Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ll ɔfã 6 kr. 14-15
  • Dɛn na Yesua Fi Nsuyiri Kɛse No Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Yesua Fi Nsuyiri Kɛse No Mu?
  • Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔfã 6
    Tie Onyankopɔn
  • Tete Kɔkɔbɔ Bi
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsuyiri Kɛse No​—Hefo na Wotiee Onyankopɔn? Hefo na Wɔantie No?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Dɛn Nti na Noa Nyaa Onyankopɔn Anim Dom?—Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Ɛho Hia Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
ll ɔfã 6 kr. 14-15

ƆFà6

Dɛn na Yesua Fi Nsuyiri Kɛse No Mu?

Onyankopɔn sɛee abɔnefo, nanso ogyee Noa ne n’abusua nkwa. Genesis 7:11, 12, 23

Adaka no tɛ nsu ani, nsu refa nnipa abɔnefo, na abɔfo atuatewfo no ayi nipadua a wɔde duraa wɔn ho no agu

Osu kɛse tɔe adaduanan, awia ne anadwo, na nsu no kataa asase so nyinaa. Nnipa abɔnefo no wuwui.

Abɔfo atuatewfo no yii nipadua a wɔde duraa wɔn ho no gui, na wɔbɛyɛɛ adaemone.

Noa, n’abusua, ne mmoa no apue afi adaka no mu. Nyankontɔn nso apue wɔ soro

Wɔn a na wɔwɔ adaka no mu no nyaa wɔn ti didii mu. Ɛwom sɛ bere bi akyi no, Noa ne n’abusua wuwui de, nanso Onyankopɔn benyan wɔn ma wɔabɛtena ase daa.

Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo, bio na wagye atreneefo nkwa. Mateo 24:37-39

Satan ne n’adaemone nam akwan pii so redaadaa nnipa

Satan ne adaemone no da so ara redaadaa nnipa.

Nnipa pii po akwankyerɛ a Yehowa fi ɔdɔ mu de ma nnɛ no sɛnea Noa bere sofo yɛe no. Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛsɛe abɔnefo nyinaa.—2 Petro 2:5, 6.

Yehowa Adansefo de Bible rekyerɛkyerɛ ɔbarima bi; ɔbarima bi rekan Bible

Nnipa binom te sɛ Noa. Wotie Onyankopɔn na wɔyɛ nea ɔka kyerɛ wɔn; wɔne Yehowa Adansefo.

  • Paw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no.​—Mateo 7:13, 14.

  • Wɔbɛsɛe abɔnefo; ahobrɛasefo bɛtena ase asomdwoe mu.​—Dwom 37:10, 11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena