, nanso osuahu kyerɛ sɛ aduan bo reyɛ den. Dɛn ntia? Ade biako a ɛma ɛba saa ne nkuropɔn a ɛredɔɔso no. Nea ɛbɛyɛ na nnipadɔm a wɔtete wiase no nkuropɔn akɛse a ɛreyɛ pii no mu anya aduan adi no, ɛsɛ sɛ wɔde nnuan twa kwan atenten. Sɛ nhwɛso no, Worldwatch nhwehwɛmu bi ka sɛ wɔ United States no, “aduan atere biako twa kwan kilomita 2,100 fi afum kɔ adidi prɛte mu.“ Ɛnyɛ aduan no bo no nkutoo na odifo no tua na mmom otua n’asiesie, nneɛma mu a wɔde hyɛ, ne kwan a wɔde twa no nso ho ka.

[Kratafa 10 mfonini]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Mframa atwa asase ho ahyia no ma ɔhyew a efi owia mu no ka asase so. Nanso ɔhyew a ɛma ɛba ntumi mfi asase no so ntɛm, na ɛma asase no so ɔhyew yɛ kɛse

Ɔhyew a ɛretu

Mframa ahorow a ɛma asase so yɛ hyew

Ɔhyew a entumi ntu

Dɛn Nti Na Ɛyɛ “Propaganda”?

Wɔ 1622 mu no, Paapa Gregory XV hyehyɛɛ boayikuw bi a emufo yɛ asɔfopɔn 13, asɔfo mpanyimfo 2 ne ɔkyerɛwfo a wɔbɛhwɛ Roman Katolek Asɔre no asɛmpatrɛw dwumadi no so.Ɔfrɛɛ no Congregatio de Propaganda Fide—Gyidi no ho Dawurubɔ Boayikuw—anaasɛ ne tiaa mu no Propaganda. Bere bi akyi no, asɛmfua yi bɛkyerɛɛ mmɔden biara a wɔbɔ de trɛw nsusuwii anaa gyidi horow na wɔde adan nkurɔfo adwene.

Ɛnnɛ, wɔtaa de “propaganda” bata nokwaresɛm a wokyinkyim no, nnaadaa kwan a wɔnam so nya nkurɔfo adwene so nkɛntɛnso, sɛ nhwɛso no, wɔ ɔko bere mu no ho. Nanso asɛm no ho adenimfo binom te nka sɛ wobetumi afrɛ nneɛma ho dawurubɔ a eye sen biara no mpo propaganda, titiriw no sɛ ɛyɛ nea ɛdan nkurɔfo adwene a. The World Book Encyclopedia se: “Demokrase aman mu akyerɛkyerɛfo ma nnipa hu ɔkwan a wɔfa so dwen, nanso propagandafo kyerɛ wɔn nea wonnwen.”

[Kratafa 12 mfonini]

Egye aburow kilogram anum na wɔanya nantwinam kilogram biako. Enti, ɛkame ayɛ sɛ wiase no mufo nkyem anan mu biako a wodi nam no di aburow a wonya wɔ wiase nyinaa no fã

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena