NNEƐMA BO REYƐ DEN—DƐN NA WUBETUMI AYƐ?
Gye Tom Sɛ Nneɛma Bo Bɛyɛ Den
Sɛ nneɛma bo kɔ soro na sɛ ankɔ soro ntɛmntɛm a, anhwɛ a worenhu, ɛnkanka bere a w’akatua nso rekɔ soro no. Nanso, sɛ da biara wɔtoto nneɛma mu, na yɛn akatua da so tim nea etim a, etumi kɔfa adwinnwen bɛto yɛn nso. Sɛ yɛwɔ abusua koraa de a, ɛnde na asɛm no asɛe.
Nneɛma bo a ɛreyɛ den no, yɛrentumi nyɛ ho hwee. Nanso sɛ yɛgye tom sɛ nneɛma bo bɛkɔ so ayɛ den a, ɛbɛma yɛada yɛn ho so.
NEA ENTI A ƐHO HIA
Sɛ obi gye tom sɛ nneɛma bo bɛkɔ so ayɛ den a, ɛbɛma no ayɛ mmerɛw ama no sɛ . . .
ɔbɛka ne koma ato ne yam. Sɛ obi wɔ akomatɔyam a, otumi dwen nneɛma ho yiye, na osisi gyinae pa.
ɔrenyɛ nneɛma bi a ɛho nhia. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛbɛyɛ papa sɛ yetuatua yɛn ho aka te sɛ adan ka, kanea ka, nsuo ka ne nea ɛkeka ho, na ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛsɛe sika atotɔ nneɛma a yenhia.
ɔne n’abusuafo rentwe sika ho manso.
ɔbɛhwehwɛ akwan a ɔde bɛtoto ne sikasɛm yiye; ebi ne sɛ ɔbɛtɔ nneɛma a ohia, na mmom nyɛ nea ɔpɛ kɛkɛ.
NEA WUBETUMI AYƐ
Mmere dan a, dan wo ho bi. Sɛ nneɛma bo kɔ soro a, nneɛma a yɛtotɔ no, ɛbɛyɛ papa sɛ yetwitwa so. Ebinom wɔ hɔ a nneɛma a wɔpɛ wɔ abrabɔ mu no, wɔn ho nsõ mpo a, wɔyɛ ara sɛ wɔbenya. Ɛba saa a, na akɔyɛ te sɛ nea wɔreguare hyia asorɔkye a ano yɛ den no! Ɛmfa wɔn nkosi baabiara; ahokyere mmom na ɛde brɛ wɔn. Sɛ obi wɔ abusua nso a, ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye, na ɛyɛ ne kwan so. Nanso kae sɛ, ɛsɛ sɛ wunya bere ma w’abusua, na wodɔ wɔn. Ɛno paa na ehia.
Sɛ wototɔ nneɛma a wo ho nsõ wɔ abrabɔ mu a, na akɔyɛ te sɛ nea woreguare hyia asorɔkye a ano yɛ den no