Nnipa a Wofi Kasa Nyinaa Mu a Wɔreboaboa Wɔn Ano
1 Onyankopɔn Asɛm renya mmamu! Nnipa a ‘wofi kasa nyinaa mu’ regye nokware som atom. (Sak. 8:23) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo reboa nnipa a wofi “mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa” nyinaa mu ma wɔabenya gyinabea pa wɔ Yehowa anim, a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa wɔ “ahohia kɛse” no mu?—Adi. 7:9, 14.
2 Onyankopɔn Ahyehyɛde Di Ho Dwuma: Sodikuw no ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔayɛ Bible ho nhoma wɔ kasa horow bɛyɛ 380 mu na ama nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa atumi ate sɛnea asɛmpa no ho hia no ase pefee. Nhoma a wɔkyerɛw tintim wɔ kasa horow pii mu no yɛ adwuma kɛse. Ɛhwehwɛ sɛ wɔhyehyɛ nhoma asekyerɛfo akuw a wɔfata de mmoa a wohia na ama wɔakyerɛ yɛn nhoma ase akɔ kasa ahorow yi nyinaa mu ma wɔn, na wotintim nso de mena. Nanso, Ahenni adawurubɔfo ankorankoro a wɔde Bible mu asɛm a egye nkwa no kɔ nnipa no nkyɛn no na wodi mu akoten titiriw.
3 Adwuma no a Wɔbɛyɛ: Mprempren wohu nnipa pii a wɔka aman foforo so kasa wɔ mmeae pii a Ghana ka ho. Nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn asomfo pii de asɛmpa no akɔ nnipa yi nkyɛn no, wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesua kasa afoforo bi a wɔka wɔ wɔn mpɔtam hɔ. Afoforo resua Amerika Mum Kasa. Ebinom a wɔntee Yehowa ho asɛm da anaa wonnim Bible ho hwee no regye Onyankopɔn Asɛm mu nokware no atom.—Rom. 15:21.
4 So yebetumi ayere yɛn ho kɛse aka asɛmpa no akyerɛ yɛn asasesin mu nnipa a wofi aman foforo so no? (Kol. 1:25) Asafo ahorow pii reyɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe wɔ nnipa a wɔka aman foforo so kasa a wɔwɔ wɔn hɔ no mu. Adawurubɔfo di kan sua kasa no sɛnea ɛsɛ na ama wɔatumi aka asɛntiaa te sɛ: “Mema wo akye. Mewɔ asɛmpa bi ma wo. [Afei wɔde saa kasa no mu kratawa anaa nhomawa bi ma.] Merekɔ.” Yehowa rehyira mfiase ketewa a ɛte saa no so ampa!
5 Nnipa a ɛsono wɔn asetram gyinabea a wɔka kasa horow nyinaa ani gye Ahenni asɛm no ho. Momma yɛmfa hokwan no nka ho asɛm no nkyerɛ wɔn.