Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kp kr. 3-5
  • Ɛhe na Wiase yi Ani Kyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛhe na Wiase yi Ani Kyerɛ?
  • Monkɔ So Nwɛn!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wiase Awiei” Abɛn!
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nna A Edi Akyiri​—Ɔkɔm, Ɔyaredɔm, Efĩ Ne Ahenni Ho Asɛmpaka
    Nyan!—1988
  • So Aka Akyiri Sen Sɛnea Wususuw?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Dɛn na Ɛbɛba Okyinnsoromma a Ɛne Asase So?
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
Monkɔ So Nwɛn!
kp kr. 3-5

Ɛhe na Wiase yi Ani Kyerɛ?

Wɔ wiase mmaa nyinaa no, wɔka ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu ne nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw ho asɛm da biara da! Dɛn na ɛkyerɛ?

HOBAMMƆ: Wɔtotow atopae wɔ baguam. Wɔtow tuo kum akyerɛkyerɛfo ne adesuafo wɔ sukuu mu. Wɔkyere mmofra sie bere a awofo ani nna wɔn ho so no. Wɔbɔ mmea ne mmarima a wɔn mfe akɔ anim korɔn awia ketee.

NEA ƐREKƆ SO WƆ NYAMESOM MU: Ɔko biara mu no, asɔre ahorow gyina afanu a wɔredi akameakame no akyi. Wɔbɔ asɔfo sobo wɔ mmusuakuw asetɔre ho. Asɔfo to mmofra mmonnaa; na asɔre yɛ kata-so-muamua-so wɔ nsɛm a ɛyɛ aniwu yi ho. Nnipa dodow a wɔkɔ asɔre no so retew; ama wɔretɔn asɔredan ahorow.

ABƆDE A ATWA YƐN HO AHYIA: Wɔsɛe kwae sisi aguadidan. Ahiafo a wɔrepɛ nnyina asɔ gya bu asase so nnua gu. Efĩ asɛe asase ase nsu ma emu ntew sɛ yɛnom. Efĩ a efi mfiridwuma mu ne akwan a wɔfa so yi mpataa nnɛ no asɛe afarefo adwuma. Mframa fĩ tram nnipa.

ASETRAM AHIADE: Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, sika a nnipa a wɔwɔ Afrika Sahara anafo fam nya afe biara no sua koraa. Adwumam mpanyimfo a wɔyɛ adifudepɛ ma adwuma gu, na ɛmma nnipa pii nnya adwuma nnyɛ. Amimdi ma nnipa a wɔde wɔn sika hyɛ nnwuma mu no dwetiri hyew.

ADUANKƆM: Wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ 800,000,000 na wobuada da biara.

ƆKO: Wɔ afeha a ɛto so 20 mu no, nnipa bɛboro 100,000,000 na wɔhweree wɔn nkwa wɔ ɔko mu. Nuklea akode pii wɔ hɔ a ebetumi atɔre adesamma ase mpɛn pii. Ɔmanko ne amumɔyɛsɛm remene wiase nyinaa.

YAREDƆM NE NYAREWA AFOFORO: Efi 1918 reba no, Spania influensa akunkum nnipa 21,000,000. Ɛnnɛ, AIDS abɛyɛ “owuyare a ɛrekunkum nnipa sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu.” Kokoram ne komayare ma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa di awerɛhow.

Susuw nsɛm a wɔbɔ ho amanneɛ no ho hwɛ. So eyinom nkutoo ne nsɛm a ɛresisi? Anaa ɛka nsɛm foforo a esisi wiase nyinaa no ho a ɛwɔ nea ɛkyerɛ ankasa?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?

Sɛ nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw sisi anaa nnipa bi hwere biribi a, wɔn mu pii nhu nea enti a Onyankopɔn mfa ne ho nnye nsɛm mu nsiw nsɛm a ɛtete saa ano no.

Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa. Ɔde akwankyerɛ pa ma yɛn ma yenya ahotɔ mprempren. (Mateo 11:28-30; 2 Timoteo 3:16, 17) Wayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wayi basabasayɛ, yare ne owu afi hɔ daa. Nhyehyɛe a wayɛ no da no adi sɛ ɛnyɛ ɔman biako mufo nkutoo na odwen wɔn ho na mmom nnipa a wɔwɔ aman, mmusua ne kasa nyinaa mu.—Asomafo no Nnwuma 10:34,35.

Yedwen Onyankopɔn atirimpɔw ahorow no ho dɛn? So wunim ɔsoro ne asase Bɔfo no? Wɔfrɛ no dɛn? Dɛn ne n’atirimpɔw? Wabua nsɛmmisa yi wɔ Bible no mu. Ɔka nea ɔreyɛ de basabasayɛ, yare ne owu aba awiei no ho asɛm wom. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya so mfaso? Ehia sɛ yesua ɔno ne n’atirimpɔw ho ade. Sɛ yɛankyerɛ ne mu gyidi a, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ne nhyehyɛe so mfaso? (Yohane 3:16; Hebrifo 11:6) Afei nso, ehia sɛ yedi n’ahyɛde so. (1 Yohane 5:3) So wudwen Onyankopɔn ho ma enti wopɛ sɛ woyɛ saa?

Nea ɛbɛyɛ na yɛate nea enti a Onyankopɔn ama tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ ho kwan no, ɛsɛ sɛ yɛte ɔsɛmpɔw bi a ehia paa ase. Bible no kyerɛkyerɛ mu. Wubetumi asua ɔsɛmpɔw yi ho ade wɔ nhomawa yi kratafa 15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena