Wubu Yesu Dɛn?
Wususuw sɛ Yesu yɛ akokoaa a wɔawo no foforo, ɔbarima a ɔrewu anaa Ɔhene a ɔkorɔn?
Bible da no adi sɛ seesei Yesu yɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi. Dɛn na eyi kyerɛ ma wo?
Nnipa bebree gye di sɛ Yesu wu maa wɔn. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na onipa biako a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 2,000 ni no wu atumi ama nnipa pii anya nkwa nnɛ?
Yɛde anigye reto nsa afrɛ wo sɛ betie nsɛmmisa yi ho mmuae a egyina Bible so. Wɔbɛkyerɛkyerɛ asɛm yi mu bere a Yehowa Adansefo ahyia rekae Yesu wu no. Afe yi, yɛbɛkae Yesu wu no Yawda, April 5, bere a owia akɔtɔ.
Yɛsrɛ wo sɛ hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote ma wɔnkyerɛ wo bere ne beae a wobehyiam.
Sɛ yɛkae Yesu wu no wie a, dapɛn awiei a edi hɔ no, Yehowa Adansefo bɛma Bible mu ɔkasa bi a ɛyɛ anigye. Ɔkasa no asɛmti ne sɛ “Wugye Di Paa sɛ Abɛn?” Komapafo a wɔpɛ nokware na wɔpɛ sɛ wosua Yesu ho ade pii no, ɔkasa yi yɛ nneɛma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa de aboa wɔn no biako. Yɛto nsa frɛ wo sɛ bra betie bi.