Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/15 kr. 16
  • Wɔbɔe Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔbɔe Anaa?
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fango—Ɔkwan Bɛn na Yɛfa So Nya?
    Nyan!—2003
  • Fango—Ɛyɛ Ɔdomfo Kumfo?
    Nyan!—2003
  • Ɛnyɛ Wura Hunu Bi Kɛkɛ!
    Nyan!—1993
  • Fango—Sɛnea Ɛka Wo
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 9/15 kr. 16
Fango a anwini agu Mexico Po mu

WƆBƆE ANAA?

Mmoawammoawa a Wɔnonom Fango

AFE 2010 mu no, afidie kɛse bi a wɔde tu fango (crude oil) paeɛ na ɛmemee. Ɛwiee aseɛ no, na fango bɛyɛ ankorɛ ɔpepem nnum anwini agu Mexico Po mu. Nanso abosome kakra bi akyi no, ɛpo no ani tee nwann te sɛ nea hwee nsiiɛ. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

Mmoawammoawa a Wɔnonom Fango

Susu ho: Nyansahufo kyerɛ sɛ mmoawammoawa a wɔwɔ ɛpo mu tumi sɛe nnuru a ɛwɔ fango mu ma tumi a ɛwɔ mu no brɛ ase. Ɔbenfo bi a ɔde Terry Hazen kaa sɛ mmoawammoawa yi te sɛ “topae a ɛrehwehwɛ fango asɛe no.” Saa mmoawammoawa yi ka ho bi na Mexico Po no mu tee nwann.

Bere a BBC rebɔ amanneɛ no, ɛkaa sɛ “ɛnyɛ nwonwa sɛ mmoawammoawa a wɔnonom fango wɔ po mu. Asɛm no ne sɛ, ɛfi mfe nea ɛwɔ hɔ nie, daa fango a ɛwɔ po ase nwini gu po mu nkakrankakra.”

Ampa, sɛ akwanhyia bi si ma fango nwini gu po mu a, nnipa tumi sɔ ano kakra, nanso wobɛhwɛ no, na nnipa akɔyɛ ɔdomfo-kumfo. Nnuru a nnipa de hohoro fango no mma nneɛma a ɛnonom fango no ntumi nyɛ wɔn adwuma yie. Bio nso, nnuru yi bɛtumi asɛe nneɛma pii a atwa yɛn ho ahyia. Nanso mmoawammoawa ne nneɛma foforo tumi nonom fango a ɛmfa nsunsuanso bɔne biara mma.a

Wosusu ho sɛn? Mmoawammoawa a wɔnonom fango yi nam adannandi so na ɛbae, anaa obi na ɔbɔe?

a Akwanhyia a ɛsiiɛ wɔ Mexico Po so no de ɔhaw pii baeɛ. Nanso seesei deɛ, yɛrentumi nkyerɛ nea ɛde bɛba po mu nneɛma so daakye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena