Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp19 nɔma 3 kr. 3
  • Owu Da Hɔ Ma Nnipa Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owu Da Hɔ Ma Nnipa Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Adansefo​—Ahyehyɛde A Ɛhyɛ Edin No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Video a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho Anibere So
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Tumi a Video Ahorow a Edi Adanse no Wɔ
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • “Ɛyɛ Ɔkwan Foforo Koraa!”
    Nyan!—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
wp19 nɔma 3 kr. 3
Mfoni ahorow a ɛkyerɛ ɔbaa bi asetenam nsɛm. Ebi yɛ ne mmofraberem, bere a na ɔresua sankubɔ, okura nhwiren, n’ayeforohyia da, ɔne ne kunu ne wɔn babarima, ɔne ne kunu a wɔanyinyin, ɔrebɔ sanku, ne afei ne nkutoo

Owu Da Hɔ Ma Nnipa Nyinaa

FA NO sɛ worehwɛ video bi. Ɛfa obi a wagye din pa ara wɔ nnwonto mu ho, na wopɛ n’asɛm. Video no fii ase no, na ɔyɛ abofra a ɔresua sɛnea wɔbɔ sanku. Nea ɛbɛyɛ na wahu sanku no bɔ yiye no, na ɔtaa bɔ pa ara. Bere a ohuu sankubɔ ne nnwonto yiye no, otutuu akwan kɔɔ mmeae ahorow kɔbɔɔ nnwom. Afei de na wagye din wɔ wiase nyinaa. Nanso ankyɛ biara na onyin gogowee, na awiei koraa no, owui.

Video yi nyɛ anansesɛm bi kɛkɛ, mmom ɛyɛ asɛm a esii ankasa. Onii a video no fa ne ho no, sɛ na ɔyɛ odwontofo, nyansahufo, mmirikatufo, anaa obi foforo biara a wagye din mpo a, ɛno de, ɛnsesa asɛm no. Nneɛma a onipa no yɛe wɔ n’asetena mu akyi no, ebia nneɛma afoforo pii wɔ hɔ a anka obetumi ayɛ, nanso mpanyinyɛ ne owu dɛɛfoɔ nti, ne nsusuwii nyinaa kaa ne tirim!

Wei yɛ awerɛhosɛm pa ara, nanso yɛreka na yɛaka no sɛn, owu da amansan kɔn mu! (Ɔsɛnkafo 9:5) Ɛmfa ho mmɔden a nnipa abɔ nyinaa no, yɛda so ara nyinyin, na yewuwu. Ɛnyɛ ɛno nko, yebetumi ahyia akwanhyia mpofirim anaa yare bɔne bi betumi atwa yɛn nkwa so. Bible kyerɛkyerɛ sɛ, yɛte sɛ “suwusiw a eyi ne ho adi bere tiaa bi na afei ɛyera.”​—Yakobo 4:14.

Nea ebinom ka ne sɛ, owu nti nnipa nsɛ hwee, enti “momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Korintofo 15:32) Nanso wunnye nni sɛ, sɛ obi nya adwene a ɛte saa a, na nea ɔreka ara ne sɛ, yewu a na asa? Ɛwom ara na sɛ biribi a yɛnhwɛ kwan to yɛn a, yetumi bisa yɛn ho sɛ, ‘Enti sei ara na asetena bewie yɛn?’ Ɛhe na yebenya asɛm yi ho mmuae?

Nnipa pii gye di sɛ nyansahufo betumi aboa yɛn. Nkɔanim a yɛanya wɔ nyansahu ne aduruyɛ mu ama yetumi tena ase kyɛ kakra. Na nyansahufo bi mpo rebɔ mmɔden sɛ yebenya nkwatenten asen saa. Nanso nea nyansahufo betumi ayɛ biara no, yɛbɛkɔ so ara abisa sɛ: Adɛn nti na yenyinyin na yewuwu? Enti bere bi bɛba a yebedi yɛn tamfo owu so nkonim? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ nsɛm a edidi so no mu. Na yebebua asɛm a ɛne sɛ, Enti sei ara na asetena bewie yɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena