Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu
Dɛn Nti na Onyankopɔn Boa Ne Nkurɔfo Ano Wɔ Ɔsom Biako Mu?
Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛmmisa a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.
1. Dɛn nti na Onyankopɔn yɛɛ Israelfo no kuw biako?
Onyankopɔn kaa tete agya Abraham asefo no boom yɛɛ wɔn ɔman biako, na ɔmaa wɔn mmara. Ɔfrɛɛ ɔman no Israel, na ɔde nokware som ne n’Asɛm Kyerɛw Kronkron no hyɛɛ wɔn nsa. (Dwom 147:19, 20) Ɛno ama nnipa a wofi aman nyinaa mu anya nhyira.—Kenkan Genesis 22:18.
Onyankopɔn paw Israelfo no sɛ wɔnyɛ n’adansefo. Bere a wotiee Onyankopɔn no, ne mmara ma esii wɔn yiye. (Deuteronomium 4:6) Sɛ yesua Israelfo no abakɔsɛm a, yebetumi ahu nokware Nyankopɔn no yiye.—Kenkan Yesaia 43:10, 12.
2. Dɛn nti na nokware Kristofo yɛ kuw biako?
Bere bi akyi no, Israelfo anni Onyankopɔn mmara so, enti ɔpoo wɔn de Kristofo asafo no sii wɔn anan. (Mateo 21:43; 23:37, 38) Kan no, na Israelfo yɛ Onyankopɔn adansefo. Seesei de, nokware Kristofo na wɔyɛ Yehowa adansefo.—Kenkan Asomafo Nnwuma 15:14, 17.
Yesu kaa n’akyidifo boom sɛ wonni Yehowa ho adanse, na wɔnkɔ aman nyinaa mu nkɔyɛ asuafo. (Mateo 10:7, 11; 24:14; 28:19, 20) Adwuma yi adu ne mpɔmpɔn so. Seesei Yehowa aka nnipa mpempem pii a wofi aman nyinaa mu abom wɔ nokware som mu. (Adiyisɛm 7:9, 10) Nokware Kristofo nso, wɔayɛ wɔn kuw biako sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahyehyɛ wɔn ho nkuran na obiara aboa ne yɔnko. Wiase baabiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa nya Bible nkyerɛkyerɛ biako wɔ wɔn nhyiam ahorow ase.—Kenkan Hebrifo 10:24, 25.
3. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no fii wɔn dwumadi ase?
Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no fii ase bɛyɛ 1870. Bible asuafo kuw ketewa bi san huu Bible mu nokware a na ɛso akata akyɛ no. Ná wonim sɛ Yesu atew Kristofo asafo no sɛ wɔnka asɛmpa no. Enti wofii ase yɛɛ Ahenni asɛnka adwuma wɔ amanaman no mu. Afe 1931 mu no, wɔfaa edin Yehowa Adansefo no.—Kenkan Asomafo Nnwuma 1:8; 2:1, 4; 5:42.
4. Nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ Yehowa Adansefo som no mu?
Asomafo no bere so no, na sodikuw biako na ɛhwɛ Kristofo asafo a ɛwowɔ aman pii so no so, na na wogye Yesu tom sɛ ɔno ne asafo no ti. (Asomafo Nnwuma 16:4, 5) Ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo gye Yesu tom sɛ ɔno ne wɔn Kannifo. (Mateo 23:9, 10) Wɔn nso wɔ Sodikuw a wɔma wɔn akwankyerɛ. Sodikuw no mufo yɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw, na wofi Kyerɛwnsɛm no mu de nkuranhyɛ ne akwankyerɛ ma asafo bɛboro 100,000. Asafo biara wɔ mmarima a wɔn ho akokwaw a wɔyɛ mpanyimfo anaa ahwɛfo. Saa mmarima yi de ɔdɔ hwɛ Onyankopɔn nguankuw no.—Kenkan 1 Petro 5:2, 3.
Nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma Yehowa Adansefo asafo no ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no na wɔayɛ asuafo. Nea ɛbɛma wɔatumi aboa nnipa a wofi mmaa nyinaa no, wɔkyerɛ Bible ho nhoma ase kɔ kasa bɛboro 500 mu, na wotintim kyekyɛ ma nkurɔfo. Wɔka asɛm no wɔ afie afie sɛnea asomafo no yɛe no. (Asomafo Nnwuma 20:20) Wofi wɔn pɛ mu ne wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no yɛ Bible adesua. Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo botae ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde na wɔaboa afoforo nti, wɔn asafo no yɛ kuw a emu nnipa wɔ anigye.—Kenkan Dwom 33:12; Asomafo Nnwuma 20:35.
Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 19 no.