Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 7/8 kr. 31
  • Okunkɛse ho Nneɛma Akorae ne Yehowa Adansefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Okunkɛse ho Nneɛma Akorae ne Yehowa Adansefo
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wogyinaa Pintinn Wɔ Nasi Nniso Ase Wɔ Netherlands
    Nyan!—1999
  • Gyidi a Edi Mu Wɔ Ɔtaa Mu
    Nyan!—2000
  • So Okunkɛse no Betumi Asi Bio?
    Nyan!—2001
  • Mũdi mu Kurafo Akokodurufo Di Nasi Ɔtaa so Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 7/8 kr. 31

Okunkɛse ho Nneɛma Akorae ne Yehowa Adansefo

NASI nniso a na ɛyɛ hu no kunkum nnipa mpempem pii, Yudafo ne Slavfo titiriw. Nanso, nyamesom kuw biako​—Yehowa Adansefo​—de biakoyɛ powee sɛ wɔde wɔn ho bɛma Nasi nniso no, a ɛnyɛ abusua anaa ɔman a wofi mu nti na wɔyɛɛ saa, na mmom Bible mu nnyinasosɛm a na wodi so nti.​—Yohane 17:14, 16.

Nasi Man no taa Yehowa Adansefo denneennen​—ɔtaa a ɛboro wɔn dodow so. Dɛn ntia? Efisɛ, nyamesom mu gyidi nti, Adansefo no ampene sɛ wɔbɛyɛ Germany Aban Nnwuma Akuw mufo, na wɔpow sɛ wɔbɛka ntam akyerɛ Hitler sɛ wɔn Führer [Ɔkannifo]. Enti Nasifo no baraa wɔn ahyehyɛde no wɔ April 1933 mu. Wɔtotoo wɔn ano sɛ wɔyɛ asoɔden tia ɔman ne nyamesom, na wɔka akuw horow a wɔde emufo guu adwumayɛban mu no ho. Tete nneɛma akorae atesɛm krataa bi kae sɛ: “Awiei koraa no, Nasifo no taa Adansefo bɛboro 30,000.”

Wɔde United States Holocaust Memorial Museum a ɛwɔ Washington, D.C. ka akuw horow a Nasifo taa wɔn nyinaa, a Yehowa Adansefo ka ho ho asɛm. Nhoma bi ka sɛ, “ɛsɛ sɛ Amerikafo ne ahɔho a wɔyɛ Yudafo ne Yehowa Adansefo som no mufo a Hitler nniso no de n’ani saa wɔn sɛ ɛbɛtɔre wɔn ase no kyerɛ” tete nneɛma akorae no ho “anigye yiye.” Wɔnam adwinni, kyerɛwtohɔ ahorow, wɔn a wɔde wɔn ani huu nea esi no adanse ho video kasɛt, ne tete mfonini ahorow so de akuw a wodii wɔn awu no osuahu ahorow wɔ ɔko no mu aka nneɛma a wɔde kyerɛ wɔ tete nneɛma akorae, ne nhomakorabea ne ne tete kyerɛwtohɔ korabea hɔ ho. Tete nneɛma akorae no wɔ nsɛm a wobisabisaa Yehowa Adansefo 74 a wohuu amane wɔ Nasi nniso no nsam no video kasɛt. Wobuee tete nneɛma akorae no ano maa ɔmanfo wɔ April 1993 mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena