Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w11 4/1 kr. 24-25
  • Hena Ne Yesu Kristo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Ne Yesu Kristo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Yesu Kristo​—Onyankopɔn Na Ɛsomaa No Anaa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
w11 4/1 kr. 24-25

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Hena Ne Yesu Kristo?

Saa asɛm yi bisa nsɛm a ebia woabisa pɛn, na ɛkyerɛ faako a wubetumi akenkan ho mmuae wɔ Bible no mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besusuw nsɛmmisa yi ho mmuae ho.

1. Hena ne Yesu Kristo?

Yesu nte sɛ nnipa afoforo, efisɛ ɔtenaa soro sɛ honhom abɔde ansa na wɔrewo no wɔ asase so. (Yohane 8:23) Ɔno na Onyankopɔn dii kan bɔɔ no, na ɔboa maa wɔbɔɔ nneɛma afoforo a aka nyinaa. Ɔno nkutoo na Yehowa bɔɔ no tẽẽ ma enti wɔfrɛ no Onyankopɔn “Ba a ɔwoo no koro.” Yesu yɛɛ adwuma sɛ Onyankopɔn kasamafo, enti wɔsan frɛ no “Asɛm no.”—Yohane 1:1-3, 14; kenkan Mmebusɛm 8:22, 23, 30; Kolosefo 1:15, 16.

2. Dɛn nti na Yesu baa asase so?

Onyankopɔn somaa ne Ba no baa asase so denam ne nkwa a oyi fii soro bɛhyɛɛ Yudani bea bi a wɔfrɛ no Maria awotwaa mu no so. Enti Yesu annya ɔdesani agya. (Luka 1:30-35) Yesu baa asase so sɛ (1) ɔrebɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho nokwasɛm, (2) ɔrebɛyɛ nhwɛso ma yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na (3) afei ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no ama sɛ “agyede.”—Kenkan Mateo 20:28; Yohane 18:37.

3. Dɛn nti na yehia agyede?

Agyede yɛ bo a wotua de gye obi fi nkoayɛ mu. Ná owu ne mpanyinyɛ nka Onyankopɔn atirimpɔw ho. Yɛyɛ dɛn hu? Onyankopɔn ka kyerɛɛ onipa a odi kan Adam sɛ, sɛ ɔyɛ nea Bible frɛ no bɔne no a, obewu. Sɛ Adam anyɛ bɔne a, anka ɔrenwu da. Ɛwom sɛ Adam kyɛe ansa na ɔrewu de, nanso sɛ yɛbɛka a, ofii ase wui fi bere a ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no. (Genesis 2:16, 17; 5:5) Adam de bɔne ne ɛho akatua a ɛne owu no gyaw n’asefo nyinaa. Enti owu nam Adam so “baa” wiase. Ɛno nti na yehia agyede no.—Kenkan Romafo 5:12; 6:23.

4. Dɛn nti na Yesu wui?

Hena na na obetumi atua agyede no de agye yɛn afi owu mu? Sɛ yewu a, yetua yɛn ankasa bɔne so ka. Onipa a ɔnyɛ pɛ biara ntumi ntua afoforo bɔne ho ka mma wɔn.—Kenkan Dwom 49:7-9.

Esiane sɛ Yesu annya sintɔ amfi ɔdesani agya hɔ nti, owu a owui no mfi bɔne a ɔyɛe, na mmom afoforo bɔne nti na owui. Onyankopɔn somaa ne Ba no ma obewu maa yɛn de kyerɛe sɛ Ɔwɔ ɔdɔ soronko ma adesamma. Yesu nso daa ɔdɔ adi kyerɛɛ yɛn denam osetie a ɔyɛ maa n’Agya ne ne nkwa a yɛn bɔne nti, ɔde mae maa yɛn no so.—Kenkan Yohane 3:16; Romafo 5:18, 19.

5. Mprempren dɛn na Yesu reyɛ?

Yesu saa yare, onyanee awufo, na ogyee ebinom fii ahokyere mu. Ɔnam saa a ɔyɛe so kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ ama adesamma asoɔmmerɛwfo daakye. (Luka 18:35-42; Yohane 5:28, 29) Yesu wu akyi no, Onyankopɔn nyan no baa nkwa mu bio sɛ honhom abɔde. (1 Petro 3:18) Afei Yesu tenaa Onyankopɔn nsa nifa so twɛn kosii sɛ Yehowa maa no tumi sɛ onni asase nyinaa so Hene. (Hebrifo 10:12, 13) Mprempren Yesu redi Hene wɔ soro, na n’akyidifo a wɔwɔ asase so reka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa.—Kenkan Daniel 7:13, 14; Mateo 24:14.

Ɛrenkyɛ Yesu de tumi a ɔwɔ sɛ Ɔhene no bedi dwuma de ayi amanehunu nyinaa ne wɔn a wɔde ba afi hɔ. Nnipa ɔpepem pii a wogye Yesu di na wotie no no nyinaa benya asetena mu anigye wɔ paradise wɔ asase so.—Kenkan Dwom 37:9-11. —w11-E 03/1.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena