NSƐM A WOBISABISA | HANS KRISTIAN KOTLAR
Nyansahufo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu
Afe 1978 mu na Ɔbenfo Hans Kristian Kotlar kɔyɛɛ abɔde nyansasua mu nhwehwɛmu wɔ Norway. Ɔkɔyɛe wɔ ɔman no ayaresabea a ɛsa kokoram yare. Ɛhɔ na odii kan kɔyɛɛ adwuma na osuaa kokoram ne nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa ho ade. Saa bere no ara nso na ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛhwehwɛ mu ahu nea ɛyɛe a nkwa bae. Nyan! kyerɛwfo ne no twetwee nkɔmmɔ faa ne nhwehwɛmu no ne ne gyidi ho.
Dɛn na ɛkaa wo ma woyɛɛ nkwa ho nhwehwɛmu?
Ná me papa yɛ Katolekni, na na me maame nso yɛ Protestantni. Na edin no da wɔn so kwa efisɛ na nyamesom nhia wɔn. Nanso me deɛ, bere a merenyin no, na mepɛ sɛ mihu nea enti a yɛbaa wiase, enti mekan Budasom, Hindusom ne Nkramosom ho nhoma pii. Mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ ommue m’ani ma minhu nokware no.
Afe 1970 hɔ baabi no, na nyansahu mu nimdeɛ anya nkɔso pii enti ɛyɛɛ me sɛ ebia afei deɛ wɔahu nea ɛyɛe a nkwa bae. Sɛ mehwɛ sɛnea wɔahyehyɛ nkwammoaa ne ɔkwan a ɛfa so yɛ adwuma a, na me ho adwiriw me; enti meyɛe sɛ mɛhwehwɛ mu. Mereka yi nso na atikyafo akukudam aka akyerɛ me sɛ nkwa deɛ, ɛno ara na ɛbae na me nso migye dii.
Ɛyɛɛ dɛn na w’ani begyee Bible ho?
Yehowa Adansefo baanu baa me fie. Na wɔn anim tew kama nanso na mempɛ wɔn anim ahwɛ koraa. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ m’ani nnye wɔn asɛm no ho. Me yere tee nea mekae no, na ɔkae sɛ: ‘Hans Kristian, woanyɛ no yiye. Ɛnyɛ wo na wuse wopɛ sɛ wuhu nea enti a yɛbaa wiase no?’ Ɛmaa m’ani wui, na mituu mmirika kɔfrɛɛ Adansefo no san bae. Yɛrebɔ nkɔmmɔ no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ mepɛ sɛ mihu sɛ Bible ne nyansahu hyia anaa.
Dɛn na wɔkae?
Wɔde me kɔɔ Bible mu kyerɛɛ me tumi a ɛwɔ amansan yi mu no wura. Kyerɛwsɛm a wɔkenkanee no mu asɛm ni: “Momma mo ani so nhwɛ soro. Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? . . . N’ahoɔden dodow ne ne tumi mmoroso nti, wɔn mu biako mpo nyera.”a Asɛm no pem me. Mehwɛ sɛnea yɛahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ wiase a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka sɛ Onyansafo bi na ɔbɔe.
Adannandi ho gyidi a wowɔ no sesae anaa?
Mede nkakrankakra behui sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no nni nnyinaso pa biara wɔ nyansahu mu. Wohwɛ mu a, ɛyɛ nsɛm a wɔabɔ wɔn tirim aka. Wɔrepɛ akyerɛ sɛ nkwammoaa mu nneɛma bi te sɛ tumi a ɛko tia nyarewa no, ɛnyɛ obiara na ɛbɔe na mmom ɛno ara na ɛbae. Dodow a misuaa tumi a ɛko tia nyarewa ho ade no, dodow no ara na mihui sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ na ɛboro me ntease so. Enti nhwehwɛmu a meyɛe no maa m’adwene sii me pi sɛ, Ɔbɔadeɛ nyansafo bi na ɔbɔɔ nkwa.
Nhwehwɛmu a meyɛe no maa m’adwene sii me pi sɛ, Ɔbɔadeɛ nyansafo bi na ɔbɔɔ nkwa
Dɛn na woahu nti a woreka saa?
Wohwɛ tumi a ɛko tia nyarewa no a, wɔahyehyɛ no kwan bi so ma ɛbɔ yɛn ho ban fi yare mmoawa ahorow ahorow nyinaa ho. Anokwa, ne dwumadi boro yɛn ntease so koraa. Saa nneɛma nketenkete no, yebetumi akyɛ mu akuw abien, na kuw biara boa ne yɔnko. Sɛ yare mmoawa biara ba yɛn nipadua mu a, ɛnkyɛ koraa na kuw a edi kan no aka abom atow ahyɛ wɔn so. Kuw a ɛtɔ so abien no deɛ, edi nna kakra ansa na ayɛ adwuma, na ɛtow hyɛ yare mmoawa no so te sɛ nea obi agyene n’ani atow agyan; ɔnto mfom. Afei nso kuw a ɛtɔ so abien no werɛ mfi asɛm. Ɛne sɛn? Ɛne sɛ, sɛ yare mmoawa bi ba nipadua no mu na ɛko tia no a, ne werɛ mfi no da. Enti sɛ edi mfe sɛn mpo na saa mmoawa no san yi ne ti a, ntɛm ara na ahu no ato ahyɛ ne so. Tumi a ɛko tia nyarewa no yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ ma ɛtɔ da a, wunhu mpo sɛ mmoawa bi aba wo nipadua mu ama ako atia no. Yɛn nipadua mu nkwammoaa pepeankama no nyinaa akyi, tumi a ɛko tia nyarewa no tumi hu yare mmoawa biara a aba mu; ɛyɛ nwonwa paa.
Sɛ yare mmoawa bi kɔ yɛn nipadua mu a, dɛn na ɛba? Ka kyerɛ yɛn.
Yare mmoawa no bi nam mframa a yɛhome mu; ebi wɔ aduan a yedi mu; ebi fa dwensɔ mu; ebi nso fa yɛn were mu. Enti sɛ yare mmoawa bi yi ne ti wɔ nipadua no mu pɛ, na tumi a ɛko tia nyarewa no akɔprɛ protein bebree bi a yɛahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ. Ne nyinaa nyɛ adwuma prɛko pɛ. Kakraa bi di kan yɛ adwuma na akyiri yi ebi de ahoɔden foforo abɛka ho ako atia yare no. Sɛnea ɛyɛ adwuma no, ɛboro yɛn ntease so koraa.
Enti yɛnka no sɛn, nyansahu mu nimdeɛ a wowɔ no ama Onyankopɔn mu gyidi a wowɔ no ayɛ kɛse anaa?
Papaapa! Egye obi a ɔwɔ nyansa ne ɔdɔ paa na watumi abɔ nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa no efisɛ tumi a ɛde yɛ adwuma no, wudwen ho a wonte ase. Metumi aka sɛ nyansahu ka ho bi paa na migye Bible di. Wo deɛ ma memfa asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 17:22 nyɛ ho nhwɛso. Ɛhɔ ka sɛ “anigye koma sa yare.” Nyansahufo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ sɛnea tumi a ɛko tia nyarewa yɛ adwuma no gyina yɛn anigye ne yɛn awerɛhow so. Enti sɛ adwennwene da obi so a, ɛmma saa tumi no nyɛ adwuma yiye.
Wo nkurɔfo no bebree nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Adɛn ntia?
Ɛsono obiara ne ne ntease. Ebinom te sɛ me ara, nea yɛakyerɛ no no ara na ogye di. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ nyansahu foa adannandi so. Ebinom nso, nea ɛyɛe a nkwa bae de, wonnwen ho koraa, na ɛyɛ awerɛhow. Ehia sɛ wɔhwehwɛ mu.
Ɛyɛɛ dɛn na wobɛyɛɛ Yehowa Danseni?
Ade a ɛtwee me ne wɔn ahɔhoyɛ. Bio nso wogye di sɛ Ɔbɔadeɛ no de asetena papa bɛba daakye.b Wɔn gyidi no wɔ nnyinaso ankasa; ɛnyɛ anansesɛm anaa bɔsrɛmka.c