Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jt kr. 3-5
  • Wɔne Henanom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔne Henanom?
  • Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi ne Dɛn?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WƆN DIN NO
  • Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
    Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
  • Dɛn Nti na Wɔfrɛ Yɛn Yehowa Adansefo?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Onyankopɔn​—Ɔne Hena?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi ne Dɛn?
jt kr. 3-5

Wɔne Henanom?

YEHOWA ADANSEFO pɛ sɛ wuhu sɛnea wɔte ankasa. Ebia wo ne wɔn atra fie ne wɔn ayɛ adwuma anaa wo ne wɔn ayɛ asetram nneɛma foforo bi pɛn. Ebia woahu wɔn sɛ wɔde nsɛmma nhoma rema nkurɔfo wɔ mmɔnten so pɛn. Anaasɛ ebia wo ne wɔn akasa kakra wɔ wo pon ano pɛn.

Nokwarem no, Yehowa Adansefo dwen w’ankasa ne wo yiyedi ho. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ wo nnamfo na wɔka wɔn ankasa, wɔn gyidi ahorow, wɔn ahyehyɛde no, ne sɛnea wɔte nka wɔ nnipa ne wiase a yɛn nyinaa te mu yi ho nsɛm pii kyerɛ wo. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi eyi ho dwuma nti na wɔasiesie saa nhomawa yi ama wo no.

Akwan pii so no, Yehowa Adansefo te sɛ nnipa foforo biara. Wɔwɔ ɔhaw a obiara wɔ no bi—wɔ sikasɛm mu, honam mu, ne nkate fam. Ɛtɔ da a, wodi mfomso efisɛ wɔnyɛ pɛ, honhom bi nkɛntɛn wɔn so, anaasɛ wɔnyɛ nkurɔfo a wontumi nyɛ bɔne. Nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wobesua biribi afi nea ato wɔn pɛn mu, na wɔde nsi sua Bible no yɛ nsakrae a ehia. Wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra ma ɛne saa ahosohyira yi ahyia. Wɔma Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron no kyerɛ wɔn kwan wɔ biribiara a wɔyɛ mu.

Ɛho hia wɔn kɛse sɛ wɔde wɔn gyidi ahorow no begyina Bible so, na ɛnyɛ nnipa nsusuwii anaa ɔsom mu gyidi ahorow so kɛkɛ. Wokura adwene a na ɔsomafo Paulo kura bere a honhom kaa no ma ɔkyerɛw eyi no bi: “Ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo.” (Romafo 3:4, Twi Bible Foforoa) Ɛdefa Bible mu nokware a Adansefo no kyerɛkyerɛ ho no, wodi ɔkwan a Beroiafo faa so bere a ɔsomafo Paulo kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no akyi pɛpɛɛpɛ: “Woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:11) Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛsɛ sɛ ɔsom biara mufo ma wɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa ne Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no hyia, sɛ́ wɔn na wɔde rema anaasɛ obi foforo na ɛde rema no. Wɔto nsa frɛ wo—hyɛ wo nkuran—sɛ yɛ eyi bere a wɔne wo reyɛ nhwehwɛmu no.

Yehu fi eyi mu sɛ Yehowa Adansefo gye Bible no di sɛ Onyankopɔn Asɛm. Wobu emu nhoma 66 no sɛ nea efi honhom mu na ɛyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm. Wɔfrɛ nea nkurɔfo taa frɛ no Apam Foforo no Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm, na wɔfrɛ Apam Dedaw no Hebri Kyerɛwnsɛm. Wɔde wɔn ho to Hela ne Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa so, na wɔfa emu nsɛm no nyinaa sɛnea ɛte no ara, gye baabi a nsɛm anaa adeyɛ no ankasa bɛkyerɛ sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne no. Wogye tom sɛ Bible mu nkɔmhyɛ pii anya mmamu, afoforo gu so renya mmamu, na afei na ebinom rebenya mmamu.

WƆN DIN NO

Yehowa Adansefo? Yiw, wɔn din ne no. Ɛyɛ din a ɛkyerɛ adwuma ko a wɔyɛ, kyerɛ sɛ wodi Yehowa, ne Nyamesu, ne n’atirimpɔw ho adanse. “Onyankopɔn,” “Awurade,” ne “Ɔbɔadeɛ”—te sɛ “Ɔmampanyin,” “Ɔhene,” ne “Ɔsahene”—nyinaa yɛ abodin na wobetumi de afrɛ nnipa atitiriw bebree. Nanso “Yehowa” yɛ din ankasa, na ɛno na wɔde frɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn ne amansan Bɔfo no. Eyi da adi wɔ Dwom 83:18, sɛnea King James Bible no de ba no: “Na wonhu sɛ wo a wo din ne YEHOWA no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”

Edin Yehowa (anaa Yahwe, sɛnea Roma Katolekfo Jerusalem Bible ne nhomanimfo bi pɛ no) pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ mfitiase Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Bible dodow no ara mfa nni dwuma, na mmom wɔde “Onyankopɔn” anaa “Awurade” si ananmu. Nanso, wɔ saa Bible ahorow yi mu mpo no, obi betumi akyerɛ baabi a wɔde Yehowa di dwuma wɔ mfitiase Hebri Kyerɛwnsɛm no mu bere nyinaa efisɛ wɔ saa mmeae no, wɔde nkyerɛwde akɛse na akyerɛw nsɛmfua a wɔde asi ananmu no, te sɛ: ONYANKOPƆN, AWURADE. Nnansa yi nkyerɛase pii de edin Yehowa anaa Yahwe na edi dwuma. Enti, New World Translation kenkan wɔ Yesaia 42:8 sɛ, “Mene Yehowa. Me din ne no.”

Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ a Yehowa Adansefo gyina so paw wɔn din no wɔ Yesaia ti 43. Wɔka wiase tebea ho asɛm wɔ hɔ sɛ adeyɛ bi a ɛrekɔ so wɔ asɛnnibea: Wɔto nsa frɛ amanaman no anyame sɛ wɔmfa adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔteɛ mmra anaasɛ wontie nea adansefo a wogyina Yehowa afã no wɔ ka na wonhu nokware no. Yehowa ka kyerɛ ne nkurɔfo wɔ hɔ sɛ: “Mone m’adansefo, Yehowa na ose, ne m’akoa a mayi no no; sɛ munhu na munnye nni sɛ mene no: wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim ɛ, na m’akyi nso, obiara nni hɔ. Me, mene Yehowa; na m’akyi no, ogyefo biara nni hɔ.”—Yesaia 43:10, 11, American Standard Version.

Mfe mpempem pii ansa na wɔrewo Yesu no, na Yehowa Nyankopɔn wɔ adansefo wɔ asase so. Bere a Hebrifo ti 11 abobɔ saa mmarima anokwafo no bi din awie no, Hebrifo 12:1 ka sɛ: “Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.” Yesu ka kyerɛɛ Pontio Pilato sɛ: “Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” Wɔfrɛ no ‘ɔdansefo nokwafo.’ (Yohane 18:37; Adiyisɛm 3:14) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.”—Asomafo no Nnwuma 1:8.

Enti ɛnnɛ, nnipa bɛyɛ 6,000,000 a wɔreka Yehowa Ahenni a ɛnam Kristo Yesu so bɛba no ho asɛmpa wɔ nsase bɛboro 230 so no hu sɛ edin Yehowa Adansefo no fata wɔn.

[Ase hɔ asɛm]

a Kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nhomawa yi mu no fi saa Bible no mu, gye sɛ ebia wɔakyerɛ sɛ efi nkyerɛase foforo bi mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn reyɛ n’apɛde

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Wogye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Edin no a wɔredi ho anobaabae sɛ adeyɛ a ɛrekɔ so wɔ asɛnnibea

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Adansefo bɛyɛ 6,000,000 a wɔwɔ nsase bɛboro 230 so

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Wɔpɛ w’asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Onyankopɔn din ankasa a ɛwɔ tete Hebri mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena