Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 3 kr. 3
  • Tete Osiakwan no Rebubu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tete Osiakwan no Rebubu
  • Nyan!—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnianim Nsɛm
    Nyan!—2016
  • Asɛmpa A Ɛwɔ Kasa Ahorow 500 Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nhoma A “Ɛka” Kasa Horow
    Amansan Nhoma
  • Nnipa a Wofi Kasa Nyinaa Mu a Wɔreboaboa Wɔn Ano
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 3 kr. 3
Nnipa a wofi aman ahorow so

ASƐM A ƐDA SO | KASA NYƐ OSIAKWAN BIO

Tete Osiakwan no Rebubu

KASA a nkurɔfo ka no wiase yɛ buburugyaa. Wobu akontaa sɛ kasa ahorow ahorow bɛyɛ 7,000 na ɛwɔ wiase. Ɛtɔ da a na wei adan osiakwan; ɛma akwantu, aguadi, nhomasua ne amammu mpo yɛ bisibasaa. Ɔhaw yi fii ase nyɛ nnɛ. Ɔhene Ahasweros (ebia ɔno na wɔsan frɛ no Xerxes I) bere so, bɛyɛ afe 2,500 a atwam ni no, Persiafo de ɔhene no mmara kɔɔ ahemman no nyinaa mu, “fi India kosi Etiopia. Na ne nyinaa yɛ amantam bɛboro ɔha aduonu ason, na wɔkyerɛw no sɛnea ɔman biara nkyerɛwee ne wɔn kasa te.”a

Ɛnnɛ, aban anaa ahyehyɛde kakraa bi na ɛbɛbɔ wɔn ho mmusu ayɛ saa adwumasono yi. Nanso ahyehyɛde bi afa ato ne ho so sɛ wɔbɛyɛ. Wo deɛ hwɛ, Yehowa Adansefo kyerɛ Bible ne nhoma ne video ase kɔ kasa bɛboro 750 mu. Kasa yi mu bɛyɛ 80 yɛ mum kasa. Na wokɔ Intanɛt so a, nhoma ne nneɛma foforo pii wɔ hɔ a wubetumi abɔ atie wɔ kasa pii mu. Wɔn a wɔn ani afura nso wɔ wɔn deɛ wɔ Braille mu.

Nea ɛyɛ anika koraa ne sɛ Yehowa Adansefo mfa saa adwuma no mpɛ sika. Wɔn a wɔkyerɛ nhoma ase no atu wɔn ho ama reyɛ saa adwuma no. Ɛdɛn paa na epusuw wɔn ma wɔkyerɛ kasa pii ase saa? Wɔyɛ no sɛn?

a Hwɛ Ester 8:9 wɔ Bible mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena