Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 2/14 kr. 3
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • United States
  • Italy
  • Malaysia
  • Afrika
  • Australia
  • Nkɔanim a Wɔanya Wɔ Ko a Wɔreko Tia AIDS No Mu
    Nyan!—2005
  • Yehia AIDS Ano Aduru Denneennen!
    Nyan!—2005
  • Nsanyare—Ɛyɛ Hu Nanso Wotumi Siw Ano
    Nyan!—2001
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Kyakyatow Ho?
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 2/14 kr. 3

WIASE NSƐM

United States

Atesɛm krataa bi bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ obi nom sigaret a, ɔbɔ n’adwumawura ka . . . dɔla 5,816 afe biara sen obi a ɔnnom sigaret.” (New York Times) Amanneɛbɔ a Ohio State Suapɔn no nsa kae kyerɛ sɛ, sɛ obi nom sigaret a, bere a ɔde nom, n’ayarehwɛ, ne adwuma a ɔtoto mu​—ne nyinaa na ɛkɔfa saa ka no ba. Adeɛ biako nso ne sɛ, obi pɛ sɛ ogyae sigaretnom a, etumi bɔ no yare ma adwuma bɔ ko.

Italy

Pope Francis

“Asɔfo ne asɔremma nyinaa, nea wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ. Wɔkɔ atifi kɔhono nsuo na wɔaba anafo abebisa sɛ, hena na ɔhonoo no? Saa suban no regu asɔre no anim ase.”​—Pope Francis.

Malaysia

Malaysia bammɔfo regye asommɛn a nkurɔfo awia

Malaysia bammɔfo akohu asommɛn a emu duru yɛ tɔn 24 a nkurɔfo awia. Wokohui wɔ po so hyɛn abien bi mu; ná wɔde asie mahogany nnua bi mu. Asommɛn no dodow yɛ 1,000 ne akyi. Ɔdomankoma agyapade ho bammɔfo kyerɛ sɛ wɔkyere nkurɔfo daa nanso eyi de adutwam; wonhuu dodow saa da. Na wɔde fi Togo rekɔ China.

Afrika

Afrikani

Amanneɛbɔ a Wiase Nyinaa Apɔwmuden Asoɛe de too gua afe 2012 no kyerɛ sɛ, nnipa a wowuwui saa afe no, sɛ wuyi baasa biara a, emu bɛyɛ baanu deɛ, nsanyare te sɛ nea edidi so yi bi na ekum wɔn: HIV/AIDS, ayamtu, atiridii, nsamanwa ne nkwadaayareɛ.

Australia

Mobal fon so nneɛma a mmofra de to kyakya

Nneɛma bi wɔ mobal fon ne abɛɛfo mfiri ahorow so a mmofra pii de sua kyakyatow. Kyakya no bi wɔ hɔ a, ɛte sɛ nea wɔto no kasino no pɛpɛɛpɛ, nanso ne di nyɛ den. Aban akasa mu. Nea ɔkae ne sɛ mobal fon so kyakyatow nti, anhwɛ a mmofra bɛto kyakya na wɔaka sɛ ɛnyɛ hwee, na “ɛbɛma kyakyatow aka wɔn hɔ ama wɔayɛ ahohwifo daakye.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena