Ne Nsɛm no Nyaa Nkɛntɛnso Ankasa
Bere a Ginny a ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ United States duu ne sukuu afe a etwa to mu no, onyaa hokwan kɛse a ɔde bɛka ne som ho asɛm. Ɔka sɛ: “Me kyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ adesuafo no sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ sɔhwɛ a yɛde bewie yɛn adesua no. Meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ mekyerɛw biribi fa Yehowa Adansefo a na wɔwɔ Nasi nneduaban mu no ho.”
Ɔkyerɛkyerɛfo no maa Ginny kwan sɛ onni n’asɛmti no ho dwuma. Ginny ka sɛ: “Bere a eduu sɛ mede me sɔhwɛ krataa bɛkɔ na makenkan me dwumadi no akyerɛ adesuafo no, ehu kaa me. Ná minnim nea me mfɛfo sukuufo no bɛka ne sɛ ebia wobedi me ho fɛw.”
Ginny hyɛɛ ne dwumadi no ase denam asɛm yi a obisae so: “So obi nim wɔn a na wɔhyɛ ntade a na Dawid Nsoromma ntamasin bɔ mu wɔ Nasi nneduaban mu no?” Obiara kae sɛ, “Yudafo.” Afei obisae sɛ ebia obi nim wɔn a na wɔhyɛ ntade a ntamasin ahinasa afasebiri bɔ mu no anaa. Obiara ammua. Ginny ka sɛ: “Meka kyerɛɛ wɔn sɛ na ɛyɛ Yehowa Adansefo.”
Ɔkyerɛkyerɛfo no ne adesuafo no ani gyee Ginny nsɛm no ho. Ginny ka sɛ: “Wɔn ho dwiriw wɔn bere a wohui sɛ anka Yehowa Adansefo no betumi anya ahofadi denam wɔn nsa a na wɔde bɛhyɛ krataa ase kɛkɛ de apa wɔn gyidi no so no. Akyiri yi me mfɛfo sukuufo no bi ka kyerɛɛ me sɛ bere bi a atwam no na wodi Yehowa Adansefo ho fɛw nanso bere foforo a Ɔdansefo bi bɛba wɔn fie no, wobetie no.”
Ginny nyaa agyiraehyɛde bi a ɛkyerɛ sɛ wabɔ mmɔden paa wɔ ne nsɛm a ɔka kyerɛe no ho. Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ minyaa agyiraehyɛde a eye nko na mmom minyaa hokwan kɛse kaa me gyidi ho asɛm nso!”
[Mfonini wɔ kratafa 22]
Sɛ na wɔbɛma Yehowa Adansefo pii ahofadi a, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nsa hyɛ krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔapa wɔn gyidi no ase
[Asɛm Fibea]
Courtesy of United States Holocaust Memorial Museum