Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 3/8 kr. 4-8
  • Nnipa A Wɔredɔɔso Dodo—Ɛyɛ Hu Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa A Wɔredɔɔso Dodo—Ɛyɛ Hu Dɛn?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Nnipa Adɔɔso Dodo Mpofirim Ara Saa?
  • Nea Ebetumi Aba
  • Nea Nkyereso De Ba
  • Wiase Nyinaa Haw Ahorow
  • Ano Aduru a Ɛyɛ Mmerɛw Biara Nni Hɔ
  • Nnipa Dodow, ne Bible, ne Yɛn Daakye
    Nyan!—2004
  • Wiase Nnipa A Wɔredɔɔso No—Ɔsɛmpɔw A Ɛho Hia
    Nyan!—1992
  • Mmofra​—Agyapade Anaasɛ Adesoa?
    Nyan!—1993
  • Wiase Nnipa Dodow—Na Daakye Nso Ɛ?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 3/8 kr. 4-8

Nnipa A Wɔredɔɔso Dodo​—Ɛyɛ Hu Dɛn?

DƐN na ama nnipa adɔɔso dodo wɔ afeha a ɛto so 20 yi fã a etwa to yi mu saa? Ne fã bi fi nnipa dodow a wowu wɔ wiase nyinaa no so a ahuan esiane nkɔso a aba wɔ aduyɛ ne sikasɛm ne asetra ho nsɛm mu no nti. Enti mmofra kakraa bi na wowuwu, bere a nnipa pii tra hɔ kyɛ. Titiriw, wɔ aman a wonyaa nkɔso pii no mu no, ɛmfa ho sɛ nnipa dodow a wowu no so ahuan no, mmofra dodow a wɔwo wɔn no de ɛso ntewee. Enti, wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho nkate no akyi no, yebisa bio sɛ: Dɛn nti na nkurɔfo wo mma?

● Mma ma pɛ a obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔwofo no di mu. Awarefo pii te nka sɛ wɔn aware no nni mu gye sɛ wɔanya mma ansa. Mma ma nkate a yɛwɔ sɛ yebenya obi a yɛbɛdɔ no na ɔno nso adɔ yɛn no nya mmamu.

● Nyamesom ahorow bi hyɛ emufo nkuran sɛ wonnya mmusua akɛse.

● Wɔ nsase pii so no mma ma abusua no nya mfaso horow wɔ sikasɛm mu. Wɔbɛyɛ adwumayɛfo wɔ afuw mu. Mpɛn pii awofo de wɔn ho to wɔn so ma wɔahwɛ wɔn bere a wɔanyinyin.

● Wobu mma sɛ wɔn na wobesi awofo ananmu daakye. Wɔma abusua no din tra hɔ kosi awo ntoatoaso a ɛbɛba daakye no so.

● Wɔ mmeae binom no, mma, titiriw mmabarima, nya din ma abusua no.

Ɛnde, ɛda adi sɛ wɔ nnipa pii fam no sɛ́ wɔbɛwo mma yɛ asetra fã a ɛho hia.

Dɛn Nti na Nnipa Adɔɔso Dodo Mpofirim Ara Saa?

“Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” Efi bere a wɔde ɔsoro ahyɛde yi mae no, nnipa akɔ so adɔ na wɔde nkakrankakra rehyɛ asase so ma.​—Genesis 1:28.

Efi tete nyinaa no na nnipa pii bu mma sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Abawo ma wonyaa nea onipa gyina so di yiye na onya ahotɔ. Ɛnyɛ afuw mu ne fie nko na mmabanin ne mmabea boae na mmom wɔbɔɔ abusua no nneɛma ho ban wɔ mmara kwan so nso. (Dwom 127:3-5) Sɛ́ ɔbea bɛyɛ obonin yɛ nea wobuu no sɛ ɛyɛ ahohorabɔ ne amanehunu.​—Genesis 30:1; 1 Samuel 1:4-11.

Enti, nnipa no dodow a enyaa nkɔanim no bɛyɛɛ nkɔso a onipa nyae kan no nhyɛase. Nanso mprempren ɛyɛ adesamma haw ahorow akɛse no mu biako na ɛma yɛn daakye yɛ nea ɛwɔ ɔhaw mu. Nnipa dodow ho akontaabufo ka sɛnea ɛrekɔ soro mprempren no ho asɛm sɛ ɛredɔɔso dodo. Dɛn ntia?

Asɛm no wɔ sɛnea nnipa no dodow kɔ anim no mu. Ɛnkɔ anim nnidiso nnidiso (1, 2, 3, 4, 5, 6, ne nea ɛkeka ho) na mmom ebu bɔ ho abien (1, 2, 4, 8, 16, 32, ne nea ɛkeka ho) .

Nnipa a wɔn dodow bu bɔ ho wɔ saa kwan yi so no betumi ayɛ nea ɛyɛ hu. Dɛn ntia? Ɔbenfo J. Forrester a ɔwɔ M.I.T. (Massachusetts Institute of Technology) kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Dodow nkɔanim a ebu bɔ ho betumi ayɛ nea ɛyɛ hu.” Nanso ɔkwan bɛn so na eyi ka wiase nnipa dodow no?

Efi bere a onipa fii ase traa asase so no, nnipa dodow no kɔɔ anim nkakrankakra wɔ bere tenteenten mu​—besii afeha yi mu. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛw adesamma abakɔsɛm too hɔ wɔ Bible mu akyi mfirihyia 4,000 no, wobuu akontaa sɛ asase so nnipa dodow no kɔɔ anim kɔduu ɔpepem 300 wɔ bɛyɛ Yesu bere so.

Nnipa a na wɔwɔ wiase no dodow annu ɔpepepem biako kosii 1800 mfe no mfiase mu hɔ. Afei hwɛ sɛnea ɛkɔɔ soro. Ebeduu 1930 mu, bɛyɛ mfirihyia ɔha akyi no, na nnipa dodow no abu abɔ ho ayɛ ɔpepepem 2. Afei, wɔ mfirihyia 30 mu no, ɔpepepem biako foforo bɛkaa ho ma eduu ɔpepepem 3 wɔ 1960 mu. Nea ɛyɛ hu kɛse no, ebeduu 1975 mu, wɔ mfirihyia 15 akyi pɛ no, na nnipa dodow no akɔ anim akodu ɔpepepem 4. Na mprempren wobu akontaa sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no dodow boro ɔpepepem 4.6. (Hwɛ akontaabu pon a ɛwɔ kratafa 8 no so.)

Nea Ebetumi Aba

Akontaabu a emu gow mpo kyerɛ sɛ ebedu 1987 no na yɛadu ɔpepepem 5. Na ansa na afeha yi bɛkɔ awiei no na nnipa a wɔn dodow boro ɔpepepem 6 na wɔwɔ yɛn okyinsoromma ketewa yi so.

Nanso, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a nnipa dodow nkɔanim fi 1950 mfe no so yɛ ɔha biara mu 2. Sɛ ɛkɔ anim sɛnea ɛte yi ara a, nnipa dodow no bebu abɔ ho abien wɔ mfirihyia 35 mu. Ɛno akyi no, dodow no bɛkɔ anim ntɛmntɛm, na sɛ ɛtoa so saa ara a, ebia ebedu ɔpepepem 50 ansa na afeha a ɛto so 21 no aba awiei. Faako a dɔte anaa asase wɔ wɔ yɛn okyinsoromma yi so nyinaa betumi adan kuropɔn kɛse biako.

Sɛ wotumi tew dodow nkɔanim no so fi ɔha biara mu 2 ba ɔha biara mu 1 a, so eyi besiw nnipa dodow nkɔanim no ano? Sɛ dodow nkɔanim no ba bɛyɛ ɔha biara mu 1 a, nnipa dodow a wɔwɔ wiase no bebu abɔ ho abien wɔ mfirihyia 70 mu, ɛnyɛ mfirihyia 35 mu, Nanso ɛrensiw ɔhaw no ano. Ɛbɛtwe akɔ akyiri ara kwa.

Nkontaabufo binom kyerɛ sɛ, sɛ nnipa dodow no du bɛyɛ ɔpepepem 15 (afoforo ka ɔpepepem 10.5) wɔ bɛyɛ afe 2110 mu a, ɛrenkɔ n’anim bio. Wɔwɔ anidaso sɛ nkɔso a wonya wɔ wiase nnipa dodow ano a wosiw mu betumi ama eyi ayɛ yiye. Nanso asɛm a ɛte sɛɛ yɛ nea wɔde ano ara kwa na ɛka. Nneɛma afoforo pii ho asɛm wom.

Sɛ nhwɛso no, wɔ aman a wɔanya nkɔso kɛse wɔ mfiridwuma mu, te sɛ Amerika so no, dodow nkɔanim no ayɛ nea ɛkɔ fam kakra sen aman a wonnyaa nkɔso wɔ mfiridwuma mu no. Nanso, mmofra dodow a wɔwo wɔn no fii ase kɔɔ soro nnansa yi wɔ Amerika. February 22, 1982 Time nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ:

“Nokwarem, mmofra dodow a wɔrewo wɔn wɔ Amerika no yɛ nea ɛkɔ soro sen biara wɔ nea ɛboro mfe du mu, Bere a akɔ fam bɛyɛ 14.5 (ma nnipa 1,000 biara) akyi no, ɛsan kɔɔ soro koduu 16.2 wɔ 1980 mu, na wɔhwɛ kwan sɛ ebedu 17.1 afe yi. Anim a ɛrekɔ yi yɛ aniberesɛm wɔ akontaabufo pon no so. Ɛyɛ hu.”

Nanso ɛnyɛ nea ɛyɛ hu ma Amerikafo nko; wiase nnipa a wɔredɔɔso dodo no yɛ asɛm a ɛyɛ hu esiane kã a ɛkã asase nyinaa wɔ akwan horow pii so no nti. Dɛn ne nneɛma a ɛde ba yi binom?

Nea Nkyereso De Ba

Nhwehwɛmu ahorow pii a wɔayɛ wɔ mmoa ho kyerɛ sɛ, sɛ wɔnnɔɔso a, wɔn dodow kɔ anim ntɛmntɛm. Nanso bere a mmoa no dodow kɔ anim tra baabi no, wofi ase yɛ basabasa. Awiei koraa no wɔn asetra ho nhyehyɛe no sɛe.

Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a Ɔbenfo John B Calhoun yɛe wɔ Norway akisi ho no ma yehu asɛm no mu: Ɛwom sɛ na akisi no nya aduan a ɛdɔɔso di na wɔyɛ wɔn aduru sɛnea ɛsɛ de, nanso bere a wɔbɛdɔɔso kɛse wɔ ebuw no mu no, anini no bi fii ase yɛɛ basabasa kɛse; sɛ nhwɛso no, ná wɔforo abere no ma ɛtra so na mpo wɔwee mma a wɔwoo wɔn no, bere a anini afoforo twee wɔn ho fii kuw no ho koraa. Wɔ akisi a wɔyɛ abere no fam no, yafunu a ɛsɛe ne owu wɔ nyinsɛn berɛ mu kɔɔ so kɛse, na ebinom ampɛ sɛ wɔbɛma wɔn mma nufu anaa wɔbɛhwɛ wɔn.

Saa basabasayɛ wɔ mmoa mu bere a wɔn dodow akɔ anim kɛse yi ma nnipa binom susuw onipa nneyɛe ho wɔ tebea a ɛte saa ara mu. Wɔte nka sɛ adwenemhaw, asanom bebrebe, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, nsɛmmɔnedi ne kum a obi kum ne ho kɔ so kɛse wɔ mmeae a nnipa kyere so kɛse no. Wohuu eyi bi nso wɔ mmeae binom a nnipa pii tra faako wɔ aguanfo atrae, mfiridwuma horow mu, sukuu adan mu ne mmeae a ɛtete saa a tebea no bɛyɛɛ nea ɛkyere so dodo no.

Wiase Nyinaa Haw Ahorow

Ɛnnɛ nnipa dodow a wɔwɔ wiase no mu bɛyɛ ɔha biara mu 75 te aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu. Wɔn mu bɛyɛ ɔha biara mu 40 yɛ ahiafo buroburo. Bio nso, aman a wonnyaa nkɔso kɛse no so na nnipa wo kɛse sen biara wɔ wiase.

So yebetumi ahwɛ kwan sɛ nnipa a wodi hia no dodow bɛkɔ fam? Dabi, sɛnea Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ nnipa dodow ho nsɛm so kyerɛ no. Ɛkyerɛ sɛ ebedu afe 2110 no, nnipa no mu bɛyɛ ɔha biara mu 90 bɛyɛ wɔn a wɔwɔ nea mprempren wɔfrɛ no aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu. Dɛn na eyi kyerɛ?

Bere a nnipa no dodow kɔ so ara yɛ kɛse no, amammui ne sikasɛm mu nhyɛso horow mu betumi ayɛ den kɛse wɔ aman pii so. Ɔman a nnipa no dodow kɔ anim araa kosi baabi a ɛma ɔkɔm ka wɔn no betumi awuwu anaasɛ ɛbɛhyɛ wɔn ma wɔatu akɔ beae foforo anaa ɛbɛma wɔde anibere akɔtow ahyɛ asase a ɛyɛ obi foforo de so. Eyi betumi de amammuisɛm mu basabasayɛ aba na ama ɔman anidan, basabasayɛ anaa ɔko ahorow anya nkɔso.

Wɔ wiase nyinaa no, adeyɛ foforo rekɔ so dedaw a ɛne tu a nkurɔfo tu fi aman a wodi hia so kɔ faako a sika wɔ kɛse no. Eyi de ɔhaw ahorow brɛ nniso horow a ɛfa wɔn ho no. Ahɔho mpem ɔhaha pii a wɔpamoo wɔn fii Nigeria nnansa yi no si asɛm yi so dua. Nanso so wubetumi de asodi no ato nnipa no so sɛ wɔyɛ saa, bere a wonim sɛ aman afoforo wɔ aduan anaa nneɛma afoforo a wonni bi no?

Wobu akontaa sɛ, wɔ obi a wɔwo no wɔ aman a wɔwɔ sika na wodi yiye wɔ mfiridwuma mu no bi so no nkwa nna mu no, odi aduan a obi a wɔawo no wɔ Afrika, Asia anaa Latin Amerika di no mmɔho 20 kosi 40. Ɛnyɛ nwonwa nko na eyi yɛ na mmom ɛhyɛ nnipa a wonni bi no abufuw nso. Wɔn kɔn dɔ sɛ wobenya ahonyade a wohu wɔ aman a wɔanya nkɔso so no bi. Enti ɛte sɛ nea nnipadɔm a wotu kɔ aman afoforo so no bɛkɔ so daa.

Nea ɛhaw adwene kɛse ne sɛnea Amerika abenfo kuw bi de asɛm no ba awiei no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ mprempren wiase tebea no ho se: “Sɛ sɛnea nnipa redɔɔso wɔ wiase no, ne mfiridwuma ho asɛm, efĩ, aduan a wonnya, ne nneɛma ahorow a ɛso rehuan no ansakra na ɛkɔ so ara a, faako a yebenya nkɔso akodu wɔ okyinsoromma yi so no bɛba awiei wɔ mfirihyia ɔha a ɛbɛba no mu hɔ baabi. Nea ebetumi afi mu aba bɛyɛ nnipa no dodow ne nea wotumi yɛ wɔ mfiridwuma mu a ɛso behuan mpofirim a wontumi nyɛ ho hwee.”

Ano Aduru a Ɛyɛ Mmerɛw Biara Nni Hɔ

Ɛte sɛ nea ɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi nuklea akode ho asɛm a ɛyɛ den no ho dwuma sen sɛ wobenya nnipa a, wɔredɔɔso dodo no ano aduru a eye ankasa. Ebia ɔsɛe ho hu ara kwa bɛma amanaman no asuro sɛ wobefi nuklea akodi bi ase, nanso hena na obetumi asiw nnipa no kwan sɛ ɔrenunu wɔnwo mma?

So aduankɔm ho hu, adan a enni hɔ anaa sikasɛm mu ahokyere bɛma wɔagyae awo? Ɛnnɛ, faako a nnipa redɔɔso kɛse wɔ no ne aman a aduan ho yɛ den, adan ho yɛ nã, sikasɛm ayɛ basaa na ahotew ho asɛm yɛ awerɛhow kɛse no mu.

Ebia ebinom de adwene no bɛba sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhaw no befi hɔ no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔanyinyin no tra hɔ kyɛ saa. Nanso abofra bɛn na ɔbɛpɛ sɛ okum n’awofo anaa ne nananom na ama nnipa a wɔwɔ wiase no dodow akari pɛ?

Atesɛm krataa Great Decisions 1973 no samufo bisa nsɛm afoforo wɔ ano aduru a wɔhwehwɛ no mu: “So ɛyɛ nokware sɛ ɛrenkyɛ nkɔso bɛba awiei wɔ okyinsoromma yi so? . . . .

Sɛ saa a, so yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebefi ase na yɛagye gyinaesi ahorow a emu yɛ den a ehia na ama akari pɛ no atom? . . . Sɛ kɔ a yɛbɛkɔ so atra ase ho aba asɛm a, so yebetumi agyaw gyinaesi no ama ankorankoro? Sɛ ɛnte saa a, so wiase nyinaa nniso ne ano aduru?”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.

Samufo asɛm bi a epuee Belgiumfo atesɛm krataa La Nouvelle Gazette mu wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so akwati nuklea akodi ho de nnyinasode bi nso ma wɔ nnipa a wɔredɔɔso dodo no ano a wobesiw ho. Ɛka sɛ: “Ano aduru koro pɛ bɛyɛ gyae a ɔman biara begyae ne tumidi mu . . . ama wiase nyinaa nniso.​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi.

So wiase nyinaa nniso biako ma asase nyinaa betumi ayɛ yiye ankasa? Hena na wobetumi anya ne mu ahotoso sɛ ɔmfa nniso a ɛte sɛɛ nsi hɔ na ɔnhwɛ ma ɛnkɔ so yiye? Yɛbɛyɛ dɛn agye adi sɛ ɔde nnipa a wɔredɔɔso dodo no ho aduru a eye bɛma? Asɛm a edi so yi bua nsemmisa a ɛho hia yi.

[Graph/Picture on page 8]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Sɛnea nnipa a wɔwɔ wiase dodow rekɔ anim nnɛ

[Kratafa 5 mfoni]

Asase a ɛwɔ okyinsoromma yi so nyinaa betumi adan kurow kɛse biako

[Kratafa 6 mfoni]

Nkyereso betumi ama nnipa afi ase ayɛ basabasa

[Kratafa 7 mfoni]

Nnipa a wɔredɔɔso dodo no de ɔkɔm ba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena