Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase August 26, 2013 mu. Wɔde da a yebesusuw asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.
1. Asuade titiriw bɛn na yebetumi anya afi ayeyi ne anuonyam a na ɛsɛ sɛ wɔde ma Onyankopɔn a Ɔhene Herode gyee no mu? (Aso. 12:21-23) [July 1, w08 5/15 kr. 32 nky. 7]
2. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa betumi ahwehwɛ Timoteo nhwɛso no mu asua na wɔanya so mfaso? (Aso. 16:1, 2) [July 8, w08 5/15 kr. 32 nky. 10]
3. Bere a Akwila ne Priskila tee sɛnea Apolo “de akokoduru kasae” wɔ hyiadan a na ɛwɔ Efeso no mu no, dɛn na wofii ɔdɔ mu yɛ de boaa no? (Aso. 18:24-26) [July 15, w10 6/15 kr. 11 nky. 4]
4. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na Yehowa Adansefo gyina so yi wɔn ho ano wɔ ɔman no asɛnnibea, na wɔabɔ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔka asɛmpa no ho ban? (Aso. 25:10-12) [July 22, bt kr. 198 nky. 6]
5. Ɔkwan bɛn so na Paulo kɔɔ so dii adanse bere mpo a na ɔda afiase wɔ Roma, na dɛn na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ de suasua ne nhwɛso no? (Aso. 28:17, 23, 30, 31) [July 29, bt nkr. 215-217 nky. 19-23]
6. Dɛn nti na Bible no ka nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔda no ho asɛm sɛ ɛnyɛ ne kwan so de, na ɛyɛ adapaade? (Rom. 1:26, 27) [Aug. 5, g 4/12 kr. 28 nky. 8; (g-E 1/12 kr. 28 nky. 7)]
7. Ɛbɛyɛ dɛn na “Kristo Yesu agyede no” a wotuae wɔ afe 33 Y.B. no betumi apata “bɔne a wɔayɛ atwam” ansa na wɔretua agyede no? (Rom. 3:24, 25) [Aug. 5, w08 6/15 kr. 29 nky. 6]
8. Sɛ yehyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den paa na yenhu nea yɛnka wɔ yɛn mpaebɔ mu a, nsiesiei a ɔdɔ wom bɛn na Yehowa ayɛ ama yɛn? (Rom. 8:26, 27) [Aug. 12, w08 6/15 kr. 30 nky. 10]
9. Dɛn na afotu a ɛka sɛ “momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho” no kyerɛ? (Rom. 12:13) [Aug. 19, w09 10/15 nkr. 5-6 nky. 12-13]
10. Yɛyɛ dɛn ‘hyɛ Awurade Yesu Kristo’ sɛnea ɔsomafo Paulo tu yɛn fo no? (Rom. 13:14) [Aug. 26, w05 1/1 kr. 11-12 nky. 20-22]