Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 5 kr. 18-kr. 19 nky. 5
  • Noa Adaka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Noa Adaka
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Noa Pam Adaka
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsuyiri Kɛse No​—Hefo na Wotiee Onyankopɔn? Hefo na Wɔantie No?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 5 kr. 18-kr. 19 nky. 5
Noa ne n’abusua reyɛ adaka

ADESUA 5

Noa Adaka

Nkakrankakra, nnipa bɛyɛɛ pii wɔ asaase so. Nanso na wɔn mu pii yɛ adebɔne. Abɔfo a wɔwɔ soro mpo, ebi yɛɛ bɔne. Abɔfo no fii soro a ɛyɛ wɔn fie no baa asaase so. Wunim nea enti a wɔyɛɛ saa? Wɔbaa sɛ wɔrebɛdan nnipa na wɔaware asaase so mmaa.

Abɔfo no ne mmaa no woo mmabarima. Wɔn mma no bɛyɛɛ nnipa a wɔn ho yɛ den, na na wɔyɛ asisifo paa. Ná wɔhaw nkurɔfo. Ná Yehowa mpɛ sɛ nneɛma bɔne a ɛte saa bɛkɔ so, enti ɔyɛɛ sɛ ɔbɛyɛ ho biribi. Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ ɔde nsuyiri bɛsɛe abɔnefo no.

Noa ne n’abusua reyɛ adaka, na wɔreboaboaa aduan ano

Nanso, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔno de ɔyɛ soronko. Ná ɔdɔ Yehowa. Yɛfrɛ no Noa. Ná ɔwɔ yere ne mmabarima mmiɛnsa. Yɛfrɛ ne mma no Sem, Ham, ne Yafet; na wɔn mu biara wɔ yere. Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka kɛse bi, na sɛ Nsuyiri no ba a, agye ɔne n’abusua nkwa. Ná ɛyɛ adaka kɛse bi a ɛrentumi mmem. Yehowa san ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa mmoa bebree nkɔ adaka no mu sɛnea wɔn nso benya nkwa.

Ɛhɔ ara na Noa hyɛɛ ase yɛɛ adaka no. Noa ne n’abusua de bɛyɛ mfe 50 na ɛyɛɛ adaka no. Wɔyɛɛ adaka no pɛpɛɛpɛ sɛnea Yehowa kyerɛɛ wɔn no. Saa bere no nyinaa, na Noa reka akyerɛ nkurɔfo sɛ Nsuyiri bi reba, nanso obiara antie no.

Nkakrankakra, wowiee adaka no. Enti na ɛsɛ sɛ wɔkɔ mu. Ma yɛnhwɛ nea esii.

“Sɛnea na Noa nna no te no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ.”—Mateo 24:37

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Yehowa kaa sɛ ɔde Nsuyiri bɛba? Ɛdɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ?

Genesis 6:1-22; Mateo 24:37-41; 2 Petro 2:5; Yuda 6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena