Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 11/8 kr. 22-23
  • Wogyinaa Pintinn Wɔ Nasi Nniso Ase Wɔ Netherlands

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wogyinaa Pintinn Wɔ Nasi Nniso Ase Wɔ Netherlands
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Okunkɛse ho Nneɛma Akorae ne Yehowa Adansefo
    Nyan!—1993
  • Mũdi mu Kurafo Akokodurufo Di Nasi Ɔtaa so Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • So Okunkɛse no Betumi Asi Bio?
    Nyan!—2001
  • Yehowa Adansefo—Wɔde Akokoduru Gyinaa Nasi Ntua Ano
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 11/8 kr. 22-23

Wogyinaa Pintinn Wɔ Nasi Nniso Ase Wɔ Netherlands

ATIRIMMƆDENNE a wɔyɛe wɔ Nasi nniso ase wɔ Wiase Ko II mu no ho nneɛma ne sini pii wɔ United States Okunkɛse Ho Nneɛma Akorae (USHMM) hɔ. Nnipa bɛyɛ ɔpepem 12 na wɔakɔ Washington, D.C. akɔhwɛ Okunkɛse no ho nneɛma a agye din kɛse yi fi bere a wobuee ano wɔ 1993 mu no.

Afei nso, wɔayɛ ɔsɔretia kɛse a wɔde baa Yehowa Adansefo so wɔ Nasi nniso ase no ho kyerɛwtohɔ wɔ saa tete nneɛma akorae yi hɔ. Nea ɛka dwumadi kakraa bi a USHMM yɛ daa ho no, wɔda dwumadi atitiriw bebree a ɛfa Yehowa Adansefo ho nso adi. Dwumadi yi akyerɛ nhwɛso atitiriw fa sɛnea Yehowa Adansefo akura boasetɔ ne wɔn mudi mu ho nso. Wɔ April 8, 1999 mu no, wɔdaa dwumadi soronko bi a wɔato din “Netherlands Yehowa Adansefo Wɔ Nasi Nniso Ase” adi wɔ saa nneɛma akorae hɔ. Dwumadi yi kɔɔ so wɔ akorae no asa akɛse abien no so.

Asɛm a Awuraa Sara Jane Bloomfield, ɔpanyin a ɔhwɛ USHMM hɔ no kae no na wɔde fii dwumadi no ase. Awuraa Bloomfield kyerɛɛ asɛm a ɛfa Yehowa Adansefo ho no ho anigye kɛse. Wɔ asɛm a Nyan! bisabisaa no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔrebɔ mmɔden kɛse ama ɔmanfo ahu sɛnea Yehowa Adansefo gyina wɔn mudi mu wɔ ɔsɔretia mu no. Ɔkae sɛ, “yɛbɔ dwumadi a ɛte sɛɛ ho dawuru te sɛ dwumadi ahorow a ɛho hia a ɛkɔ so wɔ nneɛma akorae ha no ara pɛ.”

Abakɔsɛm akyerɛwfo pii nyaa dwumadi no mu kyɛfa saa anwummere no. Wɔn mu biako ne Ɔbenfo Lawrence Baron a ɔkyerɛ nnɛyi Germanfo ne Yudafo ho abakɔsɛm wɔ Sukuupɔn a ɛwɔ San Diego Kuropɔn mu no. Ɔbenfo Baron kae wɔ ne kasa no mu sɛ “Yehowa Adansefo amfa wɔn ho anhyɛ Third Reich nniso no dwumadi biara mu.” Ɔkae sɛ na Adansefo no gye nea Onyankopɔn aka di sen nea na Nasi nniso no hwehwɛ sɛ wɔyɛ no. Na wobu nidi a wɔde ma Hitler no sɛ ɔsom ma enti wɔannye antom sɛ ɔyɛ onyame denam sɛnea na wɔkyia wɔ Nasi nniso no ase a wɔamfa wɔn ho anhyem no anaasɛ ka a wɔanka sɛ ‘Hitler Mo.’ . . . no so. Esiane sɛ na Onyankopɔn ahyɛ wɔn sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnko na ɛnsɛ sɛ wokum afoforo nti, wɔamfa wɔn ho anhyɛ sraadi mu. . . Bere a Third Reich no kae sɛ Adansefo no nnyae wɔn som no, wɔkaa no pen sɛ, “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” Enti, wɔde Europa aman mu Adansefo bebree koguu nneduaban ahorow mu yɛɛ wɔn ayayade na wokunkum ebinom mpo.

USHMM no too nsa frɛɛ Dutchfo nhwehwɛmufo ne nnipa bi a wɔanwu wɔ Okunkɛse no mu no ma wɔbɛkaa sɛnea wɔtaa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Netherlands wɔ Nasi nniso ase no ho asɛm. Wɔ bere tiaa bi a Nasi nniso no kɔfaa Netherlands wɔ May 29, 1940 mu no, wɔbaraa Yehowa Adansefo a na wɔn dodow bɛyɛ 500 no wɔ ɔman no mu. Wɔ asram pii a edi hɔ mu no, wɔkyekyeree Adansefo ɔhaha pii. Atumfoɔ no yɛɛ Adansefo a wɔkyekyeree wɔn no ayayade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbobɔ Adansefo a wɔaka no din. Bere a ɔko no baa n’awiei no, na wɔakyekyere Adansefo bɛboro 450. Wɔn mu 120 wuwui wɔ ɔtaa a wɔde baa wɔn so no mu.

Dutchni nhwehwɛmufo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Netherlands no wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Netherlands a wɔanwu wɔ Okunkɛse no mu a wobisabisaa wɔn nsɛm no ho video “bɛboro 170 ne nnipa 200 asetra ho nsɛm wɔ wɔn nneɛma mu. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ a Adansefo no wɔ ma Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa no na ɛhyɛɛ wɔn den.”

Akasafo pii twee adwene sii nokwasɛm no so sɛ, na Yehowa Adansefo no nte sɛ afoforo a wɔtaa wɔn wɔ Nasi nniso ase no, enti na anka wobetumi agyaa wɔn mu pii denam wɔn nsa a na wɔde bɛhyɛ krataa bi a ɛkyerɛ sɛ wɔapa wɔn gyidi ase no so. Akasafo no ne wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no nyinaa kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Adansefo no mu pii fi ntease pa mu penee ɔtaa so sen sɛ wɔbɛpa wɔn gyidi. Wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔde wɔn nsa hyɛɛ krataa no ase efisɛ na wɔmpɛ sɛ wɔne Yehowa Adansefo bɛbɔ fekuw bio.

Ebinom nso wɔ hɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ krataa no ase esiane sɛ na wonhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nti. Na ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wobegyae wɔn som no. Wɔn mu kakraa bi susuwii sɛ ɛfata sɛ wɔka biribi de daadaa wɔn a wɔretaa wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan asan akɔka asɛmpa no. Akyiri yi a wogyaa wɔn no, wobehuu sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔde wɔn nsa hyɛɛ krataa no ase ɛmfa ho adwene biara a wɔde yɛɛ saa no.

Wɔantu wɔn amfi asafo no mu esiane mfomso a wodii yi nti. Bere a wɔkɔɔ wɔn afie ne wɔn asafo ahorow mu no, wɔde honhom fam mmoa maa wɔn. Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Netherlands no krataa a wɔkyerɛw wɔ June 1942 mu no de nkuranhyɛ maa Adansefo a wɔwɔ saa aman no mu no sɛ wɔnte nea enti a ebinom de wɔn nsa hyɛɛ krataa no ase no ase na wɔne wɔn nni wɔ mmɔborohunu so. Ɛwom sɛ na Nasi nniso no da so wɔ hɔ de, nanso wɔn a na wɔayi wɔn afi afiase yi yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ bere a na ɛyɛ hu paa mpo mu. Wɔkyekyeree ebinom bio. Wokum wɔn mu biako mpo esiane sɛ wamfa ne ho anhyɛ sraadi mu nti.

Amanehunu pii ne mfe a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Netherlands de kɔɔ ahokyere kɛse mu na wɔnam sum ase yɛɛ wɔn som adwuma a na ɛyɛ hu nyinaa akyi no, bere a Nasi nniso no baa awiei wɔ 1945 mu no, na wɔn dodow a ɛbɛyɛ 500 wɔ 1940 mu no adu bɛboro 2,000. Akokoduru a wonyae ne wɔn bo a wosii sɛ wobetie Onyankopɔn no yɛ adanse kɛse de besi nnɛ.

[Kratafa 23 mfonini]

Nhwehwɛmufo a wɔkasa kyerɛɛ baguafo no

[Kratafa 23 mfonini]

Nsɛm a wobisabisaa Dutchfo a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Okunkɛse no mu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena