Trinidad De Nnanan Na Esii!
“SƐ MUTUMI de nnanan si saa asɔreredan no a mede nsukyenee a muhia no nyinaa bɛma mo kwa!” Ɛno ne akyinnye a nea ɔtɔn nsukyenee no gyei bere a ɔtee sɛ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ kurow no mu rebɔ mmɔden de nnanan asi Ahenni Asa bi wɔ baabi a ɛbɛn hɔ no. Na ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔne wɔn bɛto nkyia sɛ wɔrentumi nyɛ. Anyɛ yiye koraa, ɛyɛ Trinidad, baabi a mpɛn pii wontumi nsi ɔdan nwie wɔ bere a wohyɛ mu na Sipaira Asafo no mufo yɛ 72 pɛ. Esiane sɛ Yehowa Adansefo nto nkyia nti, wɔtɔɔ nsukyenee a ɛdɔɔso fii nea ɔtɔn no nkyɛn na ama wɔatumi ayɛ annone a emu dwo ama wɔn a wotuu wɔn ho mae a na wɔn dodow yɛ 300 a fifiri refi wɔn no na wɔakɔyɛ adwuma.—Yesaia 65:11.
So wobetumi ayɛ? Wɔtee nka sɛ wobetumi. Anyɛ yiye koraa no, na woayɛ ɔdansi adwuma no ho nhyehyɛe wɔ asram asia a na atwam no mu. Na wɔato ne fapem wɔ ɔsram a na atwam no mu bere a wowiee ɔdorobɛn mu nsu ne anyinam ahoɔden nkanea ho nnwuma bi na wɔde nneɛma a wobehia koguu faako a wɔrebesi ɔdan no.
Bere a na nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔpɛ biribi ahu rehwɛ no, wofii adwuma no ase wɔ Fida anwummere, May 17, 1985, bere a nnipa a wotuu wɔn mae a wɔboro ɔha baa faako a wɔresi ɔdan no. Bere a Memeneda, May 18 dui no, na wɔagyina ɔdan no awie, na wɔafi ase de nkankyee rebɔ so na na adantofo afi ase reto ɔdan no. Eduu awiabere no na wɔakuru so awie a wɔahyehyɛ asɛnka agua no so nneɛma na na wɔde sɛnkyerɛnnede bi asi hɔ:
Ahenni Asa Ɔdansi Adwuma
Nna a Wɔde Bewie—Nnanan
May, 18, 19, 25, 26
Nanso na adwumayɛfo yi yɛ henanom? Na adwumayɛfo no yɛ nnipa a wɔwɔ nnwuma ahorow ho nimdeɛ a oduruyɛfo kumaa bi de paint reka ɔdan no ho fɛfɛɛfɛ. Na saa ɔbea a ɔreyɛ adehwɛ pon no nso ɛ? Ɔyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo a ɔka taxi de hwɛ ne ho. Na ɔdantofo bi a ɔde mfe 40 ayɛ ɔdansi adwuma ne obi a wakɔ sukuu a wɔkyerɛ nsaanodwuma wom awie a owiee ɔdansi adwuma ho ntetee nkyɛe no reyɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ yɛka nso sɛ ɛnyɛ aduan nko na mmea a wɔyɛɛ adwuma no bi noa na mmom wotutuu nsuka, wɔkaa ɔdan no ho paint, woduaduaa sare, wɔsoaa na wɔdɔnn dɔte.
Ɔmanfo yɛɛ wɔn ade wɔ ho dɛn? Bere a wɔn nsu sae na ɛte sɛ nea wɔrentumi nnɔn dɔte bio no, adwumayɛfo a wodum ogya panyin bi a ɔte bɛn hɔ a nea wɔrebɔ mmɔden ayɛ no ama ne ho adwiriw no no soma maa wɔde afiri kɔsaw nsu mprensa kɔmaa wɔn anadwo no. Ɔde ne nnamfo mpo bae sɛ wɔmmɛhwɛ nea wɔreyɛ no. Ɔbea bi a ɔte borɔn a ɛne asa no di nhwɛanim so no fi ayamye mu maa Adansefo no de wɔn nneɛma beguu ne fi. Ɔkɔɔ nhyiam a edi kan a wɔyɛe wɔ asa no so no ase.
Na nea ɔtɔn nsukyenee a adi kan aka ne ho asɛm no nso ɛ? Eduu nnanu no na nsukyenee no nyinaa asa. Nanso na wahu nea akɔ so no na ɔmaa Adansefo no sika sɛ wɔmfa ntɔ foforo. Yiw, afei ogye di sɛ Yehowa Adansefo betumi ayɛ!