Po So Ahyɛn Akɛse Ayɛ Krado Sɛ Wɔbɛboa
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ FINLAND HƆ
PO SO ASOMFENA tu fa wim a mununkum nnim no mu. Owia rebɔ denneennen. Kɔfe aba hua ayɛ mframa mu ma. Awiei koraa no, wɔka hyɛn no fã a wɔde nneɛma gu no apon hwe mu dennen, wɔhyɛn mmɛn, na afei po so hyɛn a wɔde nneɛma ahyɛ mu ma no de ahoɔden fi n’akwantu no ase. Wɔde kɔfe aba a ayɛ hyɛn yi mu ma no rekɔ Finland, ɔman a emufo ani gye kɔfe ho yiye no mu. Nanso, wɔ adapɛn kakraa bi akyi, bere a awɔw no ano ayɛ den paa no, hyɛn a ɛso kɔfe aba wɔ nkotoku mu no yɛ sɛnea ɛreyɛ aka nsukyenee duruduru a ɛwɔ Baltic Po mu no mu. Dɛn na wobetumi ayɛ? Ɛnsɛ sɛ wɔma eyi haw wɔn, efisɛ mmoa nam kwan so reba. Po so hyɛn kɛse bi yi ne ti—nea etumi bubu nsukyenee.
Nsukyenee no Bubu
Wɔde wiase yi mu aguadi nneɛma mu dodow no ara fa po so. Eyi ntaa mfa ɔhaw biara mma. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na po so ahyɛn akodu wɔn gyinabea bere a po mu nsu akyen no? Egye nyansa titiriw wɔ Baltic Po a ɛso nni adagyew, a ɛno ne po so kwan biako pɛ a aman pii de di dwuma no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ awɔw ba denneennen a, nsukyenee siw hyɛn gyinabea horow a ɛwɔ Finland no kwan, na wɔ hyɛn gyinabea a ɛwɔ Finland atifi fam paa no de, nsukyenee no tumi twa ho hyia di bɛyɛ asram asia. Eyi ama nkurɔfo ahwere wɔn nkwa.
Wɔ 1867 mu no, wotwaa nnɔbae kakraa bi wɔ Europa kusuu ne mfinimfini fam. Esiane sɛ na nsu kwan a wɔfa mu kɔ Finland nyinaa adannan nsukyenee de kosi May mu nti, na ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so anya mmoa gye sɛ nsukyenee no nyinaa anan ansa. Wɔ nhoma Through Ice and Snow mu no, po so hyɛn mu panyin Seppo Laurell kae sɛ: “Ebedu saa bere no, na nnipa bɛyɛ 110,000, anaa [Finland] man no mu nnipa bɛboro ɔha mu nkyem anum na wɔawuwu, esiane ɔkɔm nti.”
Nsukyenee siw po so hyɛn a nneɛma wom kwan wɔ mmeae foforo nso. Wɔ Amerika Kusuu fam no, ɔhaw yi abu so wɔ Atare Akɛse no so, wɔ St. Lawrence Asubɔnten no so, ne Canada mpoano. Wɔ Arctic ne Antartic mmeae horow no mpo de ɛyɛ den paa sɛ wode hyɛn betumi afa po mu wɔ awɔw bere mu. Sɛ wɔkyekyɛ mu a, ɛhɔ nsukyenee mu pipiripi yɛ mita abien kosi abiɛsa.
Mmɔden a Wɔbɔe Mfiase Sɛ Wɔbɛpae Akwan Afa Nsukyenee no Mu
Wɔ mmere a na mframatama wɔ po so ahyɛn mu no, na ɛte sɛ nea nsukyenee yɛ akwanside a wontumi nni so. Bere a po so hyɛn a edi kan a wɔde dade ayɛ a biriw na ɛma ɛyɛ adwuma bae no, tebea no yɛɛ yiye kakra. Sɛ po so hyɛn a wɔde fa nneɛma yi ho yɛ den paa a, n’ankasa tumi fa nsukyenee a emu nyɛ duru mu. Nanso, ɛnyɛ nsukyenee nyinaa na na po so ahyɛn a ɛte saa no tumi fa mu, ɛwom mpo sɛ wɔhyɛɛ da siesiee ebi titiriw maa nsukyenee de.
Po so ahyɛn a etumi fa nsukyenee mu a wɔyɛe no ne ɔhaw no ano aduru. Po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu a wodii kan yɛe wɔ wiase nyinaa ne City Ice Boat I, a wɔyɛe wɔ United States wɔ 1837 mu no. Wɔ Europa nso, wɔyɛɛ Eisbrecher wɔ Hamburg, Germany, wɔ 1871 mu. Ankyɛ na osuahu a wonyae no ma wohuu ahyɛn yi mu nea etumi nsukyenee, na ansa na afeha 20 refi ase no, na wɔasiesie ahyɛn yi bi wɔ ɔkwan soronko so dedaw.a
Nnade Abran a Etumi Tɛn Nsu Ani
Sɛ po so hyɛn tim nsukyenee mu a ɛte dɛn? Po so hyɛn muni bi ka sɛ, “ɛhyɛn no popo biribiri te sɛ nea atiridiinini abɔ no.” Ɛsɛ sɛ po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu no tumi gyina nhyɛso a ano yɛ den pii sen nea aguadifo hyɛn tumi gyina ano no ano. Po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu dwumayɛni bi ka sɛ “sɛ́ wode po so hyɛn bɛfa nsukyenee mu no te sɛ wode hyɛmma a afiri bɔ ho nam mpoano wɔ anhwea mu.” Dade a ɛwɔ po so hyɛn anim no pipiripi yɛ bɛyɛ nsateakwaa biako—na po so ahyɛn a etumi fa nsukyenee mu wɔ asasetifi no de yɛ bɛyɛ nsateakwaa abien—saa ara nso na wɔayɛ nnade a etumi dwiriw nsukyenee afoforo aka dedaw a ɛwɔ po so hyɛn ho no ho. Po so ahyɛn a ɛte saa no ahoɔden te dɛn? Wɔ Wiase Ko II mu, bere a wɔtow ɔtopae kɔbɔɔ po so hyɛn Tarmo a etumi fa nsukyenee mu no, hyɛn no abrannaa a ɛwɔ apampam no ne n’adan no fã kɛse no ara sɛee de, nanso tokuru anna nkyɛn baabiara.
Sɛnea hyɛn nkyɛn yɛbea te no ho hia paa wɔ po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu fam. Mpɛn pii no, nsukyenee a ebebubu no nyɛ den kɛse sɛ ebepiapia nea abubu asinasin no agu nkyɛn. Po so ahyɛn a etumi fa nsukyenee mu no pii wɔ biribi a emudɔ kakra te sɛ atere. Hyɛn no bubu nsukyenee no bom na afei epiapia asinasin no gu nkyɛn ne ase. Nea ɛbɛyɛ a nsukyenee no ntwitwiw hyɛn no ho kɛse nsɛe ho no, wɔahyɛ da asiesie hyɛn no ho yiye. Nea ɛka ho no, wɔde dade a ɛnwe nkannare anaa aduru a ɛma dade ho yɛ tromtrom na ɛkyɛ na ayɛ hyɛn no ho nyinaa.
Ɔkwan bɛn so na po so hyɛn akɛse a wɔde nnade abran ayɛ yi tumi fa po so? Mmere a na mmarima a wɔretew mfifiri de sofi sesaw biriw gu ogya a wɔasɔ wɔ baabi a hyɛn no engine wɔ mu ansa na atumi akɔ no atwam. Ɛnnɛyi po so ahyɛn a etumi fa nsukyenee mu no de diesel ne engine na ɛyɛ adwuma, na ne nnade a ekura ne bɔmframa mu no yɛ hɔ ne hɔ te sɛ po so ahyɛn a wɔde fa nneɛma de ara pɛ. Nea ɛbɛyɛ na po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu atumi afa asasetifi mmeae a awɔw wɔ paa a wonsuro sɛ diesel a ɛwɔ hyɛn no engine mu bɛsa no, wɔde nuklea ahoɔden na ɛyɛ adwuma wɔ ahyɛn no mu bi mu.
Ɔkwan Soronko Bi a Wɔfa So
Sɛ hyɛmma ka atɛkyɛ mu a, nea ɔreka no betumi ayi afi mu denam ne nkyɛnkyɛn mu a wɔdannan so. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ po so ahyɛn a etumi fa nsukyenee mu nso ho. Nanso, wɔ ɛnonom fam de, sɛ mmarima bɛyɛ 30 a wɔwɔ hyɛn no mu nyinaa kogyina hyɛn no fã na wosum hyɛn no kɔ fã ne fã mpo a ɛnkeka ne ho. Wɔnam ɔkwan soronko bi so na etu hyɛn a atim no ase—wɔdannan nsu di akɔneaba fi ankora akɛse a ɛwɔ hyɛn no nkyɛnkyɛn mu. Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛtɔ mmere bi a, wɔde anibu 15 na ɛdan hyɛn yi! Ɔkwan a ɛte saa a wɔfa so dannan hyɛn a aka nsukyenee mu ma efi mu no ma nea onnim po so akwantu ho hwee no ho dwiriw no. Nokwarem no, po so hyɛn mu adwumayɛfo nkutoo na wonim ɔkwan a wɔfa so yɛ wɔn ade.
Bere a afeha a ɛtɔ so 19 baa awiei no, obi nyaa adwene sɛ ɔde bɔmframa bi bɛbɔ hyɛn no anim. Sɛ bɔmframa no twa ne ho a, ɛbɔ nsu pii ma hyɛn no ntwiw nsukyenee no papa na ɛsan bɔ nsukyenee a anan no nso gu. Nnɛyi po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu no bi wɔ bɔmframa abien wɔ hyɛn no akyi ne biako anaa abien wɔ anim. Nanso, wɔ po so ahyɛn a etumi fa nsukyenee mu pii mu no, wɔde bɔmframa nhyehyɛe bi asi dedaw a na etuatua hyɛn no ho no ananmu. Mframa pii fa ntokuru a ɛwɔ hyɛn no nkyɛnmu wɔ nsu no ase mu kɔ nsukyenee no ase, eyi ma nsu no woro so denneennen, na ɛmma hyɛn no ntwiw nsukyenee no kɛse.
Asase Ano a Wɔhwɛ
Fefɛw bere mu owia a ano yɛ hyew no tumi yɛ nea po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu akron a ɛwɔ Finland no mu biara antumi anyɛ—ebubu nsukyenee a na asi ban atwa hyɛn gyinabea no nyinaa ho ahyia no, a asase no atifi fam paa mpo ka ho. Afei, po so ahyɛn a etumi fa nsukyenee mu no san kɔ wɔn man mu hyɛn gyinabea, eyi yɛ ahohoru bere mu ahotɔ ma ahyɛn no mu adwumayɛfo no. Po so ahyɛn a ne bo yɛ den, a wɔahyɛda asiesie yi tumi si hɔ asram pii efisɛ ɔkwan soronko a wɔfaa so siesiee no no ma ɛyɛ den sɛ ebetumi afa po so bere nyinaa.
Nanso, po so ahyɛn foforo wɔ hɔ. Saa ahyɛn a etumi fa nsukyenee mu na edi dwuma pii no, yɛ adwuma sɛ po so ahyɛn a ɛfa nsukyenee mu wɔ awɔw bere mu, nanso sɛ edu bere a nsukyenee nni po mu a, wotumi de di dwuma de sã nhama a wɔde nnade ayɛ wɔ ɛpo bun mu, nhwehwɛmu dwumadi horow, na wɔde siesie mfiri ahorow a wɔde twe fango fi mpoano. Ahyɛn a ɛte saa no mu biako, Botnica, a wɔyɛ maa wɔn a wɔhwɛ Finland Po So Dwumadibea so wɔ 1998 mu no, wɔ bɔmframa abien a etwa ne ho hyia digrii 360 bɔ hyɛn no engine ho, a ɛnyɛ mframa nko na ɛbɔ na mmom ɛkyerɛ hyɛn no kwan nso. Bɔmframa yi ma hyɛn no tumi fa baabiara wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Wɔayɛ saa nhyehyɛe yi bi ama po so ahyɛn a hyɛntiafo de tu kwan no nso.
Esiane nimdeɛ a ɛkɔ anim a wɔanya wɔ akwan a wɔfa so bubu nsukyenee ho nti, wɔanya nimdeɛ foforo a wɔde bɛyɛ po so hyɛn foforo bi a wɔde fa nneɛma. Sɛ po so hyɛn foforo yi rekɔ n’anim a, ɛbɛfa asorɔkye no mu sɛnea ɛte dedaw no ara. Nanso, ɛde ne to paa no bebubu nsukyenee. Saa “po so hyɛn a ɛfa nneɛma a ankora bobɔ ho a ɛyɛ adwuma mmɔho abien” yi so bɛba mfaso kɛse wɔ mmeae a awɔw wɔ kɛse, a mpɛn pii no ɛyɛ den sɛ wobenya po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu wɔ hɔ no. Hyɛn yi ankasa betumi apae ne kwan wɔ nsukyenee mu denam n’akyi a ɛbɛkɔ so.
Ne nyinaa mu no, na Finland hia ne kɔfe denneennen. Po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no abubu nsukyenee a na ama hyɛn a kɔfe wom atim no na ɛretwe hyɛn no. Po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu panyin no butuw nnade a wɔde agye ban wɔ hyɛn no nkyɛn no bi so bɔkɔɔ. Afei ɔdan ne ho kɔ baabi a wokyinkyim nneɛma ma hyɛn no kɔ no. Bere aso sɛ wonya kɔfe a ɛyɛ hyew kuruwa ma bi nom.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛsono po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu biara kɛse ne ɔkwan a wɔfaa so yɛe, na egyina faako a ɛyɛ adwuma so—sɛ́ ɛwɔ po so hyɛn gyinabea, ɛnam po so, anaasɛ ɛwɔ asasetifi mmeae a awɔw wɔ hɔ paa no. Saa asɛm yi twe adwene si ahyɛn a etumi fa nsukyenee mu wɔ po mu no so titiriw.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Po so hyɛn “Otso” a etumi fa nsukyenee mu repae kwan
[Asɛm Fibea]
Finnish Maritime Administration
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Awɔw bere mu po so hyɛn a atim wɔ nsukyenee mu—bɛyɛ 1890 mu
[Asɛm Fibea]
Museovirasto
[Mfonini wɔ kratafa 27]
“Taymyr” a ɛde nuklea ahoɔden na ɛyɛ adwuma
[Asɛm Fibea]
Kværner Masa-Yards
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Wobetumi nso de po so hyɛn a etumi fa nsukyenee mu a edi dwuma pii no asã nhama a wɔde dade ayɛ ne durubɛn
[Asɛm Fibea]
Finnish Maritime Administration
[Mfonini wɔ kratafa 27]
“Botnica” no
[Asɛm Fibea]
Finnish Maritime Administration