Wiase Nnipa A Wɔredɔɔso No—Ɔsɛmpɔw A Ɛho Hia
“ABOFRA a Ɔto So Ɔpepepem Anum.” Saa na China aban frɛɛ Wang He, abofra abeawa bi a wɔwoo no wɔ Beijing ayaresabea, July 11, anadwo wɔ 1987 mu. Obiara rentumi nkyerɛ sɛ saa akokoaa no maa nnipa dodow a ɛwɔ wiase no duu 5,000,000,000 ankasa saa bere no. Nanso, bere a Amanaman Nkabom no kyerɛe sɛ wiase no mu nnipa dodow bedu saa no pɛpɛɛpɛ mu na wɔwoo no. China aban no de adeyɛ no dii dwuma de kyerɛɛ sɛnea nnipa dodow a ɛrenya nkɔanim ho ɔsɛmpɔw a ɛda China ne wiase no so no mu yɛ den no.
Akontaabu kyerɛ sɛ nnipa a wɔwɔ asase so no redɔɔso wɔ ɔkwan a ɛma abenfo bi bɔ hu so. Sɛnea asase so nnipa dodow renya nkɔanim mprempren no, ebebu abɔ ho mprenu wɔ bɛyɛ mfe 40 pɛ mu. Abenfo se, sɛ ɛkɔ so saa a, aduan a wobehia ama wiase no mu nnipa no bɛboro nea wotumi nya no so, na nea ebefi mu aba ne sɛ ɔkɔm a bɛba wiase nyinaa. Bio nso, esiane sɛ abɔde mu nneɛma a wonya wɔ asase mu no tumi sa nti, sɛ nnipa kɔ so yɛ pii a ɛnkyɛ na asa, na nea eyi betumi akyerɛ ara ne amanehunu wɔ wiase nyinaa. Abenfo no se sɛ ɔkɔm ne nneɛma a wonnya ankunkum yɛn a, akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a yɛresɛe no saa. Yɛnam nea yɛreyɛ mframa, nsu ne asase no so retua yɛn ho ahome ankasa, na nnipa a wɔreyɛ pii no bɛma yɛayɛ saa ntɛm. Eyi nyinaa ma ɛyɛ sɛ nea ɔsɛe bi da yɛn anim.
Nanso, dɛn na wobetumi ayɛ wɔ ho? Asɛm no ho adwenkyerɛ pii wɔ hɔ. Ebinom te nka sɛ sɛ wɔanyɛ biribi a ɛbɛma nnipa a wɔredɔɔso no ano ammrɛ ase ntɛm a, ɛde adesamma nyinaa yiyedi bɛto asiane mu. Afoforo gye di sɛ sɛnea na ɛte wɔ mmere a atwam no mu no, wobenya akwan afoforo a wɔbɛfa so adi aduan, nneɛma a wohia, asase no a wɔresɛe no ne biribi foforo biara a ɛka ho ho nsɛnnennen no ho dwuma. Afoforo nso te nka sɛ awiei koraa no nnipa no dodow bɛkari pɛ, enti enhia sɛ ɛho asɛm haw obi mmoroso. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ asɛm no fã biara ho adwenkyerɛ ahorow a emu yɛ den wɔ hɔ. Ɛda adi pefee sɛ, wiase mu nnipa a wɔredɔɔso no ho nsɛm yɛ hwanyann na ɛyɛ ɔsɛmpɔw a ɛho hia.
Nanso, nea ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow ne sɛ, nnipa a wɔwɔ aman a wɔnkyere so wɔ hɔ na wɔwɔ sika pii no na wɔka ɔhaw a ɛreba no ho asɛm. Wɔde kɔkɔbɔ rema efisɛ wɔte nka sɛ wɔn asetra gyinapɛn anaasɛ wɔn daakye yiyedi da asiane mu. Na wɔn a wɔwɔ aman a wodi hia, wonnyaa nkɔanim pii na nnipa dɔɔso wɔ hɔ dodo mu no nso ɛ? Wɔte nka dɛn wɔ nnipa dodow ho ɔsɛmpɔw no ho? Asetra te dɛn wɔ wiase mmeae a nnipa akyere so wɔ hɔ no mu?
Nyan! de wo rekɔ wiase no mu mmeae bi a nnipa akyere so wɔ hɔ no binom na w’ankasa woahu sɛnea nnipa a wɔredɔɔso dodo no asetra te na aboa wo ma woate ɛho ɔsɛmpɔw ahorow no mu binom ase.