Mmofra Bisa Sɛ . . .
Dɛn Nti Na Me Wofo Nnɔ Me?
“Ansa na me papa regyae me maame no, na yɛtaa bom kɔ mpoano, kodidi wɔ adidibea, de ne kar kyinkyin. Afei egyae koraa. Me papa sesae. Misusuw sɛ wagyae me nso.”—Karen.a
MMOFRA nkumaa pii nya nkate a ɛyɛ yaw saa ara. Te sɛ Karen no, wonya nkate sɛ ɔwofo bi nnɔ wɔn bio—anaa wannɔ wɔn mpo da. Ɛnyɛ bere tiaa mu ɛyawdi a ɛba esiane wantwiwantwi a esi wɔ wɔn a wɔadu mpanyin afe so ne wɔn awofo ntam nti; ɛnna ɛnyɛ abufuw a ɛtɔ da bi a ɛba esiane awofo nteɛso bi nti ho asɛm koraa na yɛreka wɔ ha. Mmom no, ɛtɔ mmere bi a, awofo di fɔ wɔ nneɛma bi a wobu ani gu so ankasa ho, sɛ wɔmmfa ɔhwɛ ne nteɛso a ehia mmma wɔn mma no. Wɔ tebea afoforo mu no, wɔtaa yɛ mmofra no ayayade, a ebia ɔyaw anaa ɔboro ka ho.
Biribiara nyɛ yaw kɛse nsen po a ɔwofo bɛpo wo. Karen ka sɛ: “Ɛmaa metee nka sɛ wɔmpɛ me anaa wɔagyaw me.” Sɛ woaba tebea a ɛyɛ den sɛɛ mu pɛn a, susuw nyansahyɛ ahorow bi a ɛfa sɛnea wubetumi agyina w’atenka ano ho no ho. Nya awerɛhyem sɛ sɛ w’awofo mmoa wo mpo a, ebetumi asi wo yiye wɔ asetra mu!
Wo Wofo a Wobɛte No Ase
Edi kan no, ɛteɛ sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ wo wofo bɛdɔ wo. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a ɔwofo wɔ ma ne ba no fi awosu ne ahotoso mu te sɛ owiapuei. Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ awofo bɛda saa ɔdɔ no adi. (Kolosefo 3:21; Tito 2:4) Ɛnde dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a awofo toto wɔn mma ase, po wɔn, anaasɛ wɔyɛ wɔn ayayade?
Ade biako a ɛde eyi ba betumi ayɛ wɔn ankasa asetra mu suahu. Bisa wo ho sɛ, ‘Ɛhefa na m’awofo suaa sɛnea wɔtete mmofra?’ Wɔ tebea pii mu no, awofo no fi asuade a wonya fii wɔn awofo hɔ no mu na wɔyɛ saa. Na wɔ yɛn nnɛyi atirimɔden wiase a nnipa dodow no ara ‘nni dɔ’ mu no, saa ntetee no ho taa tɔ kyima yiye. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛtɔ mmere bi a, ade a ɛyɛ hu a ɛtaa si ne awofo a wɔyɛ wɔn mma ayayade na mma no nso yɛ wɔn mma saa ara sɛnea wɔyɛɛ wɔn bere bi no.
Bio nso, ebia na awofo nni anigye koraa esiane ntease ahorow bi nti. Ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati ahohia ne abasamtu denam wɔn ho a wɔde hyɛ adwuma, mmosa anaa nnubɔnenom mu no so. Sɛ nhwɛso no, William ne Joan ne agya a ɔyɛ sadweam na ɛtrae. Joan ka sɛ: “Na ɛyɛ den ma me papa sɛ ɔbɛkamfo yɛn. Nanso, nea na enye koraa ne bere a wanom nsa na ne bo afuw no. Ɔbɛteɛteɛm agu me maame so anwummere mu nyinaa. Misuroe bere nyinaa.” Sɛ awofo nka kasafi wɔ baguam mpo a, wɔn abrabɔ bɛma ahoɔden a wɔde bɛda ɔdɔ a ɛho hia adi akyerɛ wɔn mma ne adwene a wɔde besi wɔn so no so atew.
William te nka sɛ ɔte n’agya nneyɛe a wonhu ano no ase. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’agya nyinii wɔ Berlin, Germany, wɔ Wiase Ko II no mu. Sɛ abarimaa no, ɔfaa ahude pii mu na ohuu owu bebree. Na ɛsɛ sɛ odi apere da biara na wanya biribi adi. Mete nka sɛ tebea a m’agya faa mu no kaa no yiye.” Nokwarem no, Bible no gye tom sɛ nnipa a wɔfa amimdi saa mu no betumi ayɛ ade a ntease nnim.—Ɔsɛnkafo 7:7.
So William ne Joan te nka sɛ wɔn agya tebea a ɔfaa mu no yɛ anoyi wɔ sɛnea ɔne wɔn dii nsɛm no ho? William ka sɛ: “Dabi, tebea a ɔfaa mu no nkyerɛ sɛ ɔnnan sadweam na ɔnna nneyɛe bɔne adi. Nanso, ɛno a minim no aboa me ma mahu nea enti a m’agya yɛ n’ade saa.”
Nokwasɛm a wubegye atom sɛ w’awofo nyɛ pɛ na wasua biribi afa tebea a wɔfaa mu ho no bɛboa wo kɛse paa ma woate wɔn ase. Mmebusɛm 19:11 ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.”
Atenka Bɔne Ano a Wubegyina
Atenka bɔne afoforo wɔ hɔ a ebetumi ahyɛ wo so esiane fie tebea no nti. Sɛ nhwɛso no, adwene a Patricia awofo baanu nyinaa amfa ansi no so no maa ɔtee nka sɛ “ne so nni mfaso na wɔnnɔ no.” LaNeisha ahotoso wɔ mmarima mu no so tewee koraa bere a n’agya gyaw no a na wadi mfe awotwe pɛ no. Ɛkame ayɛ sɛ Shayla kɔn dɔ sɛ obiara a obehyia no de n’adwene besi no so, sɛnea ɛbɛyɛ na ne nsa aka ɔdɔ a ne maame a “nnubɔne adi” n’asetra so nnya mma no no.
Abufuw ne ninkuntwe nso betumi ayɛ ɔhaw. Bere a Karen huu n’agya a wasan aware bio sɛ ɔda ɔdɔ a ɔpɛe sɛ ne nsa ka adi kyerɛ n’abusua foforo no, ɛmaa “ɔtwee ninkunu ankasa wɔ bere bi mu.” Ɛtɔ mmere bi mpo a, Leilani te nka sɛ ɔtan n’awofo. Ɔka sɛ: “Me ne wɔn kasakasae bere nyinaa.”
Sɛ wosusuw tebea no ho a, ntease wɔ nkate yi nyinaa mu. Nanso ɔkwampa bɛn na wubetumi afa so adi saa atenka bɔne yi so? Susuw nyansahyɛ a edidi so yi ho.
• Bɛn Yehowa Nyankopɔn. (Yakobo 4:8) Wubetumi ayɛ saa denam kokoam Bible akenkan ne Ne nkurɔfo a wo ne wɔn benya fekubɔ daa no so. Wobɛba abehu sɛ Yehowa yɛ nokwafo bere a wuhu sɛnea ɔne afoforo di no. Wubetumi anya ne mu ahotoso. Yehowa bisaa Israelfo no sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho?” Ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Sɛ eyinom werɛ befi po a, me de, me werɛ remfi wo.” (Yesaia 49:15) Enti bɔ Onyankopɔn mpae daa. Ɛnhaw wo ho wɔ nsɛm a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ wode di dwuma ho. Ɔte w’ase. (Romafo 8:26) Hu sɛ Yehowa dɔ wo bere a ɛkame ayɛ sɛ obiara nnɔ wo mpo no.—Dwom 27:10.
• Ka w’atirimsɛm kyerɛ ɔpanyin bi a wowɔ ne mu ahotoso. Wo ne wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ honhom mu nyɛ nnamfo. Da wo nkate ne dadwen adi pefee kyerɛ wɔn. Wɔ Yehowa Adansefo Kristofo asafo no mu no, wubetumi anya honhom fam agyanom ne ɛnanom. (Marko 10:29, 30) Nanso ebehia sɛ wufi wo pɛ mu da w’atenka adi kyerɛ wɔn. Afoforo renhu wo nkate gye sɛ woka kyerɛ wɔn. Ahotɔ a efi wo koma a woremma biribiara nhaw no mu ba no betumi ayɛ awerɛkyekye ankasa ama wo.—1 Samuel 1:12-18.
• Yɛ pii denam nneɛma a wobɛyɛ ama afoforo so. Sɛnea ɛbɛyɛ na woankɔ so ansu wo ho mmɔbɔ no, bɔ mmɔden sɛ worennya wo tebea no ho adwemmɔne. Mmom no, sua sɛ wubenya nea wowɔ no ho anisɔ. Gye hokwan ahorow tom na ‘nhwɛ wo nko ade, na mmom hwɛ wo mfɛfo de bi’. (Filipifo. 2:4) Fa honhom fam botae sisi w’ani so, na fa adwempa di ho dwuma. Afoforo ahiade a wubedi ho dwuma wɔ Kristofo som adwuma mu no yɛ ɔkwan a ɛkyɛn so a ɛbɛma wode w’adwene asi afoforo so sen w’ankasa wo ho.
• Kɔ so kyerɛ obu ma w’awofo. Kae bere nyinaa sɛ wobɛbata Bible nnyinasosɛm ne gyinapɛn ahorow ho. Nea ɛka ho ne nidi a wode bɛma w’awofo. (Efesofo 6:1, 2) Nidi a ɛte saa besiw weredi ne abufuw kwan a wobɛfa so no. Kae sɛ ɛmfa ho nnebɔne biara a ɔwofo bi bɛda no adi no, ɛno mma wo hokwan sɛ da su bɔne adi. Enti gyae nsɛm mu ma Yehowa. (Romafo 12:17-21) ‘Ɔdɔ atɛntrenee’ na ɔwɔ ahobammɔ nkate a emu yɛ den wɔ mmofra ho. (Dwom 37:28; Exodus 22:22-24) Bere a wokɔ so de obu a ɛfata ma w’awofo no, bɔ mmɔden sow Onyankopɔn honhom aba no—nea ɛsen ne nyinaa no, ɔdɔ.—Galatifo 5:22, 23.
Wubetumi Adi Nkonim
Akyinnye biara nni ho sɛ ɔwofo dɔ a wunnya no betumi ayɛ yaw. Nanso ɛnsɛ sɛ awofo huammɔdi kyerɛ onii ko a wobɛyɛ. Wubetumi apaw ade a ɛbɛyɛ anigye ne nkonimdi ama wo ho denam Bible nnyinasosɛm horow a yɛasusuw ho a wode bedi dwuma wɔ w’asetra mu no so.
William, a yedii kan kaa ne ho asɛm no yɛ bere nyinaa otuhoamafo wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea biako mu. Ɔka sɛ: “Yehowa ayɛ nsiesiei pii na aboa yɛn ma yɛatumi agyina awerɛhosɛm a ɛtete saa ano. Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ yɛwɔ ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ na odwen yɛn ho saa!” Ne nuabea Joan yɛ bere nyinaa kwampaefo a ɔresom wɔ beae a wohia asɛmpakafo kɛse. Ɔka sɛ: “Yɛrenyin no, yehuu nsonsonoe pefee wɔ ‘nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.’” (Malaki 3:18) “Yɛn suahu ahorow no maa yesii gyinae a emu yɛ den sɛ yɛbɛpere ama nokware no na yɛde ayɛ yɛn de.”
Ebetumi aba saa wɔ wo nso wo fam. Bible ka sɛ: “Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa.” (Dwom 126:5) Ɔkwan bɛn so na saa nkyekyɛm yi ho hia? Wiɛ, sɛ wo yere wo ho de trenee nnyinasosɛm di dwuma wɔ tebea dennen mu a, awiei koraa no anigye besi wo nusu ananmu bere a wo nsa ka Onyankopɔn nhyira no.
Enti kɔ so yere wo ho sɛ wobɛbɛn Yehowa Nyankopɔn. (Hebrifo 6:10; 11:6) Sɛ wafa dadwen, abasamtu, ne afobu mu mpo mfe pii a, saa nkate yi bedwo nkakrankakra “na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no” asi ananmu.—Filipifo 4:6, 7
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa edin no bi.
[Adaka wɔ kratafa 14]
So Wote Nka . . .
• Sɛ wonsom bo anaasɛ womfata?
• Sɛ ahobammɔ anaa nyansa nnim sɛ wubenya afoforo mu ahotoso?
• Sɛ wuhia awerɛhyem bere nyinaa?
• Sɛ wuntumi nni w’abufuw anaa ninkuntwe so?
Sɛ wo mmuae wɔ saa nsɛmmisa yi ho yɛ yiw a, wo ne ɔwofo bi a wowɔ ne mu ahotoso, ɔpanyin, anaa honhom fam adamfo a ne ho akokwaw mmɔ ho nkɔmmɔ ntɛmpa ara.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]
Yɛ biribi pa fa gyina wo nkate ano