Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 1/1 kr. 3
  • Sɛ Nnipa Wu a na Asa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Nnipa Wu a na Asa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobedi “Ɔtamfo a Odi Akyiri” no so Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Wɔamene Owu Akosi Daa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Woyi Owu Nwowɔe No Fi Hɔ
    Nyan!—1992
  • Adwene Bɛn na Wukura Wɔ Owu Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 1/1 kr. 3
Obi a kar abɔ no akum no ho mfonini

ASƐM A ƐDA SO | SƐ NNIPA WU A NA ASA?

Owu Nwowɔe

Owu de, obiara mpɛ sɛ ɔbɛte ho asɛm, na ebinom mpɛ sɛ epue wɔn ano mpo. Nanso, ɛda amansan kɔn mu; ɛyɛ yaw, na etwa te sɛ sekan.

Owu wɔ hɔ yi, ɛnkokwaw, ɛnkanka ne sɛ afa wo maame, wo papa, wo yere, wo kunu anaa wo ba. Ɛmmɔ nkae, na etumi tu n’ani si abusua so. Owu biara nso nni hɔ a ɛnyɛ yaw, na owu sɛe fie.

Kar bɔɔ Antonio papa kum no, na Antonio kaa owu no ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ obi agye wo fie safoa afi wo nsam abrambram wo pon akyi kɔ. Worentumi nkɔ fie hɔ koraa; ɛba saa a, na ato adwennwene. Nanso woyɛ dɛn ara a, nea aba ne no. Ɛyɛ wo sɛ ɛnyɛ nokware, efisɛ wudwen ho ara a, wonte ase, nanso woyɛ ho hwee a, ɛnyɛ yiye.”

Dorothy nso kunu wui; saa bere no na Dorothy adi mfe 47, na ɔyɛe sɛ nsɛm bi a ɛkyere n’adwene no, ɔbɛhwehwɛ ho mmuae. Ná ɔyɛ “Sunday-school” tikya, enti na onim sɛ anidaso wɔ hɔ ma awufo. Nanso na onni ho nkyerɛkyerɛmu biara. Na ɔkɔ Anglikan asɔre, enti obisaa ne sɔfo sɛ, “Enti yewu a, ɛhe na yɛkɔ?” Ɔno nso buae sɛ, “Obiara nnim; daakye na yebehu.”

Ɛyɛ ampa sɛ “daakye na yebehu”? Biribi wɔ hɔ a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ nnipa wu a, anidaso wɔ hɔ anaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena