Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g18 nɔma 1 kr. 3
  • Wobɛyɛ Dɛn Ahu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Nyan!—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anigye Ne Wɔn a Wɔsom “Anigye Nyankopɔn No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2018
  • Nokware Anigye Wɔ Yehowa A Wɔsom No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɛhe na Wobetumi Anya Nokware Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2018
g18 nɔma 1 kr. 3
Ɔbarima bi nam ɔkwan bi so

ƆKWAN A WƆFA SO NYA ANIGYE

Wobɛyɛ Dɛn Ahu?

WOHWƐ WO HO A, WOWƆ ANIGYE? Sɛ wowɔ anigye a, ɛnde dɛn na ɛma w’ani gye? Ɛyɛ w’abusua, w’adwuma, anaa wo som mu gyidi? Ebia na worehwɛ kwan sɛ biribi bɛma w’ani agye. Ebetumi aba sɛ, sɛ wuwie sukuu, wunya adwuma pa, anaa wotɔ kar foforo a, ɛno na ɛbɛma w’ani agye.

Nnipa pii wɔ hɔ a, wɔn ani gye bere a wɔadu botae bi ho anaa wɔanya nea wɔpɛ. Nanso saa anigye kɛse a wonya no mpofirim no, edi nna sɛn? Mpɛn pii no ɛnkyɛ, na wei tumi bu wɔn abam mpo.

Wɔkyerɛ anigye ase sɛ obi bedi yiye, na yiyedi no atena hɔ akyɛ. Afei yiyedi no betumi ayɛ akomatɔyam kɛkɛ a onipa no wɔ, anaa nea ɛkyɛn saa te sɛ bere a onipa no ani agye aboro so wɔ asetenam. Mpɛn pii no onipa no pɛ sɛ anigye no kɔ so bere nyinaa.

Afei nso, esiane sɛ anigye yɛ yiyedi a ɛtena hɔ kyɛ nti, wɔka sɛ anigye te sɛ akwantu, na ɛnte sɛ woakodu baabi a worekɔ. Sɛ obi ka sɛ, “M’ani begye bere a . . . ” nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔretu anigye no ahyɛ da.

Wo de, yɛmfa anigye ntoto apɔwmuden ho. Dɛn na ɛma yenya apɔwmuden pa? Ɛne sɛ yɛbɛhwɛ yɛn adidi yiye, yɛatenetene yɛn apɔw mu, na yɛahwɛ yɛn abrabɔ nyinaa yiye. Saa ara nso na sɛ yɛbɔ bra pa, na yɛde afotu a nyansa wom bɔ yɛn bra a, ɛma yenya anigye.

Afotusɛm anaa ɔbra bɛn na yɛbɔ a ɛbɛma yɛn ani agye? Ɛwom, saa afotusɛm no, ebi ho hia sen bi, nanso nea edidi so yi bɛboa pa ara ama yɛn ani agye:

  • MA W’ANI NSƆ NEA WOWƆ NA DA AYAMYE ADI

  • MA W’APƆWMUDEN HO NHIA WO, NA MMA W’ABAM MMU

  • DA ƆDƆ ADI

  • FA BƆNE KYƐ

  • NYA ATIRIMPƆW WƆ ASETENAM

  • NYA ANIDASO

Bible yɛ nhoma a nkurɔfo bu no pa ara, na ɛka nsɛm a nyansa wom. Ɛka sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn ho nni asɛm, wɔn kwan mu.” (Dwom 119:1) Ɛyɛ ɔkwan bɛn a? Ma yɛnhwɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena