Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 2/8 kr. 11
  • Hu Asɛm no Ani So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hu Asɛm no Ani So
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Intanɛt Di Dwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Asɛmpa Wɔ Internet So
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Intanɛt—Hwɛ Yiye Wɔ Asiane a Ɛwɔ Dwuma a Wɔde Di mu no Ho!
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati Intanɛt So Asiane Ahorow?
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 2/8 kr. 11

Hu Asɛm no Ani So

Ɛyɛ den sɛ wubehu asɛm biara ani so. Nsɛm a nniso ahorow ne nnwumakuw ka no nyɛ nokware nkosi. Mpɛn pii no nsɛm ho amanneɛbɔ nnwuma no hyɛ bɔ sɛ wɔde nokwasɛm nkoaa na ɛbɛto gua, nanso wontumi nni wɔn bɔhyɛ so. Ɛnyɛ bere nyinaa na nnuruyɛfo kyerɛkyerɛ ɔhaw a nnuru a wɔde ma yɛn de bɛba no mu fann kyerɛ yɛn. So ɔkwan bi wɔ hɔ a yɛbɛfa so anya nsɛm a yebetumi de yɛn ho ato so?

Bere a Intanɛt bae no, nnipa pii bɔ gyee so sɛ ɛno ne ɔkwan a yɛnam so betumi anya nsɛm a yebetumi de yɛn ho ato so wɔ wiase nyinaa. Nokwarem no, ebetumi aba saa, sɛ wunim baabi pɔtee a wubemia de anya nsɛm a worehwehwɛ no a. Samufo nsɛm a ɛwɔ The New York Times mu no kae sɛ: “Mfaso a ɛwɔ Intanɛt so bi ne sɛ, etumi de ntetee ma nnipa pii ntɛm sen nsɛm ho amanneɛbɔ afiri biara. Nea enye wɔ ho nso ne sɛ, etumi brɛ sɛnea anka obi de n’adwene bedi dwuma no ase sen nsɛm ho amanneɛbɔ afiri biara.”

Samufo nsɛm no toaa so sɛ: “Esiane ‘nyansahu’ mu nimdeɛ a ɛtwetwe adwene a wɔfaa so yɛɛ Intanɛt nti, wɔn a wonni ho nimdeɛ no gye nsɛm biara a wonya fi so no tom ankasa. Wonhu sɛ, nea enye wɔ Intanɛt ho ne sɛ, ɛte sɛ suka bi a wɔatu: ɛlɛtrɔnik durubɛn bi a wɔnhwehwɛ nsɛm a ɛfa mu no mu, na wɔnsɔn so.” Sɛnea ɔkyerɛwfo no daa no adi no, nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, kɔmputa so dwumadi biara nni hɔ a wutumi de yiyi nsɛm a enye fi so.

Obiara betumi de biribiara a ɔpɛ aba Intanɛt so nsɛmma nhoma, anaasɛ nhoma mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛde nhumu di dwuma na yɛhwɛ yiye sɛ yennye biribiara a yɛkenkan no nni kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛpɛ sɛ yɛte nsɛm a ɛyɛ nokware no hwɛ hu sɛ beae a nsɛm no fi no fata. Eyi betumi agye bere. Nanso sɛ yenya hu asɛm no ani so nyinaa a, yɛn adwene mu betumi ayɛ yɛn fann ama yɛanya atɛmpa, na yɛde ahotoso asisi gyinae a ɛho hia.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena