Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 2 kr. 3-7
  • Bible Yɛ Nhoma a Emu Nsɛm Yɛ Dɛ Kɛkɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Yɛ Nhoma a Emu Nsɛm Yɛ Dɛ Kɛkɛ?
  • Nyan!—2016
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Boa Ma Yɛbɔ Yɛn Bra Yiye na Yɛbɛn Onyankopɔn
  • Bible Ma Yehu Nea Enti a Ɔhaw Abu So Saa
  • Bible Ma Yenya Anidaso
  • Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nyansa a Ɛkorɔn Fibea a Ɛda Nsow
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
    “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 2 kr. 3-7
Ɔbarima bi rekenkan Bible

ASƐM A ƐDA SO

Bible Yɛ Nhoma a Emu Nsɛm Yɛ Dɛ Kɛkɛ?

Bɛyɛ mfe mpem mmienu ni na wɔkyerɛw Bible wiei. Efi saa bere no nhoma bebree abɛsen kɔ, nanso Bible da so ara wɔ hɔ. Wo de, hwɛ asɛm a edi so yi.

  • Atumfoɔ bi yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma Bible no ayera koraa, nanso ankosi aga. Ɛho nhwɛso ni: Nhoma bi a ɛde An Introduction to the Medieval Bible kaa sɛ bere bi a atwam no, na nnipa a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo mpo mpɛ sɛ nkurɔfo bɛkan Bible wɔ wɔn ankasa kasa mu. Sɛ wohu sɛ obi kura bi mpo a, na ɛyɛ mmusu kɛse. Wɔn a wosii wɔn bo sɛ wɔbɛkyerɛ Bible ase ama amanfo anya bi akan no, ebinom de wɔn nkwa twaa so.

  • Nanso nea atamfo yɛe nyinaa akyi, Bible da so ara wɔ hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, ɛno ne nhoma a ahyeta wiase baabiara. Nhoma biara nni hɔ a ɛto no. Sɛ yɛfa Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi a, akontaabu kyerɛ sɛ wɔatintim bɛyɛ ɔpepepem nnum, na wɔakyerɛ ase kɔ kasa bɛboro 2,800 mu. Nanso yɛhwɛ nhoma a agye din a ɛka abɔde mu nyansahu, asetena mu nsɛm ne nea ɛkeka ho a, kakraa bi na wɔtintim; ɛno mpo no, ɛba so nnɛ, ɔkyena na atwam.

  • Kasa bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ Bible a, anka atɔ ape ara ne sa. Sɛ yɛhwɛ Bible a Martin Luther kyerɛɛ ase kɔɔ German kasa mu sɛɛ a, ɛboa maa German kasa no gyinaa ne nan so paa. Saa ara na King James Version a wodii kan yɛe no nso boaa Borɔfo kasa. Wɔkyerɛ sɛ saa Bible nkyerɛase no anya Borɔfo kasa so tumi sen nhoma foforo biara.

  • Bio nso, Bible no anya nkɛntɛnso kɛse wɔ aburokyiri aman bi so. Nhoma bi kaa sɛ: “Bible anya tumi kɛse wɔ nyamesom ne emu amanne so wɔ saa aman no so, nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Bible anya nkɛntɛnso wɔ aman yi nhoma ahorow, wɔn mmara, wɔn amanyɔsɛm ne nneɛma pii a yentumi mmobɔ din so.”​—The Oxford Encyclopedia of the Books of the Bible.

Wei yɛ nneɛma kakraa bi a ɛma Bible da nsow koraa. Ɛnde, dɛn paa na ama Bible agye din saa? Dɛn paa na ɛwɔ Bible ho a ɛmaa nkurɔfo de wɔn nkwa bɔɔ afɔre? Mmuae no bi ni: Bible kura nsɛm a nyansa wom a ɛboa ma yehu sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra. Bio nso, emu nsɛm ma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so ne Onyankopɔn afa adamfo. Bible koro yi ara ma yehu nea enti a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ adosaw adesamma saa. Anigyesɛm ne sɛ, Bible da no adi sɛ ɛrenkyɛ ɔhaw yi nyinaa to betwa. Ɛsan ma yehu nea ɛbɛma wei nyinaa aba mu.

BIBLE HO NOKWASƐM

Bible a wɔabue mu

Nhoma 66 na ɛka bom yɛ Bible, na wɔde bɛyɛ mfe 1,600 na ɛkyerɛw nhoma kronkron yi wiei.

Nnipa bɛyɛ 40 na wɔkyerɛwee, na na wɔn mu bi yɛ akuafo, apofofo, atemmufo, ahemfo, ne nnwontofo.

Bible mu no nyinaa twe adwene si Onyankopɔn Ahenni so. Ɛno ne ɔsoro aban a ebedi asase nyinaa so. (Daniel 2:44; 7:13, 14) Ahenni no beyi bɔne, amanehunu, ne owu afi hɔ koraa, na Otumfoɔ Pumpuni, yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn, adi adesamma nyinaa so.​—1 Korintofo 15:24-26.

Bible Boa Ma Yɛbɔ Yɛn Bra Yiye na Yɛbɛn Onyankopɔn

Wiase nhomasua ho hia, nanso Canada atesɛm krataa bi a ɛde Ottawa Citizen kaa sɛ: “Sɛ obi sua ade nya digrii ne abodin ahorow bata ne din ho a, ɛnkyerɛ sɛ ɔwɔ nyansa ne nimdeɛ a ɔde bɛbɔ brapa.” Kuw bi a ɛde Edelman kaa sɛ, sɛ yɛhwɛ nhomanimfo te sɛ aban mpanyimfo ne wɔn a wɔaben wɔ sikasɛm mu a, wɔn mu pii yɛ akorɔmfo ne asisifo. Wei nti nkurɔfo nni wɔn mu ahotoso koraa.

Nanso Bible boa nnipa ma wonya suban pa, na ɛma wɔn gyidi yɛ den. Bible ma yehu “trenee ne atemmu ne teeyɛ.” Nokwasɛm ne sɛ ɛma yehu “papayɛ akwan nyinaa.” (Mmebusɛm 2:9) Nhwɛso bi ni: Ná aberante bi a yɛbɛfrɛ no Stephen da afiase wɔ Poland. Aberante yi adi mfe 23, na bere a ɔda mu no, ofii ase suaa Bible. Ohuu sɛ afotu a ɛwɔ mu no yɛ paa. Akyiri yi ɔkaa sɛ: “Seesei sɛ mete sɛ obi reka sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’ a, mete ase paa. Afei masua sɛ mɛhyɛ me ho so na magyae abufuw bebrebe no.”​—Efesofo 4:31; 6:2.

Ade baako a epusuw Stephen ne asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 19:11 no. Ɛse: “Onipa nhumu twentwɛn n’abufuw ase, na ɛyɛ anuonyam ma no sɛ obebu n’ani agu bɔne so.” Seesei sɛ obi hyɛ no abufuw anaa biribi nkɔ yiye mma no a, ɔto ne bo ase susuw ho, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkae Bible mu asɛm a obetumi de ayɛ adwuma de adwudwo tebea no ano. Tie n’anom asɛm: “Mahu sɛ Bible yɛ nhoma a etumi boa ma yɛbɔ brapa; nhoma biara ne no nsɛ.”

Yɛnhwɛ Maria nso. Ɔyɛ Yehowa Danseni, na da bi maame bi didii no atɛm pasaa wɔ nnipa mu. Ná asɛm bi yɛ ɔbea no ahi na ɔde n’anibere bɛsoɛɛ Maria so. Nanso Maria ammue n’ano anka biribiara antia ɔbea no; mmom ofii hɔ kɔɔ dinn. Akyiri yi, asɛm no haw ɔbea no na ɔhwehwɛɛ Adansefo no. Bɛyɛ bosome akyi no, ɔsan huu Maria na ɔbam no srɛɛ no sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. Ohuu sɛ ɔsom a Maria wom na ama ne ho dwo na ɔbrɛ ne ho ase saa. Nea efii mu bae ne sɛ ɔbea a na ne koko haw no yi ne n’abusuafo nnum ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible.

Yesu Kristo kae a ɔmmoa, “nyansa nam ne mma nyinaa so di bem.” (Luka 7:35) Wode Bible mu asɛm yɛ adwuma a, wuhu sɛ ampa edi bem! Emu nsɛm tumi wurawura yɛn mu ma yɛyɛ nneɛma pa. Ampa, Bible ma ‘nea onni nimdeɛ hu nyansa, ɛma koma di ahurusi.’ Ɛma nnipa “ani tew,” enti yetumi hu yɛn akwan mu yiye na ɛkyerɛ yɛn kwan ma yehu yɛn Bɔfo no apɛde.—Dwom 19:7, 8.

Bible Ma Yehu Nea Enti a Ɔhaw Abu So Saa

Sɛ yare bi tu atese na animdefo rehwehwɛ mu a, nea wɔde wɔn ani si so ne dekode a ɛkɔfaa yare no bae. Yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea enti a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ adan “yareɛ koankorɔ” abɛsoɛ adesamma a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu. Wei nso yɛrentumi ntwa Bible nnya. Asɛm no ne sɛ Bible ama yɛahu nea ɛyɛe a nnipa baa asase so ne nea ɛkɔfaa yɛn haw nyinaa bae.

Bible nhoma a ɛde Genesis ma yehu sɛ yɛn nana Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na ɛno na ɛkɔfaa adesamma haw bae. Adam ne Hawa daa no adi sɛ wɔn ara betumi akyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne. Nanso Ɔbɔadeɛ no na ɔwɔ saa tumi no, ɛnyɛ nnipa. (Genesis 3:1-7) Awerɛhosɛm ne sɛ wɔn asefo dodow no ara afa wɔn su; nea wɔpɛ na wɔyɛ. Ɛdɛn na afi mu aba? Ɛnyɛ ahofadi ne anigye, na mmom ntawntawdi, nsisi, nhyɛso, ne ɔbrasɛe. Nnipa pii anidaso asa; ɛno ara ne sɛ wɔde wɔn ti repempem. (Ɔsɛnkafo 8:9) Nea Bible kae ara na ɛda hɔ no: “Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Nanso asɛmpa bi wɔ hɔ! Ɛrenkyɛ koraa adesamma atuatew ne nea afi mu aba nyinaa betwam.

Bible Ma Yenya Anidaso

Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn a wobu no na wɔfɛre no, enti ɔrentena hɔ mma nsɛmmɔnedi ne amanehunu nsɛe adesamma asomdwoe daa. Abɔnefo bedi “wɔn kwan so aba,” kyerɛ sɛ nea wɔagu no, wobetwa. (Mmebusɛm 1:30, 31) Nanso “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”​—Dwom 37:11.

Kɔfe wɔ kuruwa mu; wɔabue Bible ato nkyɛn

Onyankopɔn pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.”​—1 Timoteo 2:3, 4

Onyankopɔn nam ‘n’Ahenni’ so bɛma nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa abam na asomdwoe ahyɛ asase so ma. (Luka 4:43) Saa Ahenni no yɛ Onyankopɔn aban a ebedi wiase nyinaa so. Onyankopɔn bɛda no adi sɛ ɔno ne Otumfoɔ Pumpuni no. Saa Ahenni no ho asɛm na na ɛwɔ Yesu tirim bere a ɔrekyerɛ n’akyidifo mpaebɔ no. Ɔkaa sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Ahenni no bedi dwuma kɛse bi wɔ asase so.

Wɔn a wobenya Onyankopɔn Ahenni no mu atena no bɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wobegye atom sɛ Ɔbɔadeɛ no na ɔfata sɛ odi adesamma so na ɛnyɛ onipa biara. Kɛtɛasehyɛ ne porɔe, adifudepɛ ne nsisi, animhwɛ ne akokoakoko nyinaa befi hɔ. Saa bere no, mpaapaemu remma nnipa mu; yɛn nyinaa bɛyɛ baako. Nokwasɛm ne sɛ aban baako na ebedi wiase nyinaa so, na nnipa benya mmara ne akwankyerɛ baako.​—Adiyisɛm 11:15.

Ɛnde, ɛdɛn na ɛbɛboa ma yɛde yɛn ani ahu saa wiase foforo no? Ɛno ne nimdeɛ a edi mũ. Onyankopɔn pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Timoteo 2:3, 4) Ɛdɛn ne nokware no? Ebi ne Bible nkyerɛkyerɛ. Wei te sɛ amammu mmara anaa ahyɛde a Ahenni no de bɛyɛ adwuma. Ɛho nhwɛso wɔ Yesu Kristo Bepɔw So Asɛnka no mu. (Mateo ti 5-7) Sɛ worekan Mateo ti 5-7 a, susuw ho hwɛ; sɛ nnipa nyinaa de Yesu asɛm no yɛ adwuma a, anka wiase bɛyɛ sɛn?

Wohwɛ nea yɛaka yi a, ɛyɛ nwonwa sɛ Bible ahyeta wiase baabiara anaa? Ɛnyɛ nwonwa koraa! Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu na wɔka kasa nyinaa sua ne ho ade na wonya nhyira a n’Ahenni no de bɛba no bi. (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Nsɛm a ɛwɔ Bible mu di adanse sɛ emfi nnipa, na mmom efi soro.

Ɔsoro nsoromma

Bible ka sɛ wɔahyehyɛ mmara ama ɔsram ne nsoromma

BIBLE PA GYIDIHUNU HO NTAMA

Tete no, na ebinom susuw sɛ anyame atirimɔdenfo bi na wokyinkyim nneɛma a ɛwɔ wim ne nea ɛwɔ asase so nyinaa. (Encyclopedia of Science and Religion) Nanso Bible ma yehu sɛ mmara bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ nneɛma kwan wɔ soro ne asase so. Bɛyɛ mfe 3,500 ni, Bible kae sɛ: “Wunim wim mmara? Anaa wubetumi ahyehyɛ ne tumidi wɔ asase so?” (Hiob 38:33) Yeremia 31:35 nso ka sɛ ‘wɔahyehyɛ mmara ama ɔsram ne nsoromma.’ Bible mu nsɛm yi aboa nnipa bebree ma wɔade wɔn ho afi atoro som ne gyidihunu ho.​—Hiob 31:26-28; Yesaia 47:1, 13.

ƐKA NOKWARE TURODOO

Ade baako a ɛyɛ anika wɔ Bible ho ne sɛ wɔn a wɔkyerɛwee no kaa nokware turodoo; wɔn ara wɔn mfomso mpo wɔankata so. Sɛ yɛhwɛ Ɔhene Dawid sei a, bere a ɔne Bat-Seba bɔɔ aguaman no, ogyee ne mfomso toom sɛ ‘nea enye Onyankopɔn ani so na wayɛ.’ (Dwom 51:4) Ɔsomafo Yohane nso kaa sɛ ɔhwee ɔbɔfo nan ase mprenu sɛ ɔrekotow no. Ɔbɔfo no kaa sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! . . . Som Onyankopɔn.” (Adiyisɛm 19:10; 22:8, 9) Tete no, na akyerɛwfo pii katakata nokwasɛm so, nanso Bible akyerɛwfo no anyɛ saa. Wɔkaa nokware turodoo; wɔamfa nsɛm anwadawada.

ƐBOA MA NNIPA ASOM DWO WƆN

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya su ahorow a ɛbɛma yɛn asom adwo yɛn. Ebi ne mmɔborɔhunu ne bɔne-fakyɛ. Efesofo 4:32 ka sɛ: “Mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho.”

Nhoma bi a Mayo Clinic a ɛwɔ United States kyerɛwee kaa sɛ, “sɛ wonnim bɔne-fakyɛ a, wudi wo ho awu.” Ɛde kaa ho sɛ, “sɛ wode asɛm kyɛ a, wo ne obiara tumi tena kama na wo ho tɔ wo; w’adwennwen so tew. Wutumi kwati yare pii te sɛ mogya mmoroso ne adwenemhaw. Bio nso nsã ne nnubɔne mfa wo nyɛ akoa.”

BIBLE MA YENYA NSƐMMISA AKƐSE BI HO MMUAE

Akokoaa a ɔda ne maame yam

Akokoaa a ɔda ne maame yam

Abɔde ho nyansahufo wɔ nsɛmmisa pii ho mmuae, nanso wodu baabi a na wɔapem. Nhoma bi kaa sɛ: “Abɔde ho nyansahufo, adɔkotafo, ne nyansapɛfo dodow no ara gye tom sɛ nyansahu rentumi mma yɛnte abrabɔ ne nyamesom ase nwie.”​—Biotechnology—Changing Life Through Science.

  • NYANSAHUFO BETUMI abu akontaa de akyerɛ sɛnea wim nneɛma te sɛ bosome ne nsoromma di dwuma, nanso wɔrentumi nkyerɛ nea enti a saa nneɛma yi wɔ hɔ anaa nea enti a ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ.

  • NYANSAHUFO BETUMI akyerɛ sɛnea honam akwaa a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbea ho di dwuma ma nyinsɛn ba, nanso wɔrentumi mmoa mma yɛntwe yɛn ho mfi nna mu ɔbra- sɛe ho.

  • NYANSAHUFO BETUMI akyerɛ sɛnea nkokoaa a wɔda yafunu mu nyin, nanso wontumi mmoa nnipa mma wonnyae nyinsɛn-tugu.

Nanso Bible boa ma yehu nsɛm a ɛte saa ani so yiye. Nokwasɛm ne sɛ ɛma yɛte “trenee ne atemmu ne teeyɛ ase; ɛno ne papayɛ akwan nyinaa.”​—Mmebusɛm 2:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena