NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 2B MU
Hesekiel—N’abrabɔ Ne Nsɛm Bi a Esisii Wɔ Ne Bere So
Edin Hesekiel kyerɛ “Onyankopɔn Ma Ahoɔden.” Ɛwom sɛ kɔkɔbɔ pii wɔ ne nkɔmhyɛ no mu de, nanso yɛka ne nsɛm no nyinaa bom a, ɛne ne din no asekyerɛ hyia, na ɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nokware mu no gyidi den.
ADIYIFO A WƆTENAA ASE WƆ NE BERE SO
YEREMIA,
Ofi asɔfo abusua mu. Yerusalem titiriw na ɔhyɛɛ nkɔm (647-580 A.Y.B.)
HULDA
Bere a wohuu Mose Mmara no wɔ asɔrefi hɔ bɛyɛ afe 642 A.Y.B. mu no, na ɔyɛ odiyifobea
DANIEL,
Ofi Yuda adehye abusua mu, na wɔde no kɔɔ Babilon afe 617 A.Y.B. mu
HABAKUK
Ɛbɛyɛ sɛ ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Yuda wɔ Yehoiakim ahenni no mfiase
OBADIA
Ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔsɛee Yerusalem no, ɔhyɛɛ nkɔm tiaa Edom
BERE BƐN NA WƆHYƐƐ NKƆM? (MMEREBU NO NYINAA YƐ A.Y.B.)
NSƐNTITIRIW A ESISII WƆ HESEKIEL BERE SO (MMEREBU NO NYINAA YƐ A.Y.B.)
b. 643: Bere a wɔwoo no
617: Wɔde no kɔɔ Babilon
613: Ofii ase hyɛɛ nkɔm; onyaa Yehowa ho anisoadehu
612: Onyaa ɔwae a na ɛrekɔ so wɔ asɔrefi hɔ no ho anisoadehu
611: Ofii ase hyɛɛ nkɔm tiaa Yerusalem
609: Ne yere wui, na Babilonfo twaa Yerusalem ho hyiae nea etwa to
607: Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ wɔasɛe Yerusalem
593: Onyaa asɔrefi no ho anisoadehu
591: Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Nebukadnesar bɛtow ahyɛ Egypt so; ɔkyerɛw ne nkɔmhyɛ no wiei
YUDA NE BABILON AHEMFO
659-629: Yosia maa nokware som kɔɔ so, nanso owui bere a na ɔne Farao Neko reko no
628: Yehoahas anyɛ ade papa biara wɔ abosome mmiɛnsa a ɔde dii ade no mu, na Farao Neko bɛkyeree no kɔe
628-618: Yehoiakim anyɛ ɔhempa; Farao Neko na osii no hene
625: Nebukadnesar dii Egypt asraafo so nkonim
620: Nebukadnesar tow hyɛɛ Yuda so nea edi kan, na osii Yehoiakim hene wɔ Yerusalem
618: Yehoiakim tew Nebukadnesar so atua, nanso ɛbɛyɛ sɛ bere a ɛto so mmienu a Babilonfo tow hyɛɛ Bɔhyɛ Asaase no so no na owui
617: Yehoiakin a wɔsan frɛ no Yekonia no, na ɔyɛ ɔhemmɔne, odii hene abosome mmiɛnsa, na afei ɔde ne ho kɔhyɛɛ Nebukadnesar ase
617-607: Ɔhene Nebukadnesar sii Sedekia hene. Ná Sedekia yɛ ɔhene tirimɔdenfo, na na ɔyɛ ohufo nso
609: Sedekia tee Nebukadnesar so atua, na ɛno akyi no, Nebukadnesar tow hyɛɛ Yuda so ne mprɛnsa so
607: Nebukadnesar sɛee Yerusalem, ɔkyeree Sedekia tutuu n’ani, na ɔde no kɔɔ Babilon